Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Mifii Ase Faa Adwene, Efisɛ na Bra a Merebɔ no Yɛ Hu?”

“Mifii Ase Faa Adwene, Efisɛ na Bra a Merebɔ no Yɛ Hu?”
  • AFE A WƆWOO NO: 1941

  • ƆMAN A OFI MU: AUSTRALIA

  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆWE NSA NOM SIGARET

ME KAN ASETENA:

Minyinii wɔ kurow ketewa bi mu. Yɛfrɛ no Warialda, na ɛwɔ New South Wales. Warialda yɛ baabi a wɔyɛn mmoa bi te sɛ nguan ne anantwi, na wodua nneɛma bi te sɛ awi, atoko ne atosode. Kurom hɔ tew na nsɛmmɔne nni hɔ bebree.

Ná yɛyɛ nkwadaa du; me na meyɛ panyin. Enti bere a midii mfe 13 no, mifii ase yɛɛ adwuma de boa ma yɛhwɛɛ abusua no. Mankɔ sukuu annu akyiri, enti afumdwuma na na meyɛ. Bere a midii mfe 15 no, na mehwɛ mpɔnkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrempempem nkurɔfo.

Afuw mu hɔ adwuma a mekɔyɛe no yɛɛ anigye san yɛɛ awerɛhow. Ná m’ani gye adwuma a mereyɛ no ho, na na mepɛ sɛnea ɛhɔ te no. Edu anadwo a, na meto gya hwɛ bosome ne nsoromma, na sɛnea na nnua bi hua nenam mframa mu no yɛ anika. Mekae sɛ na ɛwɔ me tirim daa sɛ ɛbɛyɛ sɛ Obi na ɔbɔɔ saa nneɛma fɛfɛ no nyinaa. Nanso na subammɔne bi nso rekɔ so wɔ afum hɔ. Ná metaa te sɛ nkurɔfo ka kasafĩ, na na sigaret nso abu so wɔ hɔ. Ankyɛ koraa na misuaa sigaretnom, na mibue m’ano a, kasafĩ nko ara.

Midii mfe 18 no, mitu kɔtenaa Sydney. Mekɔɔ hɔ no, meyɛe sɛ mɛkɔ sraadi, nanso esiane sɛ mankɔ sukuu annu akyi nti, mannya mu kwan. Minyaa adwuma wɔ Sydney, enti metenaa hɔ afe. Saa bere no na mihuu Yehowa Adansefo. Wɔfrɛɛ me sɛ menkɔ nhyiam a wɔyɛ no bi, na mepenee so kɔe. Ankyɛ koraa na mihui sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nokware.

Ɛno akyi no, meyɛɛ sɛ mɛsan akɔ afum hɔ. Mikopuee kurow bi a yɛfrɛ no Goondiwindi, Queensland. Ɛhɔ no, minyaa  adwuma, na mewaree, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, mifii ase wee nsa.

Me ne me yere woo mma baanu. Yɛwoo yɛn mma wiei no, mifii ase faa adwene, efisɛ na bra a merebɔ no yɛ hu. Mekaee asɛm a mekɔtee wɔ Adansefo no nhyiam ase wɔ Sydney no. Enti meyɛɛ adwene sɛ mɛyɛ ho biribi.

Mihuu Ɔwɛn-Aban dedaw bi. Emu na minyaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Australia no address. Mekyerɛw krataa kɔmaa wɔn sɛ wɔmma obi mmɛboa me. Ɔdansefo bi bɛboaa me; na n’anim tew, na na ɔpɛ nnipa. Ɔne me suaa Bible.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Meresua Bible no, mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mesesa m’abrabɔ. Bible mu asɛm biako a ɛboaa me paa ne 2 Korintofo 7:1. Ɛhɔ hyɛ yɛn nkuran sɛ “yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam . . . mu fĩ nyinaa ho.”

Misii gyinae sɛ megyae nsawe ne sigaretnom no. Esiane sɛ na matena subammɔne yi mu akyɛ nti, na nsakrae no nna fam koraa. Nanso na masi me bo sɛ mɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Asɛm a ɛwɔ Romafo 12:2 a mede yɛɛ adwuma no boaa me paa. Ɛhɔ se: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.” Mihui sɛ, sɛ metumi asesa m’abrabɔ a, gye sɛ minya Onyankopɔn adwene, na mihui sɛ ɔbra a merebɔ no nyɛ papa. Onyankopɔn boaa me, enti mitumi gyaee nsawe ne sigaretnom no.

“Mihui sɛ, sɛ metumi asesa m’abrabɔ a, gye sɛ minya Onyankopɔn adwene, na mihui sɛ ɔbra a merebɔ no nyɛ papa”

Ade a na ɛyɛ den paa sɛ megyae ne kasafĩ. Bible afotu a ɛwɔ Efesofo 4:29 a ɛka sɛ: “Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom” no, na minim. Nanso nsakrae no anyɛ da koro asɛm. Midwennwen Yesaia 40:26 ho, na ɛboaa me paa. Saa nkyekyɛm no ka ɔsoro nsoromma ho asɛm sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ soro. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Ɔno na obu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn. Na n’ahoɔden dodow ne ne tumi mmoroso nti, wɔn mu biako mpo nyera.” Ɛbaa me tirim sɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ tumi, na watumi de saa tumi no abɔ amansan fɛfɛɛfɛ yi nyinaa a, ɛnde obetumi ama me ahoɔden a mede bɛsesa m’abrabɔ na matumi asom no. Mebɔɔ asɛm no ho mpae, na meyeree me ho, enti nkakrankakra kasafĩ no tumi fii me kasa mu.

SƐNEA ABOA ME:

Na mehwɛ mpɔnkɔ, na baabi a meyɛ adwuma no, na minnya nnipa pii ne wɔn nkasa. Nanso ntetee a minya fii Yehowa Adansefo nhyiam ase nti, masua sɛnea me ne nkurɔfo bɛkasa. Mfaso biako a manya ne sɛ, ntetee no aboa me ama mitumi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo.Mateo 6:9, 10; 24:14.

Mfe kakra a atwam ni no, manya kwan resom sɛ asafo mu panyin. Mihu sɛ ɛyɛ akwannya kɛse sɛ mayere me ho resom me nuanom Kristofo. Nhyira kɛse a manya paa ne sɛ, me ne me yere a medɔ no ne me mma baanu no nyinaa resom Yehowa.

Meda Yehowa ase sɛ me a mankɔ sukuu annu baabiara yi, wafa me rekyerɛkyerɛ me. (Yesaia 54:13) Migye di sɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 no yɛ nokware paa. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo.” Me ne me yere ne me mma rehwɛ kwan sɛ yebesua Yehowa ho ade pii, na yɛasom no akosi daa.