Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra a wɔwɔ yɛn asafo mu no, me ne wɔn bɔ paa, na ɛma m’ani gye

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Ná Mepɛ Baseball Sen Biribiara!

Ná Mepɛ Baseball Sen Biribiara!
  • AFE A WƆWOO NO: 1928

  • ƆMAN A OFI MU: COSTA RICA

  • KAN NO: NÁ AGOKANSI NE KYAKYATOW ADIDI NE TI

ƆBRA A NA MEWOM

Wɔtetee me wɔ Puerto Limón ne ne mpɔtam. Saa kurow no da mpoano wɔ Costa Rica apuei fam. Me papa ne me maame woo mma nwɔtwe. Me na metɔ so nson. Me papa wui no, na madi mfe nwɔtwe. Ɛno akyi no, me maame nko ara na ɔtetee me ne me nuanom nyinaa.

Misii so no, nea mede sii m’ani so ara ne baseball. Meyɛ abofra no, na mepɛ baseball paa. Mereyɛ adi mfe aduonu no, mekɔdɔm baseball kuw bi, na na yɛde gyigye yɛn ani kɛkɛ. Bere a midii mfe 20 ne kakra no, obi a ɔhwehwɛ wɔn a wonim baseball bɔ ka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ sɛ ɔde me kɔka Nicaragua baseball kuw bi ho. Nanso saa bere no na me maame nte apɔw, na na me na mehwɛ no. Ná mempɛ sɛ migyaw no hɔ kɔtena Nicaragua, enti mankɔ. Ɛno akyi no, onipa foforo bɛka kyerɛɛ me sɛ ɔde me bɛkɔ ma makɔbɔ ama Costa Rica ɔman no baseball kuw no. Wɔn a na wɔwɔ kuw no mu nyinaa yɛ wɔn a na wɔbɔ de gyigye wɔn ani kɛkɛ. Saa bere yi deɛ, mepenee so. Mebɔ maa ɔman no fii afe 1949 kosii 1952. Wɔde me kɔɔ Cuba, Mexico, ne Nicaragua ma mikosii akan. Ná meka wɔn a agorɔ no gyina wɔn so paa no ho, na na minim bɔ yiye. Mitumi sii akan 17 toatoaa so a mantow amfom da. Sɛ bɛhwɛadefo no bɔ gye me so a, na mawu koraa!

Awerɛhosɛm ne sɛ mede me ho hyɛɛ brabɔne mu nso. Ɛwom sɛ na mewɔ mpena baako pɛ deɛ, nanso na metaa ne mmaa foforo nso nantew. Ná mewe nsa paa nso. Da bi deɛ, mebowee araa ma ade kyee no, na menkae ɔkwan a mefaa so baa fie! Agorɔ bi a yɛfrɛ no domino nso, na mede tow kyakya. Afei, na mitwa loto.

Bere a na merebɔ saa bra no, emu ara na me maame bɛyɛɛ Yehowa Danseni. Ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛma m’ani agye ne som no ho. Nanso mfiase no anyɛ yiye efisɛ na agokansi no agye me ti ma migye me ho a ɛnnye. Sɛ merebɔ baseball na edu bere a ɛsɛ sɛ mikodidi a, mente kɔm mpo! Ɛba saa a na m’adwene nyinaa wɔ baseball no so. Ná mepɛ baseball sen biribiara!

Nanso, bere a midii mfe 29 no, mipirae paa. Nea ɛbae ne sɛ, bere bi na merebɔ mmɔden sɛ mɛkye bɔɔl bi, nanso ankɔ yiye. Me ho tɔɔ me no, mamfa anyɛ m’adwuma bio. Ne nyinaa akyi, mekɔɔ so ara dii baseball akyi. Wɔn a wɔbɔ baseball de gyigye wɔn ani wɔ me mpɔtam no, na mekyerɛ wɔn bɔ.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

Afe 1957 mu no, na Yehowa Adansefo rebɛyɛ nhyiam wɔ agoprama bi a na mebɔ baseball wɔ so no so. Wɔtoo nsa frɛɛ me, na mekɔɔ bi. Mete nnipa no mu no, mihuu sɛnea Adansefo no te hɔ dinn retie asɛm no. Nanso sɛ nkurɔfo rebɛhwɛ baseball a, dede ne nneyɛe bɔne a wɔda no adi no, sɛ mede toto ho a, mihu sɛ Adansefo no yɛ soronko koraa. Nea mihui no kaa me koma paa, enti mifii ase ne Adansefo no suaa Bible na mekɔɔ wɔn asafo nhyiam ahorow.

Bible nkyerɛkyerɛ no bebree kaa me koma paa. Nhwɛso bi ni. Yesu kaa sɛ awiei bere no du a, n’akyidifo bɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:14) Mesan behuu sɛ nokware Kristofo nka Onyankopɔn asɛm mfa nnye sika. Yesu kaa sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.”—Mateo 10:8.

Bere a migu so resua Bible no, mede nea meresua no totoo Yehowa Adansefo ho. Sɛnea wɔyere wɔn ho ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa no, m’ani sɔe paa. Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ wonyi wɔn yam nyɛ nkurɔfo papa no, mihuu sɛ wɔde yɛ adwuma paa. Enti bere a mekenkan Marko 10:21 na mihuu sɛ Yesu reto nsa afrɛ obiara sɛ ‘Ɔmmra mmedi n’akyi’ no, meyɛɛ m’adwene sɛ me nso mɛyɛ Ɔdansefo.

Egyee bere kakra, nanso nkakrankakra misii m’adwene pi yɛɛ nsakrae ahorow. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnawɔtwe biara na mede me “lucky” nɔma twa loto. Meyɛɛ saa mfe pii. Nanso, Bible maa mihuu sɛ wɔn a wɔsom “Akraye nyame” ne wɔn a wɔn ani bere ade no, Onyankopɔn ani nnye wɔn ho. (Yesaia 65:11; Kolosefo 3:5) Enti meyɛɛ m’adwene sɛ megyae kyakyatow. Migyaee kyakyatow no, Kwasida a edi hɔ no ara me “lucky” nɔma no towee! Nkurɔfo serew me saa nnawɔtwe no papaapa. Wopiapiaa me sɛ mensan ntwa bio, nanso manyɛ. Mantow kyakya bio wɔ m’abrabɔ mu.

Da a mebɔɔ asu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase no, mihyiaa “nipasu foforo” a ɛsɛ sɛ mehyɛ no ho sɔhwɛ bi. (Efesofo 4:24) Saa anwummere no, miduu hotɛl a meda mu no, na me mpena a me ne no agyae gyina me pon ano. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sammy, ma yenkogye yɛn ani!” Nanso, ntɛm ara na miyii ano sɛ, “Dabi!” Mesan sii so kyerɛɛ no sɛ seesei mede Bible a meresua no na ɛbɔ me bra. (1 Korintofo 6:18) Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Wose sɛn?” Ɔkekaa nsɛm bi de kyerɛɛ sɛ, nea Bible ka fa aguamammɔ ho no, ɛho nhia sɛ midi akyi pii saa. Ɔyɛe ara sɛ memma yɛnkɔ so ntwe mpena no. Nanso, miwuraa me dan mu too pon mu. Ɛnnɛ, m’ani agye paa sɛ efi afe 1958 a mebɛyɛɛ Ɔdansefo yi, mensan m’akyi nkɔɔ ɔbrabɔne a na mewom no mu bio.

SƐNEA ABOA ME

Mehwɛ mfaso a manya afi Bible a mede abɔ me bra no so a, ɛyɛ me sɛ metumi akyerɛw ho nhoma mpo! Ebi ne sɛ, seesei manya nnamfo pa pii, m’abrabɔ ayɛ papa, na mewɔ anigye ankasa.

M’ani da so ara gye baseball ho. Nanso ɛnyɛ ɛno na mede m’adwene si so seesei. Baseball maa migyee din, na minyaa sika, nso ankosi hwee. Nanso seesei abusuabɔ a me ne Onyankopɔn ne me nuanom Kristofo anya no deɛ, ɛbɛtena hɔ daa. Bible se: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Seesei, medɔ Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo sen biribiara!