Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Anidaso Wɔ Hɔ Ma Ahiafo ne Adedamfikyiri

Anidaso Wɔ Hɔ Ma Ahiafo ne Adedamfikyiri

Joe te United States, na kan no na ɔyɛ sogyani. Ɔhaw a ɛtoo ɔne n’abusua maa ɔyɛɛ adedamfikyiri bɛyɛ mfe 18. Ɛduu baabi no, ɔfii ase kɔɔ nwomakorabea bi a ɛwɔ ne mpɔtam. Na Joe taa ne ɔbaa a ɔhwɛ hɔ no bɔ nkɔmmɔ. Saa nkɔmmɔ no sesaa n’asetena koraa.

Aberante bi a wɔfrɛ no Martín nso te Argentina. Na ɔnni anidaso biara wɔ asetenam, na na ɔnhu nea enti a ɔte ase. Ɛnneɛ, ɛhe na na ɔbɛnya anidaso? Ɔtu fii fie kɔtenaa mpoano baabi. Nanso saa a ɔyɛe no ammoa no; mmom ɛmaa ɔhaw no yɛɛ kɛse. Afei ɔde nisuo srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Sɛ wowɔ hɔ ampa a, ɛnneɛ mesrɛ wo ma menhu wo.” Dɛn na ɛfii mu bae? Yɛbɛhu akyiri yi.

ƐDƐN na ɛma nnipa bi yɛ adedamfikyiri? Ebinom wɔ hɔ a, ɔhaw bi a ɛtoo wɔn na awiewie wɔn saa, sɛnea ɛtoo Joe no. Afoforo deɛ, asetena afono wɔn, na wɔpɛ sɛ wotu fi fie kɔhyɛ baabi koom sɛnea Martín yɛe no. Ebinom nso wɔ hɔ a ohia, atoyerɛnkyɛm, basabasayɛ, nnubɔne, asaborɔ, anaa adwenemhaw na ama wɔdeda mfikyiri. Baabi wɔ hɔ a, adwuma nni hɔ na adan boɔ nso yɛ den.

Kan no na yɛsusu sɛ aman a ahia wɔn anaa akokoakoko asi wɔ so na nnipa pii nni baabi da. Nanso sɛnea Ɔbenfo Paul Toro kae no, “aman a wɔdi yie mpo, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔdeda mmɔnten.” * Aman a ɛte saa mu no, aban no ntumi nhwɛ ahiafo sɛnea ɛsɛ. Enti bere a wɔn a wɔdi yie renya sika pii no, na ohia redosa wɔn a wɔnni bi.

Nnipa pii dwene wɔn daakye ho. Nanso biribi wɔ hɔ a aboa ebinom ma enti wɔnnwennwene pii. Ɛyɛ dɛn? Wɔahu nea Bible ka fa yɛn daakye ho. Yɛbɛka ho asɛm seesei ara. Nanso asɛm no ne sɛ nnɛ mpo, Bible no boa ma yɛnya asetena pa. Emu afotu ma yɛtumi toto yɛn sikasɛm yie na yɛnya akwahosan pa. Joe ne Martín di wei ho adanse.

BIBLE SESAA NO KORAA

Cindi ne ɔbaa a yɛkaa ne ho asɛm sɛ na Joe ne no bɔ nkɔmmɔ wɔ nwomakorabea no. Cindi kaa sɛ, “Mehuu sɛ Joe di ne ho ni, ɔbrɛ ne ho ase, na n’adwenem da hɔ.” Cindi yɛ Yehowa Danseni, enti na ɔtaa ma Joe Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Afei nso ɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ Kristofo nhyiam bi. Bere a ɔkɔe no, Adansefo no gyee no fɛw so, enti daa na ɔkɔ. Ɔmaa kwan maa ɔbarima bi a ɔwɔ asafo no mu ne no suaa Bible.

Bible ama Joe anim aba nyam

Nea Joe suae no kyekyee ne werɛ paa, na ɔfii ase de Bible mu asɛm bɔɔ ne bra. Ná wei nna fam, efisɛ na ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae pii. Adeɛ baako a ɔhui ne sɛ nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn, enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. (Dwom 36:9) Ɔhuu sɛ sigaret gu nnipa ho fi, enti ɔgyaa sigaretnom koraa. Ná ɔpɛ sɛ ɔde afotusɛm a ɛwɔ 2 Korintofoɔ 7:1 yi yɛ adwuma: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.” Ampa, bere a Joe gyaa sigaretnom no, ɛboaa n’akwahosan. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara; ɛmaa ne sika nso ho tɔɔ no.

Bere a Joe suaa Bible no, ɔbɛhuu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma hwɛ yɛn ho, enti ɔfii ase hwehwɛɛ adwuma. * (1 Tesalonikafoɔ 4:11, 12) Ɔsɛnkafoɔ 2:24 ka sɛ: “Biribi pa bi nni hɔ mma [onipa] sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa, ne brɛ mu.” Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwumaden a, yɛn anim ba nyam, na wei ma yɛn ani gye. Bio nso ɛma yɛnya biribi boa ahiafo.—Efesofoɔ 4:28.

Cindi kaa sɛ: “Bere a asafo no mufo huu sɛ Joe ani abere no, wɔgyee no toom, na ebinom nso boaa no maa ne nsa kaa dan ne nneɛma bi a ɛsɛ sɛ aban de ma no.” Joe yeree ne ho na akyiri yi ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni. Ɛnnɛ, ɔno ankasa de ne suahu boa afoforo ma wɔhu sɛ ɛhia sɛ wɔsua Bible na wɔnya ɔsoro nyansa.—Mmebusɛm 3:13, 14.

ƆHUU NEA ENTI A YƐTE ASE

Bere a Martín dii mfe 20 no, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ mu ahu nea enti a yɛte ase. Ɔkaa sɛ: “Mesuaa nyansapɛ na mehwehwɛɛ ɔsom ahorow mu, na menom nnubɔne mpo. Na mesusu sɛ wei nyinaa bɛma m’ani agye, nanso ankɔsi hwee.” Martín tenaa California, U.S.A. kakra, na akyiri yi ɔtu kɔɔ Hawaii. Ɔduu hɔ no, na ‘ɛyɛ no sɛ wadu paradise awie.’ Nanso asase no fɛ ansesa hwee. Ɔkaa sɛ: “Na m’adwene nyinaa atu afra ma menhu nea menyɛ me ho. Nea ɛbɛtɔɔ mu koraa ne sɛ na mepɛ sɛ meku me ho.” Saa bere no na ɔsuu dendeenden srɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Sɛ wowɔ hɔ ampa a, ɛnneɛ mesrɛ wo ma menhu wo.”

Afei deɛ, Martín anya anidaso

Bere bi a atwam no, Martín huu sɛ wɔakyerɛw wɔ baabi sɛ “Yehowa Adansefo Ahenni Asa.” Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ nea wɔyɛ wɔ hɔ. Ɔkaa sɛ: “Saa bere no, na magya me ti nwi ne m’abogyesɛ kusuu, na atade a ɛhyɛ me nso, bɛyɛ abosome a ɛwɔ hɔ na mensii. Nanso obiara tee n’anim gyee me fɛw so.” Martín ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible, na na ɔtwa kwan fi baabi a ɔhyɛ wɔ mpoano hɔ ba kurom bɛsua ade.

Afei nsɛmmisa a na adan Martín adwendwene no, ɔfii ase nyaa ho mmuae. Wei maa ne koma tɔɔ ne yam na ɔhuu ampa sɛ Yesu asɛm yi yɛ nokware: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ.”—Mateo 5:3.

“Akyiri yi, na nkurɔfo fɛre me”

Bible mu asɛm a ɛboaa Joe no, ɛno ara na Martín de bɔɔ ne bra, na obiara huu sɛ n’asetena asesa. Martín hwɛɛ sɛ ɔbɛdi ne ho ni, na Yehowa Adansefo boaa no ma ɔnyaa adwuma ne baabi a ɔde ne ti bɛto. Martín kaa sɛ: “Kan no, na wɔfrɛ me adedamfikyiri, nanso akyiri yi, na nkurɔfo fɛre me.”

Martín san kɔɔ ne kurom Argentina, na ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni. Seesei, wayere ne ho reboa nnipa ma wɔahu nea enti a wɔte ase na wɔanya wɔn nsɛmmisa ho mmuae.

OHIA BƐFI HƆ MA OBIARA ANYA BAABI DE NE TI ATO

Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no mu baako ne Yeremia. Bere bi, atamfo bɛto hyɛɛ ɔne ne kuromfo so faa wɔn mu bebree kɔɔ nkoasom mu. Wei maa Yeremia ho hiahia no paa. (Kwadwom 1:3) Ɛwom, Yeremia nyaa ne ti didii mu, nanso ɔhweree ne ho nneɛma nyinaa. Ɔde awerɛhoɔ bɔɔ mpae sɛ: “Kae m’amanehunu ne sɛdeɛ mayɛ adedamfikyi.”—Kwadwom 3:19.

Yeremia huu amane deɛ, nanso wampa abaw. Adɛn ntia? Na ɔnim sɛ Yehowa rennya no saa da. (Yeremia 1:8) Bio nso, na wasua Kyerɛwnsɛm no ahu sɛ bere bi bɛba a, ohia ne amanehunu bɛfi hɔ na anigye ne asomdwoe aba.—Dwom 37:10, 11.

Ɛnyɛ nnipa aban na ɛbɛma yɛanya nhyira ahorow yi, na mmom aban papa bi a wɔfrɛ no Onyankopɔn Ahenni. (Daniel 7:13, 14) Yesu Kristo ne Ahenni yi so Hene. Bere a ɔwɔ asase so no, na ɔdwene ahiafo ho paa. (Luka 7:22; 14:13) Enti sɛ ɔdi yɛn so a, “ɔteneneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na . . . asomdwoeɛ bɛbu so. Ɔbɛgye hiani a ɔsu frɛ no, ne mmɔborɔni ne deɛ ɔnni boafoɔ nso. Ɔbɛgye wɔn kra afiri nhyɛsoɔ ne atirimuɔdensɛm mu.”—Dwom 72:7, 12, 14.

“Wɔbɛsisi adan atena mu.”—Yesaia 65:21

Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho nsɛm pii. (Luka 4:43) Ɔkaa mpo sɛ, yɛrebɔ mpae a, yɛnka sɛ: “W’ahennie mmra. W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Sɛ Onyankopɔn Ahenni di asase nyinaa so a, sɛn na asetena bɛyɛ? Bible yi n’ani so kakra kyerɛ yɛn. Wo deɛ hwɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama ne manfoɔ:

  • “Wɔbɛsisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. . . . Wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.”—Yesaia 65:21, 22.

  • “Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase, na obiara renyi wɔn hu. Asafo Yehowa no ara anom asɛm nie.”—Mika 4:4.

Sɛ yɛhyia sɔhwɛ a, saa anidaso yi bɛtumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina ano. Seesei mpo, Bible afotusɛm bɛtumi aboa yɛn ma yɛn asetena ayɛ papa, sɛnea aboa Joe, Martín ne nnipa foforo pii no. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn aka sɛ: “Deɛ ɔtie me no deɛ, ɔbɛtena hɔ komm na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.” (Mmebusɛm 1:33) Ɛnneɛ, tie Onyankopɔn na nya saa nhyira yi bi!

^ nky. 6 Akokoakoko, basabasayɛ, anaa ɔtaa atu nnipa pii afi wɔn fie ma wɔakɔbɔ wɔn ho adwaa wɔ mmeae foforo. Wobɛhu wei ho nsɛm wɔ February 8, 2002, Nyan! mu.

^ nky. 11 Yareɛ anaa onyin nti, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛyɛ adwuma. Nanso Onyankopɔn ani nnye ho sɛ obi a ɔsi pi si ta bɛbobɔ ne nsa agu ne bo a “ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma.”—2 Tesalonikafoɔ 3:10.