Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Fa Abrabɔ Gyinapɛn a Eye Dua Wo Mma Mu

Fa Abrabɔ Gyinapɛn a Eye Dua Wo Mma Mu

Loida, * ɛna bi a ɔwɔ Mexico, ka sɛ: “Wɔkyekyɛ kɔndɔm wɔ sukuu, enti ɛma mmabun te nka sɛ mfomso biara nni ho sɛ ɔbea ne ɔbarima bɛda bere dodow a wɔhyɛ kɔndɔm no.”

Nobuko, ɛna bi a ɔwɔ Japan, ka sɛ: “Mibisaa me babarima sɛ, sɛ ɛka ɔne n’adamfo ɔbea nkutoo wɔ baabi a, dɛn na ɔbɛyɛ. Obuae sɛ, ‘Minnim.’”

BERE a wo babarima anaa wo babea yɛ abotafowa no, so wobɔɔ ne ho ban fii nneɛma a ebetumi apira no ho? Ebia wokatakataa sɔkɛt a ɛma anyinam ahoɔden no ho, wode nneɛma a ebetumi atwa obi siei, na wusiw atrapoe ano kwan—woyɛɛ eyinom nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛbɔ wo ba no ho ban.

Ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobɛbɔ wo ba a wadu ne mpanyin afe so no ho ban saa! Seesei wowɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ wususuw ho. Ebi ne sɛ: ‘So me babarima hwɛ aguamansɛm?’ ‘So me babea twa n’ankasa adagyaw ho mfonini de mena mena ne nnamfo wɔ telefon so?’ Afei, asɛmmisa a ano yɛ den ne sɛ, ‘So me ba a wadu ne mpanyin afe so no de ne ho hyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu?’

Ɛho Nhia sɛ Wobɛyɛ Katee

Awofo binom bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ani bedi wɔn mma akyi da mũ nyinaa na wɔhwɛ sɛ wobehu biribiara a wɔyɛ mu. Akyiri yi, wɔn mu pii behu sɛ saa kwan a wɔfa so de wɔn ani di wɔn mma akyi no ma mmofra no yɛ nneɛma de sie wɔn mmom. Mmofra no ani bɛtew na wɔyɛ nneɛma a wɔn awofo mpɛ sɛ wɔyɛ no de sie wɔn.

Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ katee a wobɛyɛ no ne asɛm no. Yehowa Nyankopɔn ankasa mpo nhyɛ yɛn so mfa nhwehwɛ osetie mfi yɛn hɔ, na saa ara na ɛnsɛ sɛ awofo nso yɛ. (Deuteronomium 30:19) Enti wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo mma ma wɔasisi abrabɔ ho gyinae pa?—Mmebusɛm 27:11.

Ɔkwan titiriw a ɛsɛ sɛ wofa so ne sɛ wobɛtaa ne wo mma no abɔ nkɔmmɔ, na ɛsɛ sɛ wufi ase bere a wosusua koraa no. * (Mmebusɛm 22:6) Afei sɛ wodu wɔn mpanyin afe so a, kɔ so ara ka abrabɔ pa ho asɛm kyerɛ wɔn. Sɛ́ ɔwofo no, wo na ɛsɛ sɛ wo ba a wadu mpanyin afe so no ne wo di atirimsɛm. Abeawa bi a ofi Britain a wɔfrɛ no Alicia ka sɛ: “Nnipa pii susuw sɛ, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nnamfo mmom ka nna ho asɛm, nanso ɛnyɛ nokware. Sɛ yɛn awofo ka nokwasɛm a ɛte saa kyerɛ yɛn a, yɛn ani gye. Yegye wɔn di.”

Nea Enti a Abrabɔ Gyinapɛn a Eye Ho Hia

Bere a mmofra renyin no, wohia ɔbarima ne ɔbea nna ho nimdeɛ pii sen sɛ wobehu kɛkɛ sɛ ɛno na ɛde nyinsɛn ne awo ba. Ɛsɛ sɛ wɔn nso ‘wɔtete wɔn adwene ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Hebrifo 5:14) Ne tiawa mu no, ɛsɛ sɛ wonya ɔbea ne ɔbarima nna ho nimdeɛ a edi mu na wɔbɔ bra pa ma ɛne no hyia. Wobɛyɛ dɛn de abrabɔ gyinapɛn a eye adua wo ba mu?

Di kan susuw w’ankasa abrabɔ gyinapɛn ho. Sɛ nhwɛso no, ebia wugye di paa sɛ aguamammɔ—nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo ntam nna—yɛ bɔne. (1 Tesalonikafo 4:3) Ɛda adi sɛ wo mma nim wo gyinabea wɔ asɛm no ho; wobetumi mpo de Bible mu asɛm agyina nea wugye di no so. Sɛ obi bisa wɔn ɛho asɛm a, wobetumi abua sɛ nna a edi aware anim no yɛ bɔne.

Nanso pii ho hia. Sex Smart nhoma no ka sɛ, mmabun binom de wɔn ano bɛka sɛ wɔne wɔn awofo yɛ adwene wɔ aguamammɔ ho. Nhoma no ka sɛ: “Wonhu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ ho. Sɛ wɔkɔ tebea bi a ɛyɛ den mu na ɛho behia sɛ wosi gyinae amonom hɔ ara ‘wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade kodu ho a,’ wonhu nea wɔnyɛ na ɛma wɔn ho kyere wɔn.” Eyi titiriw nti na ɛsɛ sɛ wode abrabɔ gyinapɛn a eye dua wɔn komam no. Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ma wɔanya gyinapɛn ahorow yi?

Ma wonhu wo gyinapɛn pefee.

So wugye di sɛ ɔbea ne ɔbarima nna wɔ hɔ ma awarefo nkutoo? Ɛnde ka ho asɛm pefee kyerɛ wo mma a wɔadu mpanyin afe so no bere nyinaa. Sɛnea Beyond the Big Talk nhoma no kyerɛ no, nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, “wɔ afie a awofo ama wɔn mma akwankyerɛ pefee sɛ ɛnsɛ sɛ mmabun de wɔn ho hyɛ nna mu nkitahodi mu no, ɛma saa mmabun no twentwɛn wɔn nan ase wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho.”

Nokwarem no, sɛnea yɛadi kan aka no, akwankyerɛ a wode bɛma wo babarima anaa wo babea kɛkɛ no renkyerɛ sɛ ɔde bɛyɛ adwuma. Nanso abrabɔ gyinapɛn a eye a wode bɛtete wo mma no bɛma wɔanya fapem pa a wobegyina so asisi wɔn gyinae. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ akyiri yi mmofra pii de wɔn awofo akwankyerɛ di dwuma, ɛmfa ho mpo sɛ ebia mmofra no amfa anyɛ adwuma bere a na wɔyɛ mmabun no.

SƆ EYI HWƐ: Fa asɛm bi a asi nnansa yi fi nkɔmmɔbɔ ase na ka wo gyinapɛn ahorow ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, sɛ asɛm a esii no fa mmonnaato ho a, wubetumi aka sɛ: “Sɛnea mmarima bi sisi mmea no haw me paa. Wususuw sɛ ɛhe na wonya saa adwene no fi?”

Ma wonhu ɔbea ne ɔbarima nna ho nokwasɛm nyinaa.

Kɔkɔbɔ ho hia. (1 Korintofo 6:18; Yakobo 1:14, 15) Nanso, Bible no ka nna ho asɛm titiriw sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na ɛnyɛ Satan afiri. (Mmebusɛm 5:18, 19; Solomon Nnwom 1:2) Sɛ woka asiane a ɛwom nkutoo ho asɛm kyerɛ wo mma a wɔadu mpanyin afe so no a, ɛbɛma wɔanya nna ho adwene a ɛnteɛ a ennyina kyerɛw nsɛm so. Ɔbea bi a ɔwɔ France, a wɔfrɛ no Corrina ka sɛ: “Na m’awofo taa twe adwene si nna mu ɔbrasɛe so, na ɛma mibenyaa adwene a ɛmfata wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho.”

Hwɛ hu sɛ, wo mma behu ɔbea ne ɔbarima nna ho nokwasɛm nyinaa. Ɛna bi a ɔwɔ Mexico a wɔfrɛ no Nadia ka sɛ: “Nea bere nyinaa mabɔ mmɔden sɛ mɛma me mma a wɔadu mpanyin afe so no ahu ne sɛ, nna yɛ ade papa a Yehowa Nyankopɔn bɔ maa nnipa sɛ wɔmfa nnye wɔn ani. Nanso awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho da. Ebetumi ama yɛanya anigye na ebetumi nso de ɔhaw abrɛ yɛn, nanso ne nyinaa gyina sɛnea yɛde bedi dwuma so.”

SƆ EYI HWƐ: Bere foforo a wobɛka nna ho asɛm akyerɛ wo ba a wadu mpanyin afe so no, hwɛ sɛ wobɛma nkɔmmɔbɔ no aba awiei wɔ ɔkwan pa so. Nsuro sɛ wobɛka sɛ ɔbea ne ɔbarima nna yɛ akyɛde nwonwaso a efi Onyankopɔn hɔ a daakye obetumi anya mu anigye sɛ ɔwarefo. Ma wo ba no nnya ahotoso sɛ, ɛsɛ sɛ odi Nyankopɔn gyinapɛn so kosi sɛ ɔbɛware.

Boa wo ba ma onsusuw nea ebetumi afi mu aba ho.

Sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so betumi asisi gyinae pa wɔ asetenam biribiara mu a, ehia sɛ wohu sɛnea wɔbɛpaw biribiara a wɔbɛyɛ na afei wɔhwɛ nea ebetumi afi emu biara mu aba. Nsusuw sɛ sɛ mmofra no nim nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ a, ɛno ara dɔɔso. Kristoni bea bi a ɔwɔ Australia a wɔfrɛ no Emma ka sɛ: “Sɛ misusuw mfomso a midii bere a na meyɛ ababaa no ho a, metumi aka sɛ, Onyankopɔn gyinapɛn ahorow kɛkɛ a obi behu no nkyerɛ sɛ ogye tom. Mfaso a ɛwɔ saa gyinapɛn ahorow no so a wubehu—ne nea sɛ wubu so a ebefi mu aba—no ho hia titiriw.”

Bible betumi aboa, efisɛ emu nsɛm no pii kyerɛ nea sɛ obi yɛ bɔne a, etumi fi mu ba no mu pefee. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 5:8, 9 hyɛ mmerante sɛ wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho ‘na wɔamfa wɔn anuonyam amma ebinom.’ Sɛnea saa nkyekyɛm no kyerɛ no, sɛ obi de ne ho hyɛ nna a edi aware anim mu a, ɛka onii no suban, ɛsɛe ɔne Onyankopɔn ntam, na ɛmma n’ani nnye. Na ɛmma ne ho nyɛ obiara akɔnnɔ sɛ ɔbɛware no. Sɛ wo ba susuw asiane a sɛ obu Onyankopɔn mmara so a ebetumi ato no, yaw a obedi, ne ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ebetumi asɛe no ho a, ebetumi ahyɛ ne bo a wasi sɛ ɔde Onyankopɔn mmara bɛbɔ ne bra no mu den. *

SƆ EYI HWƐ: Fa mfatoho ahorow di dwuma fa boa wo ba ma onhu nyansa a ɛwɔ Nyankopɔn gyinapɛn a ɔde bedi dwuma no so. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛ: “Ogya a wɔde noa aduan ye; ogya a ɛhyew kwae nnye. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ogya abien no mu, na ɔkwan bɛn so na wo mmuae no fa anohyeto a Onyankopɔn de ama wɔ nna ho no ho?” Fa kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Mmebusɛm 5:3-14 no boa wo ba ma ɔnte asiane a ebetumi afi aguamammɔ mu aba no ase.

Takao a wadi mfe 18 a ɔwɔ Japan no ka sɛ, “Minim sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ, nanso biribi ko tia honam akɔnnɔ a ɛwɔ me mu no.” Mmabun a wɔte nka saa no betumi anya awerɛkyekye sɛ, ɛnyɛ wɔn nko na wɔte nka saa. Ɔsomafo Paulo mpo a na ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw no gye toom sɛ: “Bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho.”—Romafo 7:21.

Ɛsɛ sɛ mmabun hu sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na apereperedi a ɛte saa no yɛ bɔne. Ebetumi akanyan wɔn ma wɔasusuw nnipa pɔtẽẽ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ daakye no ho. Ebetumi aboa wɔn ma wɔabisa wɔn ho sɛ, ‘So mepɛ sɛ m’ankasa midi me ho so na wohu me sɛ obi a ɔwɔ suban pa, anaasɛ mepɛ sɛ wohu me sɛ obi a odi nea afoforo yɛ akyi?’ Sɛ wo ba no wɔ abrabɔ ho gyinapɛn a eye a, ebetumi aboa no ma wabua saa asɛm no yiye.—w11-E 02/1.

^ nky. 3 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wo ne wo ba befi nna ho nkɔmmɔbɔ ase ne sɛnea wobɛhwɛ ne mfe a wadi so ne no akasa a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, January-March, 2011, kratafa 30-32.

^ nky. 22 Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ “Young People Ask . . . Will Sex Improve Our Relationship?” a ɛwɔ April 2010 Awake! a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Dɛn na mede behu sɛ me ba no wɔ abrabɔ ho gyinapɛn a emu yɛ den?

  • Sɛ mereka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm akyerɛ me ba a, so meka ho asɛm sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ anaasɛ ɛyɛ Satan afiri?