Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu

Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu

Sɛ sɛnea yɛte nka wɔ biribi ho ne sɛnea afoforo te nka wɔ ho nko ara na yɛhwɛ ho de sisi gyinae wɔ abrabɔ mu a, biribiara nkyerɛ sɛ ɛbɛkɔ yiye. Bible ma yehu nea enti a saa asɛm no yɛ nokware. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Sɛ yɛrepɛ akwankyerɛ a edi mu a yɛde bɛbɔ bra ama yɛn ani agye na asi yɛn yiye daakye a, Bible mu na ɛwɔ.

AKWANKYERƐ A YEHIA

Yehowa a Nyankopɔn aka wɔ Bible mu sɛ, wammɔ nnipa sɛ yɛn ara yɛnkyerɛ yɛn ho kwan, na mmom ɔpɛ sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi ne hɔ. (Yeremia 10:23) Ɛno nti na wama yɛn akwankyerɛ wɔ Bible mu sɛ yɛmfa mmɔ yɛn bra no. Ɔdɔ nnipa, enti ɔmpɛ sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho de yɛn ti apempem bere a yɛresisi gyinae akɛse wɔ yɛn abrabɔ mu, na ankɔfa ɔhaw ammrɛ yɛn daakye. (Deuteronomium 5:29; 1 Yohane 4:8) Anigyesɛm ne sɛ, ɔno na ɔbɔɔ yɛn, enti obiara nni hɔ a ɔwɔ nyansa ne nimdeɛ a obetumi de atu yɛn fo wɔ papa ne bɔne ho ama asi yɛn yiye te sɛ ɔno. (Dwom 100:3; 104:24) Nanso, Onyankopɔn nhyɛ nnipa da sɛ yɛmfa n’akwankyerɛ mmɔ yɛn bra.

Bere a Yehowa bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wɔdi kan, Adam ne Hawa no, ɔmaa wɔn biribiara a wɔhia na ama wɔn ani agye. (Genesis 1:​28, 29; 2:​8, 15) Ɔsan maa wɔn akwankyerɛ bi a ɛnyɛ den, na na ɔpɛ sɛ wɔdi so. Nanso wanhyɛ wɔn sɛ wɔnni so; ogyaw maa wɔn. (Genesis 2:​9, 16, 17) Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa amfa Onyankopɔn akwankyerɛ anyɛ adwuma; wɔyɛɛ nea wɔn ara wɔpɛ. (Genesis 3:6) Dɛn na afi mu aba? Efi bere a nnipa yɛɛ nea yɛn ara yɛpɛ besi nnɛ no, asi yɛn yiye anaa? Daabi. Nea akɔ so fi tete no ma yehu sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ to nkyɛn a, asomdwoe a edi mu ne anigye mapa de, yɛrennya bi da.—Ɔsɛnkafo 8:9.

Ɛmfa ho baabi a yɛte anaa yefi no, Bible ma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛma yɛatumi asisi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae pa. (2 Timoteo 3:​16, 17; hwɛ adaka a yɛato din “ Nhoma a Wɔyɛ Maa Obiara.”) Yɛnhwɛ sɛnea Bible ma yɛn saa akwankyerɛ no.

Hwɛ nea enti a yebetumi aka paa sɛ, Bible yɛ “Onyankopɔn asɛm.”—1 Tesalonikafo 2:13. Hwɛ video a yɛato din Hena Ne Bible no Kyerɛwfo? wɔ jw.org.

SƐNEA BIBLE MA YEHU ONYANKOPƆN AKWANKYERƐ

Nneɛma a akɔ so wɔ Yehowa ne nnipa ntam fi teteete no, wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ wɔ Bible no mu. Nsɛm a ɛwɔ mu no ma yehu nneɛma a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ papa na mfaso wɔ so, ne nneɛma a obu no sɛ ɛyɛ bɔne a ebetumi apira yɛn. (Dwom 19:​7, 11) Yesua Bible a, yenya afotu pa a entwam da. Saa afotu no betumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa wɔ yɛn abrabɔ mu.

Wo de, yɛmfa afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 13:20 no nyɛ nhwɛso. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.” Ɛnnɛ yi nyinaa, saa asɛm no yɛ nokware. Afotu pa a mfaso wɔ so sei ahyɛ Bible mu ma.—Hwɛ adaka a yɛato din “ Bible Afotu—Entwam Da.”

Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Papa ne bɔne ho akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ mede yɛ adwuma nnɛ a ɛbɛboa me?’ Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛnea ebinom de Bible akwankyerɛ ayɛ adwuma ama aboa wɔn.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.