Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Papa Ne Bɔne: Akwankyerɛ a Wode Yɛ Adwuma a Ɛyɛ Yiye

Papa Ne Bɔne: Akwankyerɛ a Wode Yɛ Adwuma a Ɛyɛ Yiye

Yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a yɛyɛ wɔ abrabɔ mu. Nnipa mpempem de Bible akwankyerɛ ayɛ adwuma wɔ saa nneɛma yi mu ama asi wɔn yiye.

1. Aware

Ɛba aware ne nea ɛbɛma yɛn ani agye wɔ aware mu a, ɛsono obiara ne n’adwene.

BIBLE KA SƐ: “Mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”—Efesofo 5:33.

NEA ƐKYERƐ: Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware, enti ɔno na obetumi akyerɛ nea awarefo yɛ a ɛbɛma wɔn ani agye. (Marko 10:​6-9) Sɛ aware bɛsɔ a, ɛsɛ sɛ awarefo no biara de n’adwene si nea obetumi ayɛ ama ne yɔnko so, na ɛnyɛ nea obenya afi ne yɔnko hɔ. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no, ɔyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ odwen ne ho, na ɔhwɛ no yiye. Ɔbaa a obu ne kunu nso, ɔne no kasa wɔ obu so, na ɔde ne nneyɛe kyerɛ sɛ obu no.

BIBLE AKWANKYERƐ YƐ ADWUMA: Quang ne ne yere Thi yɛ awarefo a wɔfi Vietnam. Ná wɔn aware no nkɔ yiye, enti na wɔn ani nnye. Ná Quang ne ne yere nni no yiye. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea na Thi te nka no, na ɛmfa me ho, na na metaa gu n’anim ase.” Ná Thi pɛ sɛ ogyaa aware. Thi kaa sɛ: “Eduu baabi no, na gyidi a mewɔ wɔ me kunu mu, ne obu a mewɔ ma no nyinaa asa.”

Akyiri yi, Quang ne Thi behuu nea Bible kyerɛkyerɛ, ɛne sɛnea wɔde Efesofo 5:33 bɛyɛ adwuma wɔ wɔn aware mu. Quang kaa sɛ: “Saa kyerɛwsɛm no ma mibehuu sɛ ehia sɛ meda ayamye adi kyerɛ Thi, na mema ohu sɛ medɔ no. Afei nso, na ɛsɛ sɛ mehwɛ no ma onya honam fam nneɛma a ohia, na mema n’ani gye. Sɛ meyɛ saa a, ɛma ɔdɔ me, na obu me nso.” Thi nso kaa sɛ, “Bere a mekɔɔ so de Efesofo 5:33 yɛɛ adwuma na mekyerɛɛ sɛ mibu me kunu no, ɛma ɔdɔɔ me kɛse, metee nka sɛ mewɔ ahobammɔ, na m’asom dwoo me.”

Sɛ wopɛ aware ho nsɛm pii a, kenkan Nyan! No. 2 2018 a n’asɛmti ne, “Nneɛma 12 a Ama Asi Mmusua Bi Yiye.” Ɛwɔ jw.org.

2. Sɛnea Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ Afoforo

Nkurɔfo taa gyina nneɛma bi so di nnipa ani. Ebi ne ɔman a obi fi mu, sɛnea ɔte, ɔsom a ɔwom, sɛ́ ɔyɛ tuntum anaa kɔkɔɔ, sɛ́ ɔyɛ ɔbarima a ɔne ɔbarima da, ɔbea a ɔne ɔbea da, ne nea ɛkeka ho.

BIBLE KA SƐ: “Munni nnipa nyinaa ni.”—1 Petro 2:17.

NEA ƐKYERƐ: Bible mfoa so sɛ yɛbɛtan obi esiane sɛ ɔyɛ tuntum anaa kɔkɔɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔne ɔbarima da, anaa ofi ɔman foforo so nti. Mmom no, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ obi honam ani te sɛn oo, ofi he oo, ɔyɛ osikani oo, ohiani oo, yemmu no. (Asomafo Nnwuma 10:34) Sɛ nea obi gye di anaa sɛnea ɔyɛ n’ade no, yɛne no nyɛ adwene mpo a, yebetumi ada obu ne ayamye adi akyerɛ no.—Mateo 7:12.

BIBLE AKWANKYERƐ YƐ ADWUMA: Daniel mmofraase pɛɛ na wɔkyerɛɛ no sɛ, obi a ofi Asia biara yɛ ne tamfo. Enti na ɔtan obiara a ofi Asia, na sɛ ohyia wɔn wɔ abɔnten a, na ɔtaa didi wɔn atɛm. Daniel kaa sɛ, “Ná meka kyerɛ me ho sɛ, ‘medɔ me man ntia.’ Amma me tirim da mpo sɛ adwene a mewɔ wɔ wɔn ho anaa nea mede yɛ wɔn no yɛ bɔne.”

Akyiri yi, Daniel behuu nea Bible kyerɛkyerɛ. Ɔkaa sɛ: “Adwene a na mewɔ no, na ɛsɛ sɛ mesesa no koraa. Ná ɛsɛ sɛ mihu nnipa sɛnea Onyankopɔn hu wɔn no. Onyankopɔn ani so de, sɛ yefi he oo, yefi he oo, yɛyɛ nnipa baako.” Seesei adwene a Daniel wɔ wɔ nnipa ho no, ɔka ho asɛm sɛ: “Baabi a obi fi mpo de, ɛntaa mma m’adwene mu. Seesei medɔ nnipa nyinaa, na mewɔ nnamfo pa wɔ wiase nyinaa.”

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan Nyan! No. 3 2020 a n’asɛmti ne, “Ɔtanhunu​ —Ano Aduru Wɔ Hɔ?” Ɛwɔ jw.org.

3. Sika

Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ asikafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye na asi wɔn yiye daakye.

BIBLE KA SƐ: “Nyansa bɔ onipa ho ban sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no. Nanso nimdeɛ so mfaso ni: Nyansa kora ne wura nkwa so.”—Ɔsɛnkafo 7:12.

NEA ƐKYERƐ: Yehia sika, nanso ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma yɛn ani agye anaa asi yɛn yiye daakye. (Mmebusɛm 18:11; 23:​4, 5) Mmom sɛ yɛde afotusɛm a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ Bible mu no bɔ yɛn bra a, ɛno na ɛbɛma yɛanya anigye ankasa ne daakye papa.—1 Timoteo 6:​17-19.

BIBLE AKWANKYERƐ YƐ ADWUMA: Ɔbarima bi a ɔwɔ Indonesia a wɔfrɛ no Cardo de sii n’ani so sɛ obenya sika pii. Ɔkaa sɛ, “Nneɛma a nkurɔfo sõ ho dae no, na mewɔ ne nyinaa. Ná mitumi tutu akwan, totɔ nneɛma a ne bo yɛ den, ɛne kar ne afie aboɔden.” Nanso saa ahonyade no ankyɛ. Cardo toaa so sɛ: “Obi buu me faa so wiaa sika a mede mfe pii abiri me mogya ani apɛ agu hɔ no. Mekataa m’ani tewee no, na sika no nyinaa kɔ. Esiane sɛ na mepɛ sɛ meyɛ osikani nti, mede m’ahoɔden nyinaa yɛɛ adwuma, nanso ewiee ase no, na mete nka sɛ me nsa asi fam, mensɛ hwee. Wei maa m’aba mu bui paa.”

Cardo fii ase de Bible afotu a ɛfa sika ho no yɛɛ adwuma. Seesei ɔmfa n’ahoɔden nyinaa mpɛ sika bio. Mmom ɔbɔ mmɔden sɛ ɔrenyɛ akɛsesɛm. Ɔkaa sɛ: “Sɛ yɛne Onyankopɔn fa adamfo a, ɛno ne ahonyade a ɛtena hɔ kyɛ paa. Edu anadwo a, mitumi da yiye, na mitumi hu sɛ mewɔ anigye ankasa.”

Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa sika ho a, kenkan asɛm a yɛato din, “Sɛ Wusua Nhoma Kɔ Akyiri Anaa Wunya Sika a, Ɛno Na Ɛbɛma Asi Wo Yiye Anaa?” Ɛwɔ Ɔwɛn-Aban No. 3 2021 no mu wɔ jw.org.

4. Ɔbarima Ne Ɔbea Nna

Ɛba ɔbarima ne ɔbea nna a, obiara ne nea n’adwene kyerɛ no sɛ eye.

BIBLE KA SƐ: “[Montwe mo ho mfi] aguamammɔ ho. Ɛsɛ sɛ mo mu biara hu sɛnea ɔbɛhyɛ n’ankasa nipadua so wɔ ahotew ne nidi mu, na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ adifudepɛ na ogyaa ne ho ma nna ho akɔnnɔ bɔne sɛnea aman a wonnim Onyankopɔn yɛ no.”—1 Tesalonikafo 4:​3-5.

NEA ƐKYERƐ: Bible ma yehu sɛ, nna ho akɔnnɔ ba yɛn mu a, ɛnyɛ sɛ nea ɛbɛba yɛn tirim biara na yɛreyɛ. Bible ka “aguamammɔ” a, nea ɛka ho bi ne awaresɛe, tuutuusi, ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree a wɔda, mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, ɛne nnipa a wɔne mmoa da. (1 Korintofo 6:​9, 10) Ɔbarima ne ɔbea nna yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ okunu ne ɔyere nko ara.—Mmebusɛm 5:​18, 19.

BIBLE AKWANKYERƐ YƐ ADWUMA: Ɔbea bi a ɔwɔ Australia a yɛfrɛ no Kylie kaa sɛ: “Bere a na meyɛ sigyani no, na m’adwene yɛ me sɛ, sɛ me ne obi da a, ɛbɛma mate nka sɛ ɔdɔ me, na me koma bɛtɔ me yam. Nanso ɛnyɛ saa koraa na ɛbae. Me koma antɔ me yam; awerɛhow mmom na midii.”

Akyiri yi, Kylie behuu nea Bible ka fa ɔbarima ne ɔbea nna ho, na ɔde yɛɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ama yɛn akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ. Seesei meyɛ nea Yehowa pɛ, enti ɛma mete nka sɛ ɔdɔ me, na me koma tɔ me yam. Bible akwankyerɛ a mede yɛ adwuma nti, seesei m’asom dwo me paa!”

Wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?” Ɛwɔ jw.org.

Ɔbɔadeɛ no boa yɛn ma yehu nea ɛyɛ papa ne bɔne. Papa ne bɔne ho akwankyerɛ a ɔde ama yɛn no, ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yebedi so, nanso sɛ yedi so a ɛboa yɛn. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛanya anigye daa.