Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Mehwee Ase Mpɛn Pii Nanso Midii Nkonim

Mehwee Ase Mpɛn Pii Nanso Midii Nkonim
  • AFE A WƆWOO NO:1953

  • ƆMAN A OFI MU: AUSTRALIA

  • KAN NO: NÁ PONOGRAFI HWƐ AKA NE HƆ

ƆBRA A NA MEWOM:

Me papa tu fii Germany kɔtenaa Australia afe 1949. Na ɔrehwehwɛ adwuma wɔ nnwumakuw a wotu kootaa ne nnwumakuw a wɔma anyinam ahoɔden. Enti, ɔtenaa Victoria. Ɛhɔ na ɔwaree me maame na wɔwoo me afe 1953.

Ankyɛ na me maame fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible, enti ɔde Bible no kyerɛkyerɛɛ me fi me mmofrase pɛɛ. Nanso, na me papa ani nnye asɔre biara ho. Na ɔbɛyɛɛ ntɔkwapɛfo, na na ɔhyɛ nnipa so, enti sɛ me maame hu no a, na ehu aka no. Nanso na me maame wiawia ne ho sua Bible no, na n’ani begyee nea na ɔresua no ho. Sɛ Paapa nni fie a, na ɔne me ne me nuabea sua Bible no. Ɔkaa asase a ɛbɛdan paradise ho asɛm kyerɛɛ yɛn na ɔkyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛde Bible mu afotu bɔ yɛn bra a, yɛn ani begye.—Dwom 37:10, 29; Yesaia 48:17.

Me papa subammɔne no nti midii mfe 18 no, mitu fii fie. Ɛwom sɛ na migye nea Maame de kyerɛkyerɛɛ me fii Bible no mu di de, nanso manhu mfaso a ɛwɔ so. Enti mamfa ammɔ me bra. Akyiri yi, minyaa adwuma bi wɔ kootaa adwumakuw no mu. Ná meyɛ anyinam mfiri ho adwuma. Minyaa mfe 20 no, mewaree. Mfe mmiɛnsa akyi no, yɛwoo yɛn babea a odi kan, na mesan susuw m’asetena ho yiye. Na minim sɛ Bible no betumi aboa yɛn abusua no, enti me ne Yehowa Danseni bi fii ase suaa Bible no. Nanso, na me yere ani nnye Yehowa Adansefo ho koraa. Bere bi, mekɔɔ wɔn nhyiam, na mebae no ɔkae sɛ minnyi nneɛma mmienu yi mu baako; sɛ́ megyae Bible no sua anaa mefi abusua no mu. Na migye me ho baabiara a enye enti me ne Adansefo no ammɔ bio. Minuu me ho sɛ minim nea ɛteɛ nanso manyɛ.

Da bi, m’adwuma mufo de ponografi kyerɛɛ me. Ná ɛyɛ abofono de, nanso m’ani gyee ho. Mehwɛ wiei no, m’ahonim buu me fɔ paa. Nea na masua afi Bible mu nti, na migye di paa sɛ Onyankopɔn bɛtwe m’aso. Mpɛn dodow a mekɔɔ so hwɛɛ ponografi no, m’ani begyee ho na nkakrankakra ne hwɛ kaa me hɔ.

Mfe 20 akyi no, na me suban asesa koraa ma enti worenka sɛ me maame kyerɛkyerɛɛ me adepa bi da. Sɛ wohwɛ m’abrabɔ a, na ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu nneɛma a na m’ani gye ho. Na meka kasafi, na na mede nguamansɛm yi nsɛnkwaa. Mibenyaa nna ho adwene a ɛmfata. Ɛwom sɛ na me ne me yere da so ara wɔ hɔ de, nanso na metwe mpena. Da bi, migyinaa ahwehwɛ anim hwɛɛ me ho dinn na mekaa sɛ, ‘hwɛ ne ho ahi bi,’ w’anuonyam nyinaa asa.

M’aware gui, na m’abrabɔ yɛɛ basaa. Enti, mifi me koma nyinaa mu bɔɔ Yehowa mpae. Ɛwom sɛ na magyae Bible no sua bɛyɛ mfe 20 de, nanso mesan fii ase bio. Saa bere no, na me papa awu na na me maame nso abɔ asu abɛyɛ Yehowa Danseni.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Na m’abrabɔ ne nea Bible no ka no nni hwee yɛ. Afei, na m’ani abere sɛ menya asomdwoe a Bible ka ho asɛm no bi. Mebɔɔ me tirim sɛ merenka kasafĩ bio, na meremma me bo mfuw ntɛmntɛm. Mesan sii me bo sɛ megyae kyakyatow, nsawe, ne adwumam korɔnbɔ, na meremmu brabɔne bio.

M’adwumamfo ante nea enti a na mepɛ sɛ meyɛ nsakrae kɛse no ase. Mfe mmiɛnsa ntam de, wɔteetee me saa sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan akɔ me dedaw mu. Sɛ ɛba sɛ me bo fuw anaa meka kasafĩ a, na wɔabɔ agye so sɛ: “Oyiwa! Joe asan akɔ ne dedaw mu.” Sɛ wɔka saa a na me koma retew wɔ me mu, na mpɛn pii no, metee nka sɛ madi nkogu!

Ná ponografi abu so wɔ m’adwumam; nea ɛwɔ abɛɛfo mfiri so ne nhoma mu. Ná m’adwumamfo no taa de nguamansɛm ho mfonini fa kɔmputa so mena wɔn ho. Saa na na kan no me nso meyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ megyae ponografi hwɛ, nanso na m’adwumamfo no awe ataa so sɛ wɔbɛma mahwe ase. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ nea ɔne me resua ade no. Onyaa abotare tiee me. Ɔde kyerɛw nsɛm pɔtee bi kyerɛkyerɛɛ me sɛnea metumi adi me subammɔne no so, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ memmɔ mpae daa nhwehwɛ mmoa mfi Yehowa hɔ.—Dwom 119:37.

Da koro, mefrɛɛ m’adwumamfo no. Yehyiae no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa bia mmrɛ mmarima mmienu bi a wɔyɛ asadweam. Wɔn nyinaa teɛteɛɛm sɛ: “Wuntumi nka sɛ yɛnyɛ saa! Wunim sɛ mmarima yi yɛ asadweam na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobegyae asanom!” Me nso mekae sɛ: “Saa ara na me nso merebɔ mmɔden sɛ megyae ponografi hwɛ.” Efi saa da no, wɔamfa ponografi ho asɛm anhaw m’adwene bio, efisɛ wohui sɛ me nso mereko atia ne hwɛ.

Bere rekɔ so no, Yehowa boaa me ma mitumi gyae ponografi hwɛ. Afe 1999 no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni, na ɛyɛ m’anigye paa sɛ masan rebɔ bra pa bio.

Afei na mahu nea enti a Yehowa kyi nneɛma a na m’ani gye ho paa no. Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ me ho ban fi asiane a ponografi de ba no ho. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 no yɛ nokware turodoo! Ɛka sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.” Afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛnyɛ yɛn ho ban kɛkɛ na ɛbɔ, mmom no, ɛma esi yɛn yiye wɔ asetenam.—Dwom 1:1-3.

SƐNEA ABOA ME:

Kan no, na me te nka sɛ mfaso biara nni me so, nanso seesei manya obu ama me ho, na mewɔ asomdwoe. Mebɔ bra pa na mete nka sɛ Yehowa de me bɔne akyɛ me, na ɔboa me. Afe 2000 mu no mewaree Karolin, Kristoni baa hoɔfɛfo bi a ɔdɔ Yehowa. Yɛwɔ asomdwoe wɔ fie ankasa. Yehu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛabɛka Kristofo abusua a wɔn ho tew na wɔdɔ wɔn ho wɔ wiase nyinaa no ho.