Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMƆFRA NTETEEƐ

Wo ba di atorɔ?

Wo ba di atorɔ?

ƆHAW NO

Fa no sɛ wowɔ dan mu ɛnna wo ba a wadi mfie nnum redi agorɔ wɔ ɛdan foforɔ mu. Prɛko pɛ na wotee sɛ biribi abɔ. Enti wotuu mmirika kɔhwɛɛ wo ba no, na wohunuu sɛ glass a nhwiren hyem no abɔ ɛnna wo ba no gyina ho. Wo ara wohwɛ n’anim a wohunu sɛ ɔno ara na ɛbɔɔ no.

Wohwɛɛ n’anim bisaa no sɛ, “Hɛ, wo na wobɔɔ glass no?”

W’ano ansi koraa na ɔyii ano sɛ, “Dabi! Mama ɛnyɛ mea!”

Ɛnyɛ wei ne berɛ a ɛdi kan a wo ba a wadi mfie nnum no adi atorɔ akyerɛ wo. Ɛsɛ sɛ asɛm no ha wo anaa?

DEƐ ƐSƐ SƐ WOHUNU

Atorɔ biara nyɛ. Bible ka sɛ Yehowa Nyankopɔn kyi “atorɔ kɛtrɛma.” (Mmebusɛm 6:16, 17) Mose Mmara no kyerɛɛ sɛ, sɛ obi daadaa ne yɔnko anaa ɔdi adansekunumu tia no a, ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso paa.Leviticus 19:11, 12.

Atorɔ nyinaa nyɛ pɛ. Atorɔ bi wɔ hɔ a ɛyɛ hu paa; wɔde sɛe nkurɔfoɔ din. Obi nso wɔ hɔ a ehu na ɛma ɔdi atorɔ; ebia ɔmpɛ sɛ n’ani bɛwu anaa yɛbɛtwe n’aso. (Genesis 18:12-15) Ɛwom, atorɔ nyinaa nyɛ na ɛnsɛ sɛ yɛsosɔ so, nanso atorɔ bi yɛ hu sene bi. Sɛ wo ba twa atorɔ a, hwɛ ne mfie ne deɛ enti a ɔtwaa atorɔ no.

Wo ba nkwadaaberɛ mu ara na ɛsɛ sɛ woboa no. Ɔbenfoɔ bi kaa sɛ, “Adeɛ a ɛhia paa sɛ wode dua wo ba mu ne sɛ ɔbɛka nokorɛ a ɔnsuro akyire. Obi wɔ wo mu ahotosoɔ a, ɛnna ɔne wo bɔ. Wotwa no atorɔ pɛ a, na ahotosoɔ a ɔwɔ wɔ wo mu nyinaa atu ayera.” *—Ɔbenfoɔ David Walsh.

Mma w’akoma nntu. Wo ba di atorɔ a, ɛnkyerɛ sɛ wasi porɔeɛ kwan so. Kae Bible mu asɛm yi: “Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho.” (Mmebusɛm 22:15) Mmɔfra bi wɔ hɔ a, wɔn agyimisɛm ara ne sɛ wɔbɛdi atorɔ; ebia wɔtwa torɔ de dwane asotwe. Abɔfra yɛ saa a, deɛ wobɛyɛ wɔ ho ne asɛm no.

DEƐ WOBƐTUMI AYƐ

Hunu deɛ enti a wo ba twa torɔ. Ɔsuro sɛ wobɛtwe n’aso? Anaa ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi ama aha wo? Sɛ wo ba tumi bɔ ne tirim keka nsɛm kyerɛ ne nnamfo a, ɛbɛtumi aba sɛ ɔyɛ akwadaa nti ɔnnim deɛ ɔrekeka. Sɛ wobɛtumi aboa wo ba paa a, gye sɛ wohunu deɛ enti a ɔtwa atorɔ.Bible afotusɛm: 1 Korintofoɔ 13:11.

Ɛtɔ da a mmisa no asɛm, ka deɛ woahunu. Wo deɛ san hwɛ asɛm a yɛkaa no ahyɛaseɛ no. Maame no ara nim sɛ ne ba no na ɛbɔɔ glass no nso ɔbisaa no sɛ: “Hɛ, wo na wobɔɔ glass no?” Akwadaa no anka nokorɛ; ebia na ɔsuro sɛ ne maame bɛhwe no. Mmom deɛ anka ɛsɛ sɛ maame no ka ne sɛ: “Oo woabɔ glass no!” Sɛ maame no ammisa no, ɛnna ɔkaa deɛ wayɛ no kyerɛɛ no a, anka biribiara mma akwadaa no tirim sɛ ɔntwa torɔ; mmom anka maame no bɛboa ne ba no ama wasua sɛdeɛ yɛka nokorɛ.Bible afotusɛm: Kolosefoɔ 3:9.

Akwadaa no ka nokorɛ a, kamfo no. Akwadaa biara pɛ sɛ ɔyɛ adeɛ a ɛbɛma n’awofoɔ ani agye, enti boa no ma ɔntumi nyɛ deɛ ɛwɔ n’akomam. Ma akwadaa no nhunu sɛ nokorɛdie yɛ suban pa a ɛka abusua bom, enti wohwɛ kwan paa sɛ ɔbɛka nokorɛ.—Bible afotusɛm: Hebrifoɔ 13:18.

Ma akwadaa no nte aseɛ sɛ, sɛ ɔdi torɔ a, obiara nnye no nni bio, na sɛ ɛba saa a, ɛbɛkyɛ paa ansa na obi asan agye no adi. Enti sɛ ɔyɛ adepa a, kamfo no; ɛno na ɛbɛboa no ama waka nokorɛ. Wobɛtumi aka biribi sɛ, “Woka nokorɛ saa a, na m’ani agye.”

Twa sa pa ma wo ba. Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa wɔ telefon so na woka kyerɛ wo ba sɛ “Ka kyerɛ no sɛ menni hɔ” anaa wompɛ sɛ wokɔ adwuma na wotwa torɔ ka sɛ, “Meyare” a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ba aka nokorɛ?—Bible afotusɛm: Yakobo 3:17.

Fa Bible yɛ adwuma. Bible afotusɛm ne nnipa a wɔn ho nsɛm wom no ma yɛhunu sɛ nokorɛdie ho hia. Yehowa Adansefoɔ wɔ nwoma bi, wɔato din Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Saa nwoma no bɛtumi aboa wo ama wode Bible afotusɛm atete wo ba. Etire 22 no, asɛm a ɛda so ne “Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Yedi Atoro.” (Yɛde emu nsɛm no bi aba adaka mu wɔ ha. Yɛato din “ Nwoma a Wobɛtumi De Aboa Wo Ba.”)

^ nky. 11 Nwoma a ɛfiri mu ne, No: Why Kids—of All Ages—Need to Hear It and Ways Parents Can Say It.