Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆWƐN-ABAN No. 1 2024 | Papa Ne Bɔne​—Akwankyerɛ a Wubetumi De Wo Ho Ato So

Dɛn na ɛma wuhu sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne? Sɛnea nnipa pii te nka ne nneɛma a wɔgye di na wɔgyina so ka sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne. Ebinom nso, sɛnea afoforo adwene yɛ wɔn wɔ biribi ho na wɔhwɛ ho si gyinae. Wo nso ɛ? Dɛn na ɛboa wo ma wuhu sɛ wei yɛ papa na wei yɛ bɔne? Dɛn na ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae a ɛbɛma asi wo ne w’abusua yiye daakye?

 

Papa Ne Bɔne: Ɛsɛ Sɛ Obiara Si Ho Gyinae

Sɛ wopɛ sɛ wusi papa ne bɔne ho gyinae a, dɛn na wobɛma akyerɛ wo kwan?

Papa Ne Bɔne: Nea Ebinom Hwɛ Ho Si Gyinae

Yebetumi ahwɛ sɛnea yɛte nka ne sɛnea afoforo te nka ho asisi papa ne bɔne ho gyinae. Nanso, ɔkwampa bi wɔ hɔ a yebetumi afa so asisi papa ne bɔne ho gyinae anaa?

Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu

Papa ne bɔne ho akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ wode yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo paa?

Papa Ne Bɔne: Akwankyerɛ a Wode Yɛ Adwuma a Ɛyɛ Yiye

Hwɛ nneɛma nnan bi a yɛyɛ wɔ abrabɔ mu. Nnipa mpempem de Bible akwankyerɛ ayɛ adwuma wɔ saa nneɛma yi mu ama asi wɔn yiye.

Ɛhe Na Wubenya Akwankyerɛ a Edi Mu?

Bible betumi aboa wo ama woasisi gyinae a worennu wo ho da.