Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Mahu Sɛnea Mebu Mmea ne Me Ho

Mahu Sɛnea Mebu Mmea ne Me Ho
  • AFE A WƆWOO NO: 1960

  • ƆMAN A OFI MU: FRANCE

  • KAN NO: NÁ ODI NSƐMMƆNE, NOM NNUBƆNE, NA NA OMMU MMEA

ƆBRA A NA MEWOM:

Wɔwoo me France atifi fam, kurow bi a wɔfrɛ no Mulhouse mu. Ná yɛte ahiafo mu, baabi a na agye din wɔ nsɛmmɔnedi mu. Me mmofraberem no, ade a na metaa hu paa wɔ yɛn mpɔtam hɔ ne mmusua ntam ntɔkwaw. M’abusua mu no, na yɛmmfa mmea nyɛ hwee na na mmarima ne wɔn mfa adwene. Wɔma metee ase sɛ ɔbea de, ne deɛ ara ne gyaade, na wahwɛ fie.

Me sua no, mamfa no ahogono. Nsawe nti, me papa wui bere a na madi mfe du. Mfe nnum akyi no, me nua mmarima mpanyimfo no baako dii ne ho dɔm. Saa afe koro no ara mu no, mede m’aniwa ankasa hui sɛnea mmusua ntam ntawntawdi ma wodii obi awu. Wei maa me ho dwiriw me paa. M’abusuafo kyerɛɛ me sɛnea mede sekan ne tuo bɛko. M’adwene tu frae, enti mifii ase nom nsa na meyɛɛ tattoo guu me ho.

Midii mfe 16 no, na mitumi nom bia ntoa 10 kosi 15 da biara, na ankyɛ na mifii ase nom nnubɔne. Nea ɛbɛyɛ na matumi anya ho sika no na metɔn nnadegow, na mede korɔnbɔ sii m’ani so. Minyaa mfe 17 no, na mada afiase pɛn. Wobuu me fɔ mpɛn 18 sɛ wɔmfa me nto afiase esiane nsɛmmɔnedi ne korɔnbɔ nti.

Midii mfe 20 rekɔ no, m’abrabɔ yɛɛ basaa. Ná mitumi nom wii a wɔakyekyere no sɛ sigaret no 20 da koro, na na menom nnubɔne afoforo nso ka ho. Midii akɔneaba wɔ owu ne nkwa nkwanta efisɛ na menom nnubɔne no ma ɛtra so. Mifi ase tɔn bi, enti na sekan ne tuo hyɛ me ho bere nyinaa. Bere bi, metow obi tuo sɛ anka merekum no nanso metow fom no. Ne bɛlt so dade na egyee no. Midii mfe 24 na me maame wui, na ɛmaa m’adwene bɔɔ mu. Sɛ nkurɔfo hu sɛ mereba na ebia menam nifa a, ehu ma wɔmman fa benkum. Ntɔkwaw nti, nnawɔtwe awiei biara na polisifo taa kyere me tom anaa mekɔda ayaresabea ma wɔpam m’apirakuru.

Midii mfe 28 no, mewaree. Migye di sɛ ɛrenyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ me ne me yere anni no yiye. Ná atɛnnidi de, mefa no kwa na na mehwe no nso. Yɛanyɛ biribiara ammom sɛ awarefo. Ná m’adwene ara ne sɛ sɛ miwia agude de ma no a, asa! Afei biribi sii mpofirim. Me yere fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Bere a edi kan a ɔne wɔn suaa ade wiei no, ogyaee sigaretnom. Na sɛ miwia sika brɛ no a onnnye bio, na ɔde agude a na mede ama no no maa me. Wei maa me bo fuwii. Mesɔre tiaa Bible a na ɔresua no, na na mihuw sigaret gu no so. Midii ne ho fɛw nso wɔ mpɔtam hɔ.

Anadwo bi a na mabow sram no, mitwaa gya too ɔdan a na yɛte mu no mu. Me yere adaworoma, me ne yɛn babea a wadi mfe nnum no nyaa yɛn ti didii mu. Bere a nsa no tetew m’ani so no, meyɛɛ basaa. Me komam paa de, na mete nka sɛ Onyankopɔn mfa nkyɛ me da. Mekae sɛ bere bi, ɔsɔfo bi kae sɛ abɔnefo bɛkɔ ɔbonsam gya mu. Dɔkota a na ɔrehwɛ me no mpo ka kyerɛɛ me sɛ: “Mabrɛ wo, anidaso biara nni hɔ mma wo! Yɛde wo yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye.”

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Yɛn dan no hyew akyi no, yetu kɔtenaa me yere awofo nkyɛn. Bere a Adansefo no bɛsraa me yere no, mibisaa wɔn sɛ, “Enti Onyankopɔn betumi de me bɔne nyinaa akyɛ me?” Wɔkenkan 1 Korintofo 6:9-11 fii Bible no mu kyerɛɛ me. Kyerɛwsɛm no bobɔ nneyɛe bɔne bi a Onyankopɔn kyi, nanso ɛsan ka sɛ: “Saa na na mo mu binom te.” Saa asɛm yi ma minyaa awerɛhyem sɛ metumi asesa. Afei Adansefo no twee m’adwene sii 1 Yohane 4:8 so, na wɔma mihui sɛ Onyankopɔn dɔ me. Wei hyɛɛ me nkuran na meka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔne me mmesua Bible no mprenu nnawɔtwe biara. Mifii ase kɔɔ wɔn Kristofo nhyiam. Ná mebɔ Yehowa mpae daa.

Ɔsram baako ntam no, misii gyinae sɛ megyae nnubɔne ne nsa nom. Mebrɛe me nipaduam paa! Minyaa tipae, ná mesõ dae bɔne, me honam nyinaa yɛɛ me yaw, na mihyiaa ɔhaw foforo nso. Nanso, mihui sɛ Yehowa annyaw me. Metee nka sɛ ɔsomafo Paulo. Ɔkyerɛw mmoa a Onyankopɔn de maa no no ho asɛm sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filipifo 4:13) Nkakrankakra mitumi gyaee sigaretnom.—2 Korintofo 7:1.

Bible no ma mebɔɔ bra pa na ɛsan maa yɛn abusua asetena yɛɛ papa. Sɛnea me ne me yere di no sesae. Mifii ase buu no kɛse, na sɛ me ne no rekasa a, mitumi ka “mesrɛ wo” anaa “meda wo ase.” Afei memaa yɛn babea no hui sɛ ne papa ne me. Bere a mede afe baako suaa Bible no, mihyiraa me ho so maa Yehowa na mebɔɔ asu. Wei ma misuasuaa me yere.

SƐNEA ABOA ME:

Migye di sɛ Bible no na agye me nkwa. M’abusuafo mpo a wɔnyɛ Adansefo ahu sɛ, sɛ ɛnyɛ Bible no a, anka nnubɔnenom anaa ntɔkwaw akum me.

Bible nkyerɛkyerɛ a ama mahu m’asɛde sɛ okunu ne agya no ama m’abusua asetena asesa koraa. (Efesofo 5:25; 6:4) Yɛyɛ nneɛma bom sɛ abusua. Seesei, sɛ anka mebu me yere sɛ ne deɛ ara ne gyaade no, meboa no ma ɔde bere pii ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no. Ɔno nso ani gye ho sɛ ɔbɛboa me ma mayɛ m’adwuma sɛ asafo mu panyin.

Yehowa Nyankopɔn dɔ ne ne mmɔborɔhunu aboa me paa wɔ m’asetenam. Mepɛ paa sɛ mɛka ne su horow ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a nnipa bu wɔn sɛ wɔnsɛ hwee no. Minim sɛ Bible no wɔ tumi a ebetumi aboa obiara ma woanya asetena pa. Bible no akyerɛkyerɛ me sɛ mennɔ mmarima ne mmea nyinaa, na mimmu wɔn. Afei nso, manya obu ama me ho.