Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Tete Wo Ba Ma Onnwen Nnipa Ho Wɔ Pɛsɛmenkominya Wiase Mu

Tete Wo Ba Ma Onnwen Nnipa Ho Wɔ Pɛsɛmenkominya Wiase Mu

DA BIARA da nnipa nya hokwan a ɛbɛma wɔatumi ayɛ afoforo yiye. Nanso, ɛte sɛ nea nnipa pii nnwen afoforo ho nnɛ. Ɛkame ayɛ sɛ wuhu sɛ eyi kɔ so wɔ baabiara—na sɛnea nkurɔfo hyɛ da bɔ afoforo apoo, sɛnea wɔka kar basabasa, sɛnea wɔka kasafi ne sɛnea wɔn bo tumi fuw denneennen di ho adanse.

Wɔda saa pɛsɛmenkominya su yi nso adi wɔ afie pii mu. Sɛ nhwɛso no, awarefo binom gyae aware efisɛ wɔn mu biako te nka sɛ “ne hokafo ne no nni no yiye.” Awofo binom mpo tumi de pɛsɛmenkominya su dua wɔn mma mu a wonhu. Ɔkwan bɛn so? Wɔde biribiara a wɔn ba bisa no ma no, na wɔmpɛ sɛ wɔteɛ no so.

Nanso awofo pii retete wɔn mma ma wɔadwen afoforo ho, na wɔanya so mfaso pii. Ɛda adi sɛ mmofra a wodwen afoforo ho no taa nya nnamfo, na wɔn nnamfofa no tena hɔ kyɛ. Ɛma wonya akomatɔyam paa nso. Dɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ, “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Sɛ woyɛ ɔwofo a, wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo mma ma wɔayɛ afoforo yiye na wɔanya so mfaso, na wɔansua pɛsɛmenkominya su a nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia da no adi no? Susuw nneɛma abiɛsa a ebetumi ama wo mma asua pɛsɛmenkominya ho, na hwɛ ɔkwan a wubetumi afa so akwati.

 1 Abofra a wɔkamfo no ma ɛtra so

Ɔhaw a ɛde ba. Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ahyɛ biribi a ɛhaw adwene nsow: Sɛ mmerante ne mmabaa hyɛ adwuma ase a wokura adwene bi sɛ, sɛ wɔyere wɔn ho yɛ adwuma oo, sɛ wɔanyere wɔn ho oo, ɛsɛ sɛ esi wɔn yiye ɔkwan biara so. Ebinom hwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔn dibea ntɛm ara, bere mpo a wonhuu sɛnea wɔyɛ adwuma no. Afoforo nso bu wɔn ho sɛ wɔyɛ soronko ma enti ɛfata sɛ wɔne wɔn di wɔ ɔkwan soronko so, na sɛ wohu sɛ nkurɔfo ne wɔn adwene nhyia a, na wɔahaw.

Nea ɛma wɔyɛ saa. Ɛtɔ bere bi a sɛnea wɔtetee obi no na ɛma obu ne ho dodo saa no. Sɛ nhwɛso no, awofo bi ama adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi bu ne ho sɛ ɔkorɔn a aba so nnansa yi no adaadaa wɔn. Ɛte sɛ nea ntease wɔ adwene a wogyina so ka saa no mu: Sɛ wɔkamfo mmofra kakra na eye ma wɔn a, ɛnde nkamfo pii ye paa. Ɔkwan foforo so no, wosusuw sɛ, sɛ wɔka sɛ wɔn ani nnye biribi a abofra bi yɛ ho a, n’abaw mu bebu. Sɛ woanyɛ nneɛma a ɛbɛma wo ba ate nka sɛ ɔkorɔn a, wobebu wo sɛ wonyɛ ɔwofo pa. Anaasɛ wɔka kyerɛ awofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn mma te nka da sɛ wɔayɛ biribi a enye.

Enti agyanom ne ɛnanom pii fii ase kamfoo wɔn mma bere nyinaa, bere mpo a wɔnyɛɛ biribi pɔtee biara a ɛfata nkamfo. Sɛ wɔn mma tumi yɛ biribi ketewaa bi a wodi ho ahurusi, na sɛ wodi mfomso kɛse sɛ dɛn mpo a, wobu wɔn ani gu so. Awofo yi gye di sɛ nea ɛbɛma wɔn mma abu wɔn ho sɛ wɔkorɔn ne sɛ wobebu wɔn ani agu adebɔne biara a wɔyɛ so, na wɔakamfo wɔn wɔ biribiara ho. Wɔn mma no a wɔbɛma wɔate nka sɛ wɔbɔ mmɔden no ho hiaa wɔn kɛse sen sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔatumi ayɛ nneɛma a ɛbɛma wɔanya anigye.

Nea Bible ka. Bible ka sɛ, sɛ obi fata nkamfo a, ɛsɛ sɛ wɔde ma no. (Mateo 25:19-21) Nanso, sɛ wɔkamfo mmofra na ama wɔn tirim ayɛ wɔn dɛ kɛkɛ a, ɛbɛma wɔanya adwene a ɛmfata wɔ wɔn ho. Bible ka no pefee sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee a, na ɔredaadaa ne ho.” (Galatifo 6:3) Ɛno nti na Bible ka kyerɛ awofo sɛ: “Teɛ wo mma. Sɛ wode wo nan si fam a, worenkum wɔn.” *Mmebusɛm 23:13, Contemporary English Version.

Nea wubetumi ayɛ. Fa yɛ wo botae sɛ wode nteɛso bɛma wɔn bere a ehia, na woakamfo wɔn bere nso a wɔfata nkamfo. Nkamfo wo mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn tirim bɛyɛ wɔn dɛ kɛkɛ. Woyɛ saa a, biribi pa biara remfi mu mma. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ onya ahotoso a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden wɔ nea otumi yɛ mu na osua nneɛma afoforo nso ka ho, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛka akyerɛ wo sɛ woyɛ onipa kɛse esiane sɛ wote ase nti.”—Generation Me.

“Mmu wo ho nntra nea ɛsɛ. Mmom no, nya anidahɔ adwene.”—Romafo 12:3, Good News Translation

 2 Ahobammɔ ntraso

Ɔhaw a ɛde ba. Ɛte sɛ nea mmerante ne mmabaa pii fi adwuma ase bere a wonsiesiee wɔn ho sɛ wobegyina nsɛnnennen ano. Sɛ wɔkasa tia wɔn mu binom kakraa bi pɛ a, na wɔn abaw mu abu. Afoforo nso, ɛyɛ den nso sɛ wɔbɛsɔ wɔn ani, na adwuma a wɔn ani gye ho nkutoo na wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ nhwɛso no, Ɔbenfo Joseph Allen kaa aberante bi ho asɛm wɔ nhoma a wɔfrɛ no Escaping the Endless Adolescence no mu. Bere a worebisabisa no nsɛm a wobegyina so afa no wɔ adwuma no mu no, ɔkae sɛ: “Mitumi hu sɛ adwuma no afã horow bi a mɛyɛ no betumi ama m’ani ahaw kakra, na mempɛ sɛ meyɛ biribi a ɛbɛma m’ani ahaw.” Ɔbenfo Allen kyerɛw sɛ: “Ɛte sɛ nea onnim sɛ nnwuma nyinaa mu no, afã horow bi wɔ hɔ a ne yɛ yɛ anihaw kakra. Ɛyɛɛ dɛn na obi a wadi mfe 23 nnim eyinom?”

Nea ɛma wɔyɛ saa. Mfe kakra a atwam ni no, awofo pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma ho ban na wɔanhyia amanehunu biara. So wo babea dii nkogu wɔ sɔhwɛ a ɔyɛe no mu? Ebia wo de wo ho begye asɛm no mu na woaka akyerɛ ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ ɔmmoa no mma onni nkonim. Sɛ wo ba anka kar yiye na wɔkyere no nso ɛ? Ebia wubetua ɛka a wɔabɔ no no ama no. Sɛ wo ba aware nhyehyɛe gu nso ɛ? Wode ho asodi nyinaa bɛto nea ɔne no yɛɛ nhyehyɛe no so.

Ɛwom sɛ yefi awosu mu pɛ sɛ yɛbɔ yɛn mma ho ban de, nanso sɛ yɛbɔ wɔn ho ban tra so a, ɛbɛma wɔanya adwene a ɛnteɛ—ɛnsɛ sɛ wogye wɔn nneyɛe ho asodi tom. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ anka mmofra [a wɔte saa no] behu sɛ ɛyaw ne huammɔdi rentumi nkum wɔn, na wobesua biribi mpo afi mu no, wonyin bɛyɛ nnipa a wodwen wɔn nkutoo ho na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔn awofo ne afoforo yɛ nea wɔpɛ biara ma wɔn.”—Positive Discipline for Teenagers.

Nea Bible ka. Yɛrentumi nkwati amanehunu wɔ asetena mu. Nokwarem no, Bible ka sɛ: “Nneɛma bɔne to obiara!” (Ɔsɛnkafo 9:11, Easy-to-Read Version) Nnipa pa nso ka ho. Sɛ nhwɛso no, bere a na Kristoni ɔsomafo Paulo reyɛ ne som adwuma no, ohyiaa amanehunu ahorow nyinaa bi. Nanso, esiane sɛ otumi gyinaa amanehunu ano nti, onyaa so mfaso! Ɔkyerɛwee sɛ: “Masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛpene nea mewɔ so. . . . Masua ɔmee ne ɔkɔm nyinaa, sɛnea wonya ma ebu so ne sɛnea wodi hia nyinaa.”—Filipifo 4:11, 12.

Nea wubetumi ayɛ. Susuw sɛnea wo mma ho akokwaw no ho, na bɔ mmɔden sɛ wode Bible mu asɛm yi bedi dwuma: “Ɛsɛ sɛ obiara soa n’ankasa adesoa.” (Galatifo 6:5, CEV) Sɛ wo babarima bu afirika ho mmara so na aban bɔ no ka a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma ɔde sika a wode ma no anaa n’adwuma akatua no bi atua. Sɛ wo babea di nkogu wɔ sɔhwɛ mu a, ebia ɛsɛ sɛ eyi ma ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a bere foforo obesiesie ne ho yiye ama sɔhwɛ no. Sɛ wo babarima aware nhyehyɛe gu a, kyekye ne werɛ—nanso bere a ɛfata mu no boa no ma onsusuw nsɛmmisa te sɛ, ‘Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, so nea mefaa mu yi ama mahu nneɛma bi a ɛsɛ sɛ mema me ho kokwaw wom?’ Mmofra a wɔn ankasa bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn haw ahorow ho dwuma no sua sɛ wobenya ahotoso—su horow a sɛ obi di wɔn haw ho dwuma ma wɔn bere nyinaa a, ebia wɔrennya.

“Ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho.”—Galatifo 6:4

 3 Nneɛma a wɔma wɔn ma ɛboro so

Ɔhaw a ɛde ba. Bere a wobisabisaa mmerante ne mmabaa bi nsɛm no, wɔn mu ɔha mu nkyem 81 kae sɛ botae titiriw a wɔne wɔn atipɛnfo de asi wɔn ani so ne sɛ ‘wɔbɛyɛ adefo.’ Wɔkyerɛe sɛ wogye di sɛ eyi ho hia sen sɛ wɔbɛboa nnipa afoforo. Nanso, ahonyade a obi bɛpere ahwehwɛ no remma onnya akomatɔyam. Nokwarem no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa a wɔde wɔn adwene si honam fam nneɛma so no nni anigye pii na wɔhaw kɛse. Afei nso wɔtaa yareyare na wonya adwenemhaw sen afoforo.

Nea ɛma wɔyɛ saa. Ɛtɔ bere bi a, ɛyɛ mmusua a honam fam adedodowpɛ adi wɔn ti na wɔtete mmofra no. Nhoma bi ka sɛ: “Awofo pɛ sɛ wɔn mma ani gye, na wɔn mma nso pɛ sɛ wɔtotɔ nneɛma pii ma wɔn. Enti awofo no nso totɔ nneɛma ma wɔn. Eyi ma mmofra no ani gye bere tiaa bi, nanso ɛnkyɛ na wɔsan pɛ nneɛma foforo bio.”—The Narcissism Epidemic.

Nokwarem no, nnwuma a ɛbɔ nneɛma ho dawuru pɛ sɛ wonya wɔn a wɔpɛ honam fam nneɛma pii ma wɔtɔ wɔn nneɛma. Ɛma nkurɔfo nya adwene te sɛ, ‘Ɛfata sɛ wunya nea ɛyɛ papa paa’ efisɛ ‘Wosom bo paa.’ Mmerante ne mmabaa pii atie asɛm yi na seesei wɔde kã, wontumi ntua nneɛma a ‘ɛfata sɛ wonya’ no ho ka.

Nea Bible ka. Bible ka sɛ yehia sika. (Ɔsɛnkafo 7:12) Bere koro no ara ɛde kɔkɔbɔ ma sɛ, “sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini.” Ɛka ka ho sɛ: “Ebinom adi akyi ma . . . wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.” (1 Timoteo 6:10) Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asetenade a ɛho hia no dɔɔso ma yɛn, na ɛnsɛ sɛ yedi honam fam ahonyade akyi.—1 Timoteo 6:7, 8.

“Wɔn a wɔn ani bere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu.”—1 Timoteo 6:9

Nea wubetumi ayɛ. Sɛ́ ɔwofo no, susuw sɛnea wote nka wɔ sika ne nneɛma a ebetumi atɔ no ho. Hu nneɛma a ɛho hia paa na boa wo mma ma wɔnyɛ saa ara. Nhoma a yɛafa mu asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Awofo ne wɔn mma betumi afi ase asusuw nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi ho, ‘Bere bɛn na ɛyɛ papa sɛ yɛtɔ nneɛma a wɔrebɔ no donkomi? Bere bɛn na ɛnyɛ papa sɛ yɛyɛ saa?’ ‘Sika ahe na wɔayi afi so?’ ‘Bere bɛn na wotɔɔ biribi esiane sɛ obi foforo kae sɛ tɔ nti?’”—The Narcissism Epidemic.

Hwɛ yiye na woamfa “honam fam nneɛma” ankatakata ɔhaw ahorow a ɛsɛ sɛ mudi ho dwuma wɔ abusua no mu no so. Nhoma bi ka sɛ: “Honam fam nneɛma ntumi nni ɔhaw ahorow ho dwuma koraa. Ɛsɛ sɛ mode nhumu ne tema susuw nsɛm ho, na ɛnyɛ mpaboa ne bag na wɔde di ɔhaw ahorow ho dwuma.”—The Price of Privilege.

^ nky. 11 Bible no mma kwan sɛ wɔbɛyɛ mmofra ayayade anaasɛ wɔbɛteetee wɔn. (Efesofo 4:29, 31; 6:4) Nea enti a ɛsɛ sɛ ɔwofo teɛ ne ba so ne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ no, na ɛnyɛ sɛ ɔde bedwudwo n’abufuw ano.