Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

Wɔde Bible Yii Me Nsɛmmisa Nyinaa Ano!

Wɔde Bible Yii Me Nsɛmmisa Nyinaa Ano!
  • AFE A WƆWOO NO: 1950

  • ƆMAN A OFI MU: SPAIN

  • TEBEA A NA ƆWOM: ROMAN SISTA

ME KAN ASETENA:

Wɔwoo me wɔ akuraa bi ase wɔ Galicia, Spain atifi fam. Saa bere no, na m’awofo wɔ afuw ketewa bi wɔ akuraa no ase. M’awofo woo mmofra baawɔtwe, na na metɔ so anan. Ná yɛn fie yɛ dɛ paa. Saa bere no, na Spainfo taa ma wɔn ba biako anaa baanu kɔ asɔfodi sukuu. Yɛn abusua mu no, meka ho a, nnipa baasa na ɛkɔɔ saa sukuu no bi.

Midii mfe 13 no, mekɔkaa me nuabea panyin ho wɔ asɔfodi sukuu bi mu wɔ Madrid. Ná obiara mfa obiara ho wɔ sukuu hɔ. Afei na ɛhɔ yɛ mmara mmara dodo; nea wonim ara ne sɛ yɛmmɔ mpae. Anɔpatutuutu, na wɔaka yɛn agu asɔredan mu sɛ yɛnkɔdwennwene; ebi wɔ hɔ a minhu nea mennwene ho. Afei nso na wɔma yɛto dwom bɔ Mass wɔ Latin mu. Me de, na minhu nea ɛrekɔ so koraa. Ná minhu Onyankopɔn sɛ obi a metumi abɛn no. Bere a mewɔ sukuu hɔ no, nkɔmmɔ a ɛde nkɔmmɔ koraa, na minnya bi mmɔ. Me ara me nua no mpo, me ne no hyia a, yekyia “Maria kronkron” na yɛatwam. Sɛ Roman sistafo no bɛma yɛn kwan ama yɛabɔ nkɔmmɔ a, gye sɛ yɛadidi awie. Ɛno mpo, wɔama yɛn ara ne simma aduasa. Mehwɛ sɛnea nneɛma rekɔ, na mekae sɛnea na fie te no a, na m’ani nka; enti ɛreyɛ ara ni na maso sũ mu.

Onyankopɔn a na meresom no koraa, na minnim no, nanso mebɛyɛɛ Roman sista bere a na madi mfe 17. Ahyɛase no, na mereyɛ bi ahwɛ kɛkɛ, nanso afei eduu baabi no, na mekeka mpo sɛ minnye nni sɛ Onyankopɔn na afrɛ me. Ná sistafo no taa ka sɛ obiara a obenya saa adwene no bɛkɔ Ɔbonsam gya mu! Ɛno mpo ampopa saa adwene no. Ná minim sɛ Yesu Kristo antew ne ho ankɔtena baabi; mmom ɔde ne bere pii kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo, na ɔboaa wɔn. (Mateo 4:23-25) Midii mfe 20 no, na minhu nea enti a ɛsɛ sɛ mekɔ so yɛ Roman sista. Ɛno ara mu na sistafo no mu panyin paa no ka kyerɛɛ me sɛ mehwɛ na m’adwene nsi me pi a, migyae mmom a, ɛbɛboa me. Ɛyɛ me sɛ na osuro sɛ anhwɛ a na masɛe nkurɔfo adwene wɔ hɔ. Enti mifii hɔ.

 Mibeduu fie nso, m’awofo gyee me kama. Ná adwuma titiriw biara nni yɛn akuraa no ase, enti mekɔɔ me nuabarima nkyɛn wɔ Germany. Ná ɔdɔm Komunis kuw bi, na Spainfo a wɔatu akɔtena Germany na wɔtew saa kuw no. Dwuma a na wodi ne sɛ wɔhwɛ sɛ obiara rensisi adwumayɛfo ne mmea. M’ani gyee kuw no ho. Enti me nso mede me ho kɔbɔɔ wɔn, na ewiee ase koraa mewaree obi wɔ kuw no mu. Sɛ mekyekyɛ Komunis nhoma na me ne kuw no te yɛn ho gu kurom yɛ ɔyɛkyerɛ a, na ɛyɛ me sɛ manya biribi pa bi reyɛ.

Nanso ɛyɛɛ kakra no, m’abam san bui. Mihui sɛ Komunisfo no, wɔka asɛm a, wɔmfa nyɛ adwuma. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, afe 1971 no, yɛn kuw no mu mmerante bi kɔhyew Spainfo Ɛmbasi a ɛwɔ Frankfurt no. Nea ɛma wɔyɛɛ saa ne sɛ na wɔn ani nnye ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ Spain no ho. Nanso mihui sɛ, ɔkwan a wɔfaa so no nye.

Mewoo me ba a odi kan no, akyiri yi meka kyerɛɛ me kunu sɛ merenkɔ Komunis kuw no nhyiam bio. Ná m’ani nka koraa, efisɛ mewoe no, kuw no muni biako mpo ammɛsra me. Ná minhu nea yɛrebrɛ yɛn ho agye wɔ wiase. Mibisaa me ho sɛ, ‘Enti brɛ a mebrɛe sɛ mɛyɛ wiase yiye no, mfaso bɛn paa na manya?’

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Afe 1976 mu no, mewɔ fie ara na Spainfo Yehowa Adansefo baanu bɛbɔɔ yɛn pon mu. Wɔmaa me Bible ho nhoma. Bere a wɔsan bae no, mede nsɛmmisa puapuaa wɔn. Ná mente ase sɛ amanehunu ne atɛnkyea kɔ so. Afei nso na mente ase sɛ nneɛma kɔ yiye ma ebinom na ebinom nso de, wɔrebrɛ. Sɛnea wɔde Bible yii me nsɛmmisa nyinaa ano no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ! Enti mepenee so sɛ wɔne me mmɛyɛ Bible adesua.

Mfitiase no, na adesua no na ɛyɛ me dɛ kɛkɛ. Nanso me ne me kunu fii ase kɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so; ɛhɔ na biribi pusuw me. Saa bere no, na yɛwɔ mmofra baanu. Ná Adansefo no de kar bɛfa yɛn kɔ adesua. Yekodu hɔ nso a, na wɔboa yɛn suso mmofra no mu ma yɛn. Enti mebɛpɛɛ Adansefo no asɛm paa.

Nanso, ne nyinaa akyi no, na m’adwenem da so ara yɛ me nãã wɔ nyamesom ho. Enti mekɔɔ Spain kɔsraa m’abusuafo. Me papa nua kumaa bi a ɔyɛ ɔsɔfo kekaa nsɛm bi a ɛbɛsɛe m’adwene ama magyae Bible no sua. Nanso Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no boaa me paa. Wɔde Bible yii me nsɛmmisa ano sɛnea Adansefo a wɔwɔ Germany no yɛe no. Misii gyinae sɛ, mesan kɔ Germany a, mɛtoa Bible adesua no so. Me kunu gyaee Bible no sua, nanso me de mannyae. Afe 1978 no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

SƐNEA ABOA ME:

Bible mu nokware nimdeɛ a manya nti, mebɔ me bra yiye. Nhwɛso biako ne sɛ, mede asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:1-4 no yɛ adwuma. Saa kyerɛwsɛm no tu ɔyerenom fo sɛ wɔmmrɛ wɔn “ho ase mma” wɔn kununom na wonnya “obu a emu dɔ” mma wɔn. Afei nso ɛka sɛ wonnya ‘honhom a edwo a ɛsom bo Onyankopɔn anim.’ Afotu a ɛte saa no aboa me ma mayɛ ɔyere pa ne ɛna pa.

Mfe 35 ni a mebɛyɛɛ Ɔdansefo. Ɛyɛ me anigye paa sɛ mabɛka nnipa a wɔde nokwaredi som Onyankopɔn sɛ abusua biako wɔ wiase nyinaa no ho. Me mma yɛ baanum, na wɔn mu baanan na me ne wɔn resom. Eyi ama me koma atɔ me yam paa.