Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Hawaii Posena Bo a Ɛsɔ Kanea

Hawaii Posena Bo a Ɛsɔ Kanea

HAWAII posena yi didi anadwo, na ɔwɔ ɔno ara ne kanea. Saa kanea yi deɛ, ɔsɔ sɛnea ɔde ne ho bɛhinta. Ne kanea no ne bosome ne nsoromma hann di afra. Aboa yi kanea no fi he? Ɔne mmoawammoawa bi di nsawɔso na ɛno na ɛboa ma ɔsɔ kanea no. Sɛ yɛhwɛ sɛnea mmoawammoawa no ne posena yi di nsawɔso a, yɛbɛtumi asua nneɛma pii afi mu ma aboa yɛn akwahosan.

Susu ho: Wobɛhu posena yi wɔ Hawaii mpoano. Sɛ bosome anaa nsoromma hann tɔ aboa bi so wɔ nsuo mu a, ɛnyɛ den sɛ n’atamfo bɛhu no akye no awe. Nanso posena yi deɛ, kanea bi wɔ ne bo na sɛ ɛsɔ a, wobɛka sɛ bosome na apae. Ɛba saa a, aboa biara nhu ne sunsuma mpo na wato ahyɛ ne so. Biribi wɔ posena no bo a mmoawammoawa no kɔhyɛ mu, na wɔsɔ kanea de bɔ posena no ho ban.

Saa mmoawammoawa yi ara na ɛboa posena no ma no hu bere a ɛsɛ sɛ ɔda ne bere a ɛsɛ sɛ ɔsɔre. Nyansahufo susu sɛ, sɛ mmoawammoawa yi tumi boa posena no ma ɔhu bere a ɛsɛ sɛ ɔda ne bere a ɛsɛ sɛ ɔsɔre a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ sɛ mmoawammoawa foforo wɔ hɔ a wɔyɛ adwuma koro yi ara. Ɛbɛtumi aba sɛ mmoawammoawa a ɛboa yam aduane wɔ yɛn yafunu mu no ara na ɛboa nipadua no ma ɛhu bere a ɛsɛ sɛ ɛyɛ nneɛma bi. Sɛ nneɛma ankɔ so yie a, ɛbɛtumi ama woanya adwenemhaw anaa asikyireyare. Bio nso ɛbɛtumi ama woayɛ kɛse aboro so anaa wo nna bɛyɛ basaa. Nyansahufo ahu sɛ, sɛ wɔsua posena yi ne mmoawammoawa no ho ade kɔ akyiri a, ɛbɛma wɔahu nea wɔbɛyɛ aboa ma nnipa akwahosan atu mpɔn.

Wosusu ho sɛn? Hawaii posena bo a ɛsɔ kanea yi, ɛnam adannandi so na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?