Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe Na Wubenya Akwankyerɛ a Edi Mu?

Ɛhe Na Wubenya Akwankyerɛ a Edi Mu?

Wiase a yɛte mu yi, ɛnkyɛ na nneɛma asesa. Enti wobɛyɛ dɛn asisi gyinae a ɛbɛma w’ani agye daakye? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ nea ɛnnɛ nkurɔfo ka sɛ ɛyɛ papa no, ɔkyena wɔrenka sɛ ɛyɛ bɔne?

Bible betumi aboa wo ama woasisi gyinae a worennu wo ho da. Adɛn ntia? Efisɛ Bible fi Ɔbɔadeɛ no hɔ, na ɔno na onim nea ɛbɛma yɛn ani agye na yɛn koma atɔ yɛn yam.

“Waka nea eye akyerɛ wo.”—Mika 6:8.

Afotu pa a ɛwɔ Bible mu no, yebetumi de yɛn ho ato so. “Enni huammɔ da.”—Dwom 111:8.

Sɛnea Bible betumi aboa wo wɔ wiase a ɛredi adaneadane yi mu no, adɛn na wunsua ho ade?