Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWOFOYƐ

Sɛnea Wobɛhyehyɛ Mmara Ama Wo Babun

Sɛnea Wobɛhyehyɛ Mmara Ama Wo Babun

ASƐNNENNEN

Wo babun ka sɛ woyɛ katee dodo. Nanso wonte nka saa. Wususuw ho sɛ, ‘Sɛ manyɛ katee a, ɔbɛkɔ akɔtɔ asiane mu!’

Wubetumi ahyehyɛ mmara a ɛfata ama wo babun. Nanso, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu nea enti a ɛyɛ den ma no sɛ obedi wo mmara so no.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Atosɛm: Mmofra nyinaa tew atua; ɛyɛ ade a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.

Nokwasɛm: Sɛ awofo hyehyɛ mmara a ɛfata na wɔne wɔn mma no susuw ho a, mmofra no ntaa ntew atua.

Ɛwom sɛ nneɛma pii na ɛma mmofra tew wɔn awofo so atua de, nanso sɛ awofo hyehyɛ mmara denneennen na wɔansusuw mfe a mmofra no adi ho a, ɛma wɔtew atua. Susuw nea edidi so yi ho hwɛ:

  • Kateeyɛ. Sɛ awofo hyehyɛ mmara na wɔne wɔn mma ansusuw ho a, ɛremma mmofra no mmu no sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban, na mmom wobebu no sɛ aka wɔn ahyɛ. Eyi betumi ama wɔayɛ nea awofo no mpɛ wɔ sum ase.
  • Susuw wo ba no mfe a wadi ho. Wubetumi aka akyerɛ abofra ketewaa sɛ “Nea maka na maka,” nanso ɔbabun de, gye sɛ wokyerɛkyerɛ nsɛm mu kyerɛ no. Anyɛ yiye koraa no, ɛrenkyɛ na wo babun no atew ne ho akosisi n’ankasa gyinae ahorow. Saa bere yi a wo ne no te yi ne bere a eye paa sɛ osua sɛnea wosusuw nsɛm ho na wosisi gyinae.

Nanso sɛ wo mmara taa ma wo ba bo fuw a, dɛn na wubetumi ayɛ?

 NEA WUBETUMI AYƐ

Nea edi kan no, hu sɛ abofra biara pɛ sɛ ohu nea obetumi ayɛ ne nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ. Enti, hyehyɛ mmara, na hwɛ sɛ wo ba no te ne nyinaa ase. Nhoma bi ka sɛ, “Sɛ awofo hyehyɛ mmara a ɛfata ma mmabun na mmofra no hu sɛ awofo no ani wɔ wɔn so a, wɔntaa mfa wɔn ho nhyɛ nneyɛe bɔne mu.” (Letting Go With Love and Confidence) Nanso, sɛ awofo bu wɔn ani gu wɔn mma so na wɔma wɔn ahofadi pii a, ɛma mmofra no nya adwene sɛ wɔn ho asɛm nhia wɔn. Na ɛma wotumi tew atua.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 29:15.

Enti, wobɛyɛ dɛn akari pɛ? Ma wo babun no kwan ma ɔnkyerɛ n’adwene wɔ mmara a abusua no ahyehyɛ no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔka sɛ monyɛ bere a moahyɛ sɛ ɔmfa mmra fie no ho biribi a, tie no. Sɛ mo ba hu sɛ moatie n’asɛm nyinaa a, ɛrenyɛ den sɛ obegye mmara a moahyehyɛ no atom.—Bible nnyinasosɛm: Yakobo 1:19.

Nanso ansa na mubesi gyinae bi no, monkae asɛm yi: Mmabun taa hwehwɛ ahofadi pii sen nea wohia, na awofo nso mma wɔn nea ɛfata. Enti susuw nea wo babun no rebisa no ho yiye. So wakyerɛ sɛ obetumi adi nneɛma ho dwuma? So mo nsɛm tebea hwehwɛ sɛ mo gow nneɛma mu ma no? Sɛ ɛfata sɛ moyɛ nsakrae a, monyɛ no saa.—Bible nnyinasosɛm: Genesis 19:17-22.

Ɛnyɛ tie nko na ɛsɛ sɛ wutie wo ba no, mmom bɔ mmɔden sɛ wobɛma wahu wo haw nso. Sɛ woyɛ saa a, wobɛma wahu sɛ ɛnsɛ sɛ osusuw nea eye ma ne nkutoo ho.—Bible nnyinasosɛm: 1 Korintofo 10:24.

Awiei koraa no, si gyinae na kyerɛ nea enti a wusii saa gyinae no mu. Sɛ n’ani nnye gyinaesi no ho mpo a, ɛda adi sɛ n’ani begye ho sɛ ɔwɔ awofo a wɔayɛ krado sɛ wobetie no. Kae sɛ, woretete wo babun ma wahu sɛnea ɔbɛyɛ n’ade sɛ ɔpanyin. Sɛ wohyɛ mmara a ntease wom na wo ne wo babun susuw ho a, ɛbɛboa no ma wabɛyɛ ɔpanyin pa.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 22:6.