Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Me ne me yere Tabitha; yɛrekɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Me Deɛ, Na Migye Di sɛ Onyankopɔn Nni Hɔ

Me Deɛ, Na Migye Di sɛ Onyankopɔn Nni Hɔ
  • AFE A WƆWOO NO: 1974

  • ƆMAN A OFI MU: GERMAN DEMOCRATIC REPUBLIC

  • KAN NO: NÁ OGYE DI SƐ ONYANKOPƆN NNI HƆ

ƆBRA A NA MEWOM

Wɔwoo me wɔ akuraa bi a ɛwɔ Saxony. Saa bere no na ɛwɔ kan German Democratic Republic (GDR). Ná me fie yɛ anika paa. Ná asomdwoe wɔ hɔ, na na yɛdodɔ yɛn ho nso. M’awofo tetee me yiye sɛnea ɛbɛyɛ a menya suban pa. Ná GDR de Komunis amammu na ɛyɛ adwuma wɔ ɔman no mu. Enti na nnipa a wɔwɔ Saxony no mfa nyamesom nyɛ hwee. Me deɛ, na migye di sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Efi me mmofraase kosi bere a midii mfe 18 no, na nsusuwii mmienu bi agye m’adwene, enti ɛno na na mede bɔ me bra. Baako ne sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nea ɛto so mmienu ne Komunis nsusuwii.

Adɛn nti na na m’ani gye Komunis amammu ho? Efisɛ na wogye di sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ, na saa na na me nso misusuw. Afei nso na misusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyɛ ɔman no agyapade nyinaa pɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obi rennya sika bebree mmoro so, na obi nso nni hia buburoo. Enti mekɔdɔm Komunis mmabun kuw bi. Bere a midii mfe 14 no, nkrataa a nkurɔfo atu agu no, mede me bere dodow no ara sesaw de yɛɛ ade foforo. Nnipa a wɔwɔ Aue no ani gyee nea na meyɛ no ho araa ma kurom hɔ mpanyimfo no mpo bɔɔ m’aba so. Ɛwom sɛ saa bere no na meda so ara yɛ abofra deɛ, nanso me ne GDR amanyɔkuw mpanyimfo no bi bɔe. Ná ɛyɛ me sɛ mede nneɛma pa asi m’ani so, na me daakye nso deɛ, asi me yiye awie.

Nanso me wiase nyinaa dan butuwii a na menhwɛ kwan. Afe 1989 no, wodwiriw Berlin Ɔfasu no gui, na Komunis kuw ahorow a ɛwɔ Europe Apuei nyinaa gye gui. Nea edidii so bae no, ɛmaa obiara ho dwiriw no. Ankyɛ na mihuu sɛ, sɛɛ na nsisi abu so wɔ GDR no mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnipa a na wonnye Komunis amammu ntom no, na wɔmfa wɔn nyɛ hwee. Adɛn nti na ɛbaa saa? Ɛnyɛ yɛn ara Komunisfo yi na yese nnipa nyinaa yɛ pɛ no? Komunis amammu no, na wɔde redaadaa yɛn anaa? Wei too me adwinnwen.

Mesesaa nea na asi m’ani so no, na mede m’adwene sii nnwonto ne mfoniniyɛ so. Afei mekɔɔ nnwom ho sukuu, na na m’ayɛ m’adwene sɛ mɛtoa so wɔ suapɔn mu. Nea na esi m’ani so ara ne sɛ mɛbɔ nnwom na mayɛ mfonini. Ntetee pa a wɔde maa me wɔ me mmofraase no nyinaa, metow kyenee baabi. Nea na ehia me ara ne sɛ mɛgye m’ani. Ebi ne sɛ na meyɛ mmaasɛm. Nanso nnwom oo, mfoniniyɛ oo, ɔbrabɔne oo, emu biara antew m’adwinnwen no so. Wohwɛ mfonini a na meyɛ no mpo a, wubehu sɛ na ehu bi hyɛ me mu. Ná midwen ho sɛ, nneɛma bɛkɔ sɛn daakye? Enti dɛn koraa na mede m’asetena bɛyɛ?

Akyiri yi, bere a minyaa me nsɛmmisa ho mmuae no, me ho dwiriw me. Anwummere bi, na mene me sukuufo te sukuu hɔ rebɔ daakye ho nkɔmmɔ. Ná Mandy * nso ka sukuufo no ho, na na ɔyɛ Yehowa Danseni. Saa anwummere no, ababaa yi maa me afotu bi a nyansa wom paa. Ɔkaa sɛ: “Andreas, sɛ wopɛ sɛ wunya asetenam nsɛmmisa ne daakye ho nsɛm a ɛhaw wo no ho mmuae a, ɛnde to wo bo ase hwehwɛ Bible mu yiye.”

Ná m’adwene yɛ me mmienu mmienu, nanso na mepɛ sɛ minya me nsɛmmisa no ho mmuae. Enti misii gyinae sɛ mɛhwehwɛ Bible no mu. Mandy ne me susuw asɛm a ɛwɔ Daniel ti 2 no ho, na nea mekenkanee no yɛɛ me nwonwa. Ɛka wiase tumidi anaa aban bi a ebedidi so aba ho asɛm. Ná saa aban ahorow yi benya wiase so tumi de abesi yɛn bere yi so. Mandy kyerɛɛ me Bible nkɔmhyɛ ahorow bi nso a ɛfa yɛn daakye ho. Afei deɛ, na merenya me nsɛmmisa no ho mmuae ara ne sa! Nanso hena na ɔkyerɛw saa nkɔmhyɛ no? Na hena paa na obetumi aka daakye ho asɛm ama abam saa? Anaasɛ ebetumi aba sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa?

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

Mandy yɛɛ nhyehyɛe maa Horst ne ne yere Angelika ne me suaa Bible. Ná wɔyɛ Adansefo, na wɔboaa me ma metee Onyankopɔn Asɛm no ase yiye. Ankyɛ koraa na mihuu sɛ Yehowa Adansefo nko ara ne nyamesom kuw a wɔtaa bɔ Onyankopɔn din Yehowa no. Afei nso, wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔyɛ saa. (Dwom 83:18; Mateo 6:9) Mibehui sɛ Yehowa Nyankopɔn ama nnipa anidaso sɛ wobetumi atena asase so daa wɔ paradise. Dwom 37:9 ka sɛ: “Wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na wobenya asase no adi.” Obiara a ɔde nea Bible aka bɛbɔ ne bra ma asɔ Onyankopɔn ani no, obetumi anya saa anidaso yi bi. Saa asɛm yi kaa me koma paa.

Nanso, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛsesa m’abrabɔ ma ɛne Bible no ahyia. Esiane sɛ na nnwonto ne mfoniniyɛ ama madi me mmere pɛn nti, na mibu me ho dodo. Wei nti, na ɛho hia sɛ midi kan sua ahobrɛase. Bio nso, na ɛnna fam mma me koraa sɛ megyae me brabɔne no. Wɔn a wɔyere wɔn ho sɛ wɔde nea Bible kyerɛkyerɛ bɛbɔ wɔn bra no, Yehowa nya wɔn ho abotare, ohu wɔn mmɔbɔ, na ɔte wɔn ase. M’ani sɔ wei paa!

Efi me mmofraase kosi bere a midii mfe 18 no, nea na agye me ti ara ne Komunis nsusuwii, ne adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nanso efi bere a midii mfe 18 no, mede Bible no abɔ me bra ama asakra me. Daakye ho adwinnwen a na ahyɛ me so no, ɛto twae ma me ho bae me. Afei ɛma mibehuu nea ɛsɛ sɛ mede m’asetena yɛ. Afe 1993 no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni. Afe 2000 no, mewaree Yehowa Danseni baa mmɔdenbɔfo bi a yɛfrɛ no Tabitha. Yɛde yɛn bere dodow no ara kyerɛkyerɛ afoforo Bible no. Yehyia nnipa pii a wɔn nso wɔ Komunis nsusuwii na wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Sɛ mekyerɛ wɔn sɛnea wobehu Yehowa a, ɛma m’ani gye paa.

SƐNEA ABOA ME

Mifii ase sɛ mene Yehowa Adansefo resua ade no, m’awofo ani annye ho koraa. Nanso wɔn ankasa ahu sɛ, efi bere a mede me ho bɔɔ Adansefo no, m’abrabɔ ayɛ papa. Seesei deɛ, wɔkenkan Bible no na wɔkɔ Kristofo nhyiam a Yehowa Adansefo yɛ no. Ama m’ani agye paa.

Afotu a Bible de ma awarefo no, me ne Tabitha de yɛ adwuma, enti ama yɛn aware asɔ. Afotu baako a ɛne sɛ mma obiara mfi ne yɔnko akyi no, yɛadi so ama yɛn aware agyina.—Hebrifo 13:4.

Seesei deɛ, nea ebesi daakye mmɔ me hu bio, na asetenam nsɛmmisa biara nhaw me bio. Ɛyɛ me dɛ sɛ meka Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. Yɛte sɛ abusua a asomdwoe ne baakoyɛ wɔ yɛn ntam. Saa abusua yi mu deɛ, yɛn nyinaa bu yɛn ho sɛ yɛyɛ pɛ. M’asetenam nyinaa, wei na na migye di. Nea na merehwehwɛ ara ni.

^ nky. 12 Wɔasesa din no.