Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛnea Wubegyina Osũ ne Nteɛteɛm Ano

Sɛnea Wubegyina Osũ ne Nteɛteɛm Ano

ASƐNNENNEN

Sɛ wo ba a wadi mfe abien bo fuw a, ɔteɛteɛm de ne nan pempem fam, toto toto ne nsa ne ne nan. Wubisa wo ho sɛ: ‘Biribi haw me ba yi anaa? So biribi a menyɛ no yiye nti na osũ teɛteɛm no? So onyin a obegyae?’

Wubetumi aboa wo ba a wadi mfe abien no ma wasesa ne suban. Nanso nea edi kan koraa no, susuw nea ɛkɔfa ba no ho. *

NEA ƐMA ƐBA SAA

Asetenam osuahu pii a mmofra nni nti, wontumi nhyɛ wɔn nkate so papa. Ɛtɔ da a, ɛno ara kɛkɛ betumi ama wasũ ateɛteɛm. Nanso pii ka ho.

Susuw nsakrae a ɛba abofra asetenam bere a wadi bɛyɛ mfe abien no ho hwɛ. Efi bere a wɔwoo no no, n’awofo yɛ biribiara ma no. Sɛ mfatoho no, sɛ osũ ara pɛ a, na n’awofo de mmirika abɛhwɛ no. ‘Abofra yi yare anaa? Ɔkɔm de no anaa? Ohia akorɔkorɔ? Anaa ɛsɛ sɛ yɛsesa ne ho?’ Awofo no yɛ nea wobetumi biara ma no na ama ne ho atɔ no. Na ɛyɛ ne kwan so, efisɛ sɛ abofra awofo nni hɔ a, ɔrentumi nyɛ hwee.

Nanso sɛ abofra di mfe abien rekɔ a, ohu sɛ n’awofo mfa nea ɔpɛ nyinaa mma no bio te sɛ kan no. Nokwarem no, sɛ́ anka awofo no bɛyɛ nea abofra no pɛ ama no no, wɔhwɛ kwan sɛ abofra no bedi wɔn mmara so mmom. Nneɛma asesa, na ebetumi ayɛ den ama abofra a wadi mfe abien no sɛ obegye nsakrae a aba no atom—a ebia ɔrensu nteɛteɛm.

Bere rekɔ so no, abofra no yɛ nsakrae na ogye tom sɛ n’awofo nyɛ n’ahwɛfo kɛkɛ na mmom wɔn na ɛsɛ sɛ wɔma no akwankyerɛ. Sɛnea yɛbɛhwɛ kwan no, abofra no nso bɛba abehu sɛ ɛsɛ sɛ ‘otie n’awofo asɛm.’ (Kolosefo 3:20) Enkosi saa bere no, abofra no bɛkɔ so de osũ ne nteɛteɛm asɔ n’awofo abotare ahwɛ.

 NEA WUBETUMI AYƐ

Da ntease adi. Wo ba no da so ara yɛ abofra. Esiane sɛ onnim sɛnea ɔbɛhyɛ ne nkate so papa nti, sɛ ne bo fuw a, obetumi ayɛ ade ma atra so. Bɔ mmɔden sɛ wubehu tebea no sɛnea ohu no no.Bible nnyinasosɛm: 1 Korintofo 13:11.

Mma wo bo mfuw. Sɛ wo ba resu teɛteɛm na woma wo bo fuw a, ɛremmoa wo. Bɔ mmɔden bu w’ani gu osũ ne nteɛteɛm no so, na tɔ wo bo ase. Sɛ wokae nea ɛma abofra no sũ teɛteɛm a, ɛbɛboa wo ma woahyɛ wo ho so.Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 19:11.

Fa wo nan si fam. Sɛ wo ba de osũ ne nteɛteɛm hwehwɛ biribi fi wo hɔ na wode ma no a, ɛda adi sɛ bere foforo no, saa ara na ɔbɛyɛ. Mma wo bo mfuw wo ba no, na mmom ma onhu sɛ, worensesa w’ano.Bible nnyinasosɛm: Mateo 5:37.

Sɛ wokae nea ɛma abofra no sũ teɛteɛm a, ɛbɛboa wo ma woahyɛ wo ho so

Si abotare. Nhwɛ kwan sɛ osũ ne nteɛteɛm no betwa da koro pɛ, titiriw bere a woama wo ba no ahu sɛ sɛ osũ teɛteɛm a, ne nsa bɛka nea ɔpɛ no. Nanso sɛ woyɛ woade yiye na wusi pi bere nyinaa a, osũ ne nteɛteɛm no ano bɛbrɛ ase. Awiei koraa no, ebetu ayera koraa. Bible ka sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre.”1 Korintofo 13:4.

Afei, sɔ nea edidi so yi hwɛ:

  • Sɛ wo ba no fi ase sũ teɛteɛm a, sɔ ne mu bɔkɔɔ (sɛ bɛyɛ yiye a), na mma no kwan mma ɔnyɛ nneɛma basabasa. Nteɛteɛm ngu wo ba no so. Twɛn kosi sɛ ne bo bedwo. Awiei koraa no, abofra no behu sɛ osũ ne nteɛteɛm no amfa no ankosi hwee.

  • Hwehwɛ baabi a sɛ ɛba sɛ wo ba no sũ teɛteɛm a, wode no bɛkɔ akɔhyɛ. Sɛ wode no kɔhyɛ hɔ a, ka kyerɛ no sɛ, sɛ ogyae sũ a na wapue aba, na gyaw no hɔ.

  • Sɛ wo ba sũ teɛteɛm wɔ baguam a, twe no fi nnipa mu. Mfa nea ɔrehwehwɛ mma no esiane sɛ wompɛ sɛ ogu w’anim ase wɔ nnipa mu nti. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo ba no ahu sɛ sɛ osũ teɛteɛm a, ne nsa bɛka nea ɔpɛ biara.

^ nky. 5 Ɛwom sɛ yɛbɛka abofra no ho asɛm sɛ ɔbarima de, nanso nnyinasosɛm a yebesusuw ho no fa mmarima ne mmea nyinaa ho.