Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Boa Wo Ba Ma Ɔntie W’asɛm

Boa Wo Ba Ma Ɔntie W’asɛm

ƆHAW NO

Wo ba adi mfe nnan pɛ nanso daa ɔne wo twe, na ɛbɛwie ase no na wadi wo so nkonim.

  • Woka sɛ ɔnyɛ biribi mma wo a, na wayi n’ani; ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ.

  • Nea wompɛ sɛ ɔyɛ no, ɛno mmom na ɔyɛ; wokɔka a, na ɔresu teateam.

Ebia wobɛbisa wo ho sɛ, ‘Ɛyɛ mmofraberem yareɛ anaa? Sɛ saa a, ɔnyin a ɔbɛgyae?’

Kae sɛ wobɛtumi aboa wo ba no ma watie w’asɛm. Nanso ansa na yɛbɛsusu ho no, ma yɛnhwɛ ade baako nti a mmofra yɛ saa.

NEA ENTI A WƆYƐ SAA

Bere a wo ba no yɛ akokoaa ketekete no, na w’adwuma ne sɛ wobɛhwɛ no ama no nea ɔhia biara. Enti ɔgye hwẽ na woadu hɔ. Ɔresu deɛ a, na asɛm no asɛe koraa; wo ho pere wo sɛ wobɛhwɛ ama ne ho atɔ no. Na saa ara nso na ɛsɛ sɛ woyɛ, efisɛ akokoaa biara dan n’awofo.

Hwɛ sɛ woayɛ wei nyinaa ama no abosome pii. Wohwɛ a abofra no bɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ no sɛ ɔno ne “efiewura,” enti ɛsɛ sɛ n’awofo som no na wɔyɛ nea ɔpɛ biara ma no. Seesei abofra no adi bɛyɛ mfe mmienu, na afei na wahu sɛ sɛɛ “wiase nyɛ asikyire ne ɛwoɔ nkoaa.” Seesei deɛ, nea n’awofo bɛka na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ɛnyɛ nea ɔno pɛ. Abofra no nte ase sɛ nneɛma asesa saa! Mmofra bi wɔ hɔ a ɛba saa a, biribiara na wɔresu teateam. Ebinom nso hyɛ da yɛ wɔn awofo so asoɔden hwɛ nea wɔbɛyɛ.

Ɛdu saa bere no a, ɛsɛ sɛ awofo nso sesa ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn ade. Ɛsɛ sɛ wɔma abofra no hu sɛ wɔn na wɔdi tumi wɔ fie hɔ, na nea wɔbɛka na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Na sɛ abofra no antie wɔn na ɔyɛ n’ade sɛnea yɛadi kan aka no nso ɛ?

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Fa wo nan si fam. Sɛ moamfa mo nan ansi fam amma abofra no anhu sɛ mo ne mpanimfoɔ wɔ fie hɔ a, ɔremmrɛ ne ho ase mma mo. Ampa, ɛnsɛ sɛ moyɛ katee, nanso momma abofra no nhu sɛ ɔhyɛ mo ase. Nnansa yi, wɔn a wɔfrɛ wɔn ho animdefo ama ebinom bu “tumidi” sɛ “atirimɔdensɛm.” Obi mpo deɛ, ɔkaa sɛ “ɛnyɛ papa” sɛ awofo bɛdi wɔn mma so tumi. Nanso wɔn werɛ afi sɛ obi gyaa ne mma ma wɔyɛ nea wɔpɛ a, ɛmmoa mmofra no. Ɛma wɔn adwene tu fra, wɔsɛe, na wɔte nka sɛ wiase yɛ wɔn dea. Sɛ yɛyɛ mmofra saa a, wɔbɛnyini abɛyɛ adesoa.—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 29:15.

Teɛ wɔn so. Nsɛm asekyerɛ nwoma bi ka sɛ nteɛso yɛ “ntetee a wɔde ma obi ma ɔyɛ ɔsetie anaa ɔhyɛ ne ho so. Ɔkwan titiriw a yɛfa so yɛ saa ne sɛ yɛbɛma obi mmara ma wadi so na wahu asotwe a ɔbɛnya bere a wabu so.” Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ yɛde nteɛso yayaaya bɛma obi anaa yɛde bɛpira no. Nanso ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn mma hu sɛ, sɛ wɔbu wɔn ahyɛde so a, asotwe wɔ hɔ.—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 23:13.

Ma wo nsɛm mu nna hɔ. Sɛ awofo bi de akwankyerɛ rema wɔn mma a, sɛnea wɔka no no ma ɛyɛ sɛ adesrɛ bi a wɔde reto mmofra no anim. Ɛho nhwɛso ni: Ebia maame bi bɛka akyerɛ ne ba sɛ, “Kofi, wobɛtumi akɔsiesie wo dan mu hɔ?” Ɛbɛyɛ no sɛ ɔka saa a, na ɔredi abofra no ni. Nanso ɛbɛtumi ama abofra no anya adwene sɛ ne maame resrɛ no ade, enti ɔpɛ a ɔbɛyɛ, ɔpɛ a ɔrenyɛ. Enti sɛ wopɛ sɛ abofra no yɛ biribi a, mfa nwadawada, ka no tee.—Bible mu asɛm: 1 Korintofoɔ 14:9.

Di w’asɛm so. Wo ne wo hokafo nyɛ baako. Moka dabi a, ɛsɛ sɛ moma mmofra no hu sɛ ɛyɛ dabi. Sɛ abofra bi yɛ asoɔden na moka sɛ mobɛtwe n’aso a, monni mo asɛm so. Ɛnyɛ afei na mo ne abofra no rebɛsi nkongua akyerɛkyerɛ nsɛm mu tenteenten. Sɛ ‘moma mo Aane yɛ aane, na mo Dabi yɛ dabi’ a, ɛbɛboa mo ne abofra no nyinaa.—Yakobo 5:12.

Da ɔdɔ adi. Abusua nyɛ ka-bi-ma-menka-bi, na saa ara na ɛnyɛ kankabi. Mmom, ɛyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɛboa ma awofo tete wɔn mma ma wɔnyini bɛyɛ mpanin pa. Ntetee yi bi ne sɛ wode nteɛso a ɛfata bɛma wo mma. Wei bɛboa mmofra no ma wɔatie w’asɛm na wɔahu sɛ wodɔ wɔn.