Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Mpaebɔ Ho Hia?

Mpaebɔ Ho Hia?

Wubetumi anya adwene sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn nim me ho biribiara, onim m’adwene ne nea mihia nyinaa a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho bɔ mpae?’ Sɛ obi bisa saa asɛm no a, ɛnyɛ nwonwa, efisɛ Yesu mpo kae sɛ Onyankopɔn “nim nneɛma a ehia mo koraa ansa na moabisa no.” (Mateo 6:8) Ɔhene Dawid a odii tete Israel so no huu saa, na ɔkyerɛwee sɛ: “Asɛm no nni me tɛkrɛma so, nanso wo, Yehowa, wunim ne nyinaa dedaw.” (Dwom 139:4) Saa de a, adɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae? Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛanya asɛm yi ho mmuae no, momma yɛnhwɛ nea Bible ka fa Onyankopɔn asomfo mpaebɔ ho. *

“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8

 MPAEBƆ MA YƐBƐN ONYANKOPƆN

Bible ma yehu sɛ Yehowa * Nyankopɔn nim biribiara, nanso ɛnyɛ nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde n’asomfo ho nsɛm begu ne tirim kɛkɛ. (Dwom 139:6; Romafo 11:33) Ɔnte sɛ kɔmputa a yetumi de nkurɔfo ho nsɛm gu so nanso enni atenka biara mma wɔn no. Onyankopɔn de, nea ɛwɔ yɛn komam hia no paa, efisɛ ɔpɛ sɛ yɛbɛn no. (Dwom 139:23, 24; Yakobo 4:8) Ɛno nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ Onyankopɔn nim nea wohia de, nanso ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. (Mateo 6:6-8) Sɛ yɛtaa ka yɛn asɛm kyerɛ yɛn Bɔfo no a, ɛbɛma yɛabɛn no paa.

Ɛtɔ da bi a na yenhu nea yɛnka mpo wɔ yɛn mpaebɔ mu. Ɛba saa a, Onyankopɔn tumi hu nea ɛrehaw yɛn a yentumi nka ho asɛm no, na esiane sɛ onim yɛn ho biribiara nti, otumi di yɛn haw no ho dwuma ma yɛn. (Romafo 8:26, 27; Efesofo 3:20) Onyankopɔn tumi twitwa gye yɛn wɔ ɔkwan bi so a yenhu. Nanso sɛ akyiri yi yɛn adwene ba so a, ɛma yɛbɛn no.

MPAEBƆ NYINAA NA ONYANKOPƆN TIE ANAA?

Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn tie n’anokwafo mpaebɔ. Nanso, ɛsan ma yehu sɛ ebinom mpaebɔ de, ontie, na ɛkyerɛ yɛn nea enti a ontie. Mmere bi, na bɔne dɔɔso wɔ tete Israel, enti Onyankopɔn somaa odiyifo Yesaia ma ɔkɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mo mpae dodow no nyinaa mintie, efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.” (Yesaia 1:15) Eyi kyerɛ sɛ, wɔn a wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee anaa wɔmfa adwempa mmɔ mpae no, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn betie wɔn mpaebɔ.—Mmebusɛm 28:9; Yakobo 4:3.

Nanso Bible ka sɛ: “Biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Saa asɛm yi, nea ɛkyerɛ ne sɛ Onyankopɔn asomfo bisa ne hɔ biribiara a, ɛhɔ ara na ɔde ama wɔn anaa? Ɛnyɛ saa na ɛte. Yɛmfa ɔsomafo Paulo nyɛ nhwɛso. Ɔsrɛɛ Onyankopɔn mprɛnsa sɛ onyi “ɔhonam mu nsɔe” bi mfi ne so. (2 Korintofo 12:7, 8) Ebetumi aba sɛ na Paulo wɔ ani yare koankorɔ bi. Ɛbɛyɛ sɛ ɛtenaa n’anigye so paa. Ná Paulo wɔ ɔdom akyɛde a otumi de sa yare, na bere bi mpo onyanee obi a wawu, nanso ɔno ara ne yare no de, amfi ne so. (Asomafo Nnwuma 19:11, 12; 20:9, 10) Ɛwom, Paulo annya nea na ɔhwɛ kwan no, nanso n’ani sɔɔ mmuae a Onyankopɔn de maa no no.—2 Korintofo 12:9, 10.

“Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”—1 Yohane 5:14

Bible ka sɛ ebinom nyaa wɔn mpaebɔ ho mmuae anwonwakwan so. (2 Ahene 20:1-7) Nanso saa bere no mpo na ɛntaa nsi. Onyankopɔn asomfo binom mpo nyaa adwene sɛ Onyankopɔn antie wɔn mpaebɔ, enti wodii ho yaw. Ɔhene Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ: “O Yehowa, wo werɛ befi me akosi da bɛn? Afebɔɔ anaa?” (Dwom 13:1) Nanso bere a ɔbarima nokwafo Dawid kaee sɛ Yehowa ayɛ bi ama no paa no, ne nsɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ na ogye Onyankopɔn di paa. Saa mpaebɔ no ara mu no, Dawid de kaa ho sɛ: “Me de, w’adɔe so na mede me ho ato.” (Dwom 13:5) Sɛnea Dawid yɛe no, ɛnnɛ, sɛ biribi hia Onyankopɔn asomfo a, ebia ɛho behia sɛ wɔkɔ so bɔ mpae ara kosi sɛ wobehu biribi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn atie wɔn mpaebɔ.—Romafo 12:12.

 SƐNEA ONYANKOPƆN TIE YƐN MPAEBƆ

Onyankopɔn de nea yehia ma yɛn.

Awofo a wodwen wɔn mma ho no, sɛ wɔn mma bisa biribi fi wɔn hɔ a, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔde ma wɔn, na sɛ wɔde bɛma wɔn mpo a, ebia ɛnyɛ hɔ ara. Yɛn nso, sɛ yɛde abisade to Onyankopɔn anim a, ebia ɛnyɛ sɛnea yɛpɛ dekode no anaa bere a yɛpɛ na ɔbɛma yɛn ho mmuae. Nanso ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ yɛn Bɔfo no te sɛ agya a ɔdɔ ne mma, enti onim ɔkwampa a ɔbɛfa so de nea yehia ama yɛn wɔ bere pa mu.—Luka 11:11-13.

Yebetumi anya yɛn mpaebɔ ho mmuae wɔ Bible mu

Yetumi nya yɛn mpaebɔ ho mmuae a yɛn adwene nkɔ so.

Sɛ yɛkɔ ɔhaw bi mu na sɛ yɛbɔ ho mpae hwehwɛ ano aduru a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? Sɛ Yehowa amfa anwonwakwan so ammua yɛn mpaebɔ no a, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ wantie yɛn koraa? Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛtena ase hwehwɛ yɛn asetena mu hwɛ sɛ ebia Onyankopɔn afa kwan bi so aboa yɛn a yɛanhu anaa. Ebia bere a wuhia mmoa paa no, sɛ woanhyia w’adamfo bi a odwen wo ho saa bere no a, anka enye. (Mmebusɛm 17:17) Wunnye nni sɛ ebetumi aba sɛ Yehowa na ɔmaa w’adamfo no betwitwa gyee wo? Bio nso, wubetumi anya wo mpaebɔ no ho mmuae wɔ Bible mu. Yɛkenkan Bible a, yebetumi ahu biribi wom a ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina yɛn haw no ano.—2 Timoteo 3:16, 17.

Onyankopɔn betumi ama ɔyɔnko berɛbo bi abɛboa yɛn wɔ bere ɛsɛ mu

Sɛ obi som Onyankopɔn a, ɛno nkyerɛ sɛ sɛ ɔwɔ haw bi a, Onyankopɔn beyi afi ne so. Mpɛn pii no, ɔma onii no ahoɔden a ohia na ama watumi agyina ano. (2 Korintofo 4:7) Ma yɛmfa Yesu nyɛ nhwɛso. Bere bi, ɔsrɛɛ n’Agya sɛ onyi ɔhaw bi mfi ne so. Ɛyɛ ɔhaw a na ebetumi agu Onyankopɔn din ho fĩ. Yesu bɔɔ mpae wiei no, Yehowa somaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔhyɛɛ ne Ba no den. (Luka 22:42, 43) Yɛn nso, sɛ yɛkɔ ɔhaw bi mu a, Onyankopɔn betumi ama ɔyɔnko berɛbo bi abɛhyɛ yɛn den. (Mmebusɛm 12:25) Ɛba saa a, anhwɛ a yɛrenhu sɛ ɛno ne yɛn mpaebɔ no ho mmuae. Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to fam na ama yɛahu sɛnea Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ.

Mpae bi wɔ hɔ a, Onyankopɔn tumi twentwɛn mmuae no so kakra.

Bible ka sɛ “bere a ɛsɛ mu” na ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn hu ahobrɛasefo mmɔbɔ. (1 Petro 5:6) Enti sɛ yefi komam bɔ mpae na ɛkɔyɛ te sɛ nea yennya yɛn adesrɛ no ho mmuae a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnwen yɛn ho. Mmom no, Ɔbɔadeɛ no nyansa a emu dɔ nti, nea ɔyɛ ne sɛ, yɛde adesrɛ bi to n’anim a, ɔsẽsẽ hwɛ nea ɛbɛboa yɛn paa ansa na ɔbɛyɛ ho biribi a wayɛ.

“Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu.”—1 Petro 5:6

Mfatoho bi ni: Fa no sɛ wo babarima aka akyerɛ wo sɛ tɔ sakre ma no. Ɔka saa pɛ, wobɛtɔ ama no anaa? Sɛ wo ba no nnyinii sɛ ɔbɛka sakre a, ebia wobɛtwɛn kakra. Nanso akyiri yi, wuhu sɛ ɛbɛboa no a, ebia wobɛtɔ ama no. Onyankopɔn nso, sɛ yɛkɔ so bɔ biribi ho mpae na sɛ asɛm biara nni ho a, bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛma yɛn “nea [yɛn] koma pɛ.”—Dwom 37:4.

NYA AWERƐHYEM SƐ YEHOWA TIE MPAEBƆ

Bible tu nokware Kristofo fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mpaebɔ di agoru koraa. Ebia obi bɛka sɛ, ‘Ne ka de, ɛnyɛ den oo, na ne yɛ.’ Ampa-ne-ampa ara sɛ wokɔ tebea a ɛyɛ den mu anaa obi de asɛm bi a  ntease nnim redi wo a, wo yam a, anka Onyankopɔn atie wo mpaebɔ. Nanso, yɛnkae sɛ Yesu kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ da.

Yesu de ɔbea kunafo hiani bi yɛɛ mfatoho. Okunafo no haw ɔtemmufo bi a ommu atɛntrenee sɛ onni n’asɛm mma no. (Luka 18:1-3) Ahyɛase no, na ɔtemmufo no mpɛ sɛ ɔboa ɔbea no, nanso afei ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: “Mɛhwɛ ma wanya atɛntrenee, na wamma ammeguan me ho koraa.” (Luka 18:4, 5) Sɛ wohwɛ kasa a wodii kan de kyerɛw saa asɛm no a, wubehu sɛ ɔtemmufo no kaa sɛ wantie ɔbea no a, anhwɛ a ɔbea no ‘bɛbobɔ n’ani so’ anaa ‘ɔbɛsɛe ne din.’ * Sɛ ɔtemmufo a ommu atɛntrenee mpo suro sɛ ne din bɛsɛe ma enti ɔboaa okunafo hiani a, ɛnde Onyankopɔn a odwen yɛn ho no nso ɛ? Ɔremmu atɛntrenee mma wɔn a “wɔteɛm frɛ no awia ne anadwo no” anaa? Yesu kaa sɛ Onyankopɔn bebu “atɛntrenee ama wɔn ntɛm so.”—Luka 18:6-8.

“Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo.”—Luka 11:9

Sɛ yɛbɔ biribi ho mpae ara na sɛ yennyaa ho mmuae a, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn werɛ ahyɛ Onyankopɔn mu. Afei nso ɛma yɛde yɛn ani to fam hu sɛnea Onyankopɔn abua yɛn mpaebɔ, na ɛno ma yɛbɛn no kɛse. Enti sɛ yɛkɔ so de gyidi bɔ mpae a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa betie mpae a yɛbɔ de bisa yɛn ahiade no.—Luka 11:9.

^ nky. 3 Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam yɛ nea ɔpɛ. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya yɛn mpaebɔ ho mmuae. Nsɛm a edi so yi bɛkyerɛkyerɛ eyi mu. Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 17. Yehowa Adansefo na wotintimii. Wubetumi nso akɔ www.pr418.com.

^ nky. 5 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

^ nky. 22 Bible ma yehu sɛ Israel atemmufo no, na Onyankopɔn pɛ sɛ wodi akunafo ne nyisaa asɛm ma wɔn.—Deuteronomium 1:16, 17; 24:17; Dwom 68:5.