Yesaia 40:1-31

  • Awerɛkyekye wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo (1-11)

    • Ɛnne bi a ɛwɔ sare so (3-5)

  • Onyankopɔn kɛseyɛ (12-31)

    • Amanaman no te sɛ bokiti ho nsu a ɛsɔ ko (15)

    • Onyankopɔn tenabea wɔ soro sen “asaase kurukuruwa yi” (22)

    • Ɔbobɔ nsoromma nyinaa din frɛfrɛ wɔn (26)

    • Onyankopɔn mmrɛ da (28)

    • Wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden (29-31)

40  “Monkyekye me man werɛ, monkyekye wɔn werɛ,” mo Nyankopɔn asɛm ni.+   “Monka asɛm mma ɛntɔ Yerusalem koma so,*Na monka nkyerɛ no sɛ ne nkoadwuma aba awiei.Monka nkyerɛ no sɛ wɔatua ne bɔne ho ka awie.+ Wanya ne bɔne so akatua nyinaa* afi Yehowa nsam.”+   Obi reteɛm wɔ sare so sɛ: “Munsiesie Yehowa kwan!+ Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee+ wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn.+   Momma abon nyinaa so,Na mommrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase. Asaase a ɛso atutu no, momma ɛso nyɛ toromtorom,Na asaase a ayɛ mmonkyemmɔnka no nyɛ asaasetraa.+   Wobeyi Yehowa anuonyam adi,+Na ɔhonam nyinaa* behu prɛko,+Efisɛ Yehowa ano na aka.”   Tie! Obi se: “Teɛm!” Ɛnna obi foforo bisae sɛ: “Menteɛm nka dɛn?” “Ɔhonam nyinaa* te sɛ sare momono. Ɔdɔ a enni huammɔ a wɔwɔ nyinaa te sɛ wuram nhwiren.+   Sare momono awo,Na nhwiren ahyew,+Efisɛ Yehowa ahome agu so.*+ Ampa ara ɔman no te sɛ sare momono.   Sare momono wo,Na nhwiren hyew,Nanso yɛn Nyankopɔn asɛm de, etim hɔ daa.”+   Foro kɔ bepɔw tenten so,Ɔbea a wode asɛmpa reba Sion.+ Ma wo nne so denneennen,Ɔbea a wode asɛmpa reba Yerusalem. Ma so, nsuro. Ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: “Mo Nyankopɔn ni.”+ 10  Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa de tumi bɛba,Na ne basa bedi tumi ama no.+ Hwɛ! N’akatua ka ne ho,Na nea ɔde tua ka di n’anim.+ 11  Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo.+ Ɔde ne basa bɛboaboa nguan mma no ano,Na waturu wɔn wɔ ne kokom. Wɔn a wɔma nufu no, ɔbɛka wɔn brɛoo.+ 12  Hena na wasusuw nsu wɔ ne nsayam*+Na ɔde ne nsa* asusuw ɔsoro? Hena na ɔde susukuruwa asusuw asaase so mfuturu,+Anaa ɔde nsenia* akari mmepɔw,Na ɔde nsenia akari nkoko? 13  Hena na wasusuw Yehowa honhom,*Na hena na obetumi ayɛ ne fotufo na wama no akwankyerɛ?+ 14  Hena na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,Anaa ɔkyerɛ no atɛntrenee kwan,Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,Anaa ɔma ohu ntease kwan ankasa?+ 15  Hwɛ! Amanaman no te sɛ bokiti ho nsu a ɛsɔ ko,Na obu wɔn sɛ nsenia so mfuturu bi kɛkɛ.+ Hwɛ! Ɔma nsupɔw so sɛ mfuturu muhumuhu. 16  Lebanon nyinaa mpo rentumi mma ogya nkɔ so nnɛw,*Na wuram mmoa a ɛwɔ hɔ renso ɔhyew afɔre. 17  Aman nyinaa te sɛ biribi a enni hɔ wɔ n’anim;+Obu wɔn sɛ adehunu bi, te sɛ biribi a mfaso nni so.+ 18  Hena ho na mubetumi de Onyankopɔn atoto?+ Dɛn na mode no bɛtoto ho?+ 19  Odwumfo de dade a wɔanan yɛ ohoni,*Ɔtomfo de sika kɔkɔɔ fa ho,+Na ɔyɛ dwetɛ kɔnmuade* toto wɔn kɔn mu. 20  Ɔpaw dua sɛ n’afɔrebɔde,+Dua a ɛremporɔw. Ɔhwehwɛ odwumfo a onim adwumaMa osen ohoni a enhinhim.+ 21  Munnim? Na montee? Wɔnka nkyerɛɛ mo mfii mfiase? Efi bere a wɔtoo asaase fapem no, montee ase anaa?+ 22  Obi wɔ hɔ a ne tenabea wɔ soro sen asaase kurukuruwa yi,+Na wɔn a wɔte so no te sɛ mmebɛw. Ɔno na ɔretwe ɔsoro mu te sɛ ntama nahanaha,Na ɔtrɛw mu te sɛ ntamadan a wɔtena mu.+ 23  Ɔbrɛ abirɛmpɔn ase ma wɔba fam koraa a wɔnsɛ hwee,Na ɔma asaase so atemmufo* yɛ sɛ biribi a mfaso nni so. 24  Sɛ wodua wɔn ara pɛ,Na wɔtɛw wɔn ara pɛ,Sɛ wonya ntini wɔ asaase mu ara pɛ a,Mframa bɔ fa wɔn so ma wokisa,Na mframa soa wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛwa.+ 25  “Hena ho na mode me bɛtoto ama ɔne me asɛ?” Ɔkronkronni no asɛm ni. 26  “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?+ Ɔno ne Nea odi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafo; ɔkan wɔn nyinaa,Na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+ Esiane n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu nti,+Wɔn mu baako mpo nyera. 27  O Yakob, dɛn nti na wokasa; O Israel, dɛn nti na woka sɛ,‘Me kwan ahintaw Yehowa,Na minnya atɛntrenee mfi Nyankopɔn hɔ’?+ 28  Wunnim? Na wontee? Yehowa a ɔbɔɔ asaase fi ti kosi ti no yɛ daa Nyankopɔn.+ Ɔmmrɛ da na n’ahoɔden nsa da.+ Obiara rentumi nhwehwɛ ne ntease mu nwie.*+ 29  Ɔma nea wabrɛ no tumi,Na wɔn a wonni ahoɔden no, ɔma wɔn ahoɔden mmoroso.+ 30  Mmarimaa bɛbrɛ, na wɔn ahoɔden bɛsa,Na mmerante behintiw na wɔahwe ase, 31  Nanso wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden. Wɔde ntaban betu te sɛ akɔre.+ Wobetu mmirika, nso wɔn ahoɔden rensa;Wɔbɛnantew, nso wɔremmrɛ.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Monka awerɛkyekyesɛm nkyerɛ Yerusalem.”
Anaa “akatua mmɔho.”
Anaa “nnipa nyinaa.”
Anaa “Nnipa nyinaa.”
Anaa “Yehowa honhom ahuw afa so.”
Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.
Efi kokurobeti kosi nsateaa ketewaa so bere a obi abue ne nsam. Hwɛ Nkh. B14.
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Ebetumi nso akyerɛ, “Hena na onim Yehowa honhom mu?”
Anaa “rentumi mma anyina a ɛbɛma ogya akɔ so adɛw.”
Anaa “ohoni a wɔagu.”
Anaa “dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn.”
Anaa “tumidifo.”
Anaa “Obiara ntumi nhu ne ntease mu.”