Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Papa Ne Bɔne: Hena Akwankyerɛ Na Wopɛ?

Papa Ne Bɔne: Hena Akwankyerɛ Na Wopɛ?

Papa ne bɔne ho akwankyerɛ a yɛde bɛbɔ yɛn bra no na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛn abrabɔ bewie yɛn. Yehowa Nyankopɔn nim saa. Ɛno nti na ɔpɛ sɛ yɛde n’akwankyerɛ bɔ yɛn bra no.

Yehowa pɛ sɛ yɛn asom dwo yɛn na yɛn ani gye wɔ abrabɔ mu.

“Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye, nea ɔkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no. Sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:​17, 18.

Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn, enti ɔno na onim sɛnea yɛbɔ yɛn bra a, ebesi yɛn yiye. Yɛn ara yɛn yiyeyɛ nti, ɔpɛ sɛ yɛde n’akwankyerɛ yɛ adwuma. Sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, yɛrensuro akyi, efisɛ gyinae a yebesi biara bɛyɛ gyinae pa, na ɛbɛma yɛn asom adwo yɛn, na yɛn ani agye.

Yehowa remma yɛnyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so.

“Mmara a mede rema wo nnɛ yi nyɛ den dodo mma wo, na enni akyiri dodo mma wo.”—Deuteronomium 30:11.

Papa ne bɔne ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, ebia ebehia sɛ yɛsesa adwene a yekura wɔ nneɛma bi ho, ɛne sɛnea yɛyɛ yɛn ade. Nanso, nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no, ɛmmoro yɛn ahoɔden so. Ade yi, ɔno na ɔbɔɔ yɛn, enti onim nea yebetumi ayɛ ne nea yɛrentumi nyɛ. Yehu Yehowa yiye a, yebehu sɛ “n’ahyɛde nyɛ adesoa.”—1 Yohane 5:3.

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔde n’akwankyerɛ bɔ wɔn bra no, ɔbɛboa wɔn.

“Me, Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu. Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’”—Yesaia 41:13.

Papa ne bɔne ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no, yebetumi de ayɛ adwuma efisɛ wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛadi so. N’Asɛm Bible a ɛma nkuranhyɛ ne anidaso no, obetumi de aboa yɛn.

Nnipa mpempem a wɔwɔ wiase baabiara ahu sɛ, Bible akwankyerɛ a wɔde ayɛ adwuma no ama wɔn abrabɔ akɔ yiye. Afotu pa a ɛwɔ Bible mu no, adɛn na wunsua ho ade? Nhoma a wubetumi de afi ase ne nhoma a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! Yɛde sua Bible, na wubenya bi wɔ jw.org so a wuntua hwee. Nsɛm a ɛwom no bi ni:

  • Sɛn Na Bible Betumi Aboa Wo?

  • Bible Ma Yenya Anidaso

  • So Wubetumi Agye Bible Mu Nsɛm Adi?

Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm Bible no a, wubehu sɛ emu nsɛm ntwaam, na “enni huammɔ da.” (Dwom 111:8) Akwankyerɛ biara nni hɔ a yɛde bɔ yɛn bra a, ebesi yɛn yiye te sɛ nea ɛwɔ Bible mu no. Nanso Onyankopɔn nhyɛ obiara sɛ onni so. (Deuteronomium 30:​19, 20; Yosua 24:15) Wagyaw ama obiara sɛ ɔnkyerɛ nea ɔpɛ.