Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛnea Wobɛtete Wo Babun

Sɛnea Wobɛtete Wo Babun

ASƐNNENNEN

Abusua no ahyɛ sɛ ɛbɛbɔ anadwo 9:00 no, na obiara adum ne fon, nanso nnawɔtwe yi, woakyere wo babea mprenu sɛ ɔresɛnde text akɔma obi anadwo dasum. Sɛ wo babarima pue a, ɛsɛ sɛ ɛbɛbɔ anadwo nnɔn 10:00 no na wabedu fie, nanso ɛnnɛra anadwo nso—11:00 bɔe ansa na ɔreba fie.

Ɛwom, wo ba no adi mfomso. Nanso ɛsɛ sɛ wudi kan hu nea enti a ɔtaa bu wo mmara so. Dɛn ntia? Ebia na nea wususuw sɛ ɛyɛ aniammɔho no nte saa koraa.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Bere a nneɛma mu nna hɔ. Mmabun binom hyɛ da bu wɔn ani gu mmara so de hwɛ nea ebefi mu aba. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔwofo bi akyerɛ asotwe a ɔde bɛma ne ba wɔ bɔne pɔtẽẽ bi ho a, abofra no nso bɛsɔ ɔwofo no ahwɛ sɛ ɔbɛyɛ nea waka no anaa. So yebetumi aka sɛ mmabun a wɔte saa no yɛ atuatewfo? Ɛnte saa ankasa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ awofo amma nneɛma mu anna hɔ anaa wɔamfa wɔn nan ansi fam bere a wɔn mmabun abu wɔn ani agu mmara bi so no ho a, mmofra no remfa nneɛma aniberesɛm.

Kateeyɛ. Awofo binom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ mmara pii de akyekyere wɔn mma. Sɛ abofra no bu mmara no so a, ɔwofo no bo fuw na ɔhyɛ mmara pii mpo ka ho. Nanso, mpɛn pii no, ɛno sɛe asɛm no koraa. Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mpɛn dodow a wobɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ba no so no, dodow no ara na ɔno nso tew atua.” Ɛde ka ho sɛ: “Nhyɛso no te sɛ nea worebɔ mmɔden de bɔta a akyenkyen ayɛ paanoo a ɛyɛ mmerɛw anim: ɛma paanoo no bubu, enti wobɔ mmɔden sɛ dɛn ara a, ɛrenkosi hwee.”—Parent/Teen Breakthrough.

Nteɛso a ɛfata betumi aboa. Ɛsono “asotwe”—a ɛno ma obi hu amane—ɛnna ɛsono “nteɛso” a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ obi. Enti wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wo babun ma wadi wo mmara so?

 NEA WUBETUMI AYƐ

Ma nneɛma mu nna hɔ. Ɛsɛ sɛ mmabun hu nea wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ ankasa ne nea ebefi asoɔden a wɔbɛyɛ no mu aba.—Bible nnyinasosɛm: Galatifo 6:7.

Nyansahyɛ: Kyerɛw mmara a woahyehyɛ wɔ wo fie no. Afei bisa wo ho sɛ: ‘Mmara no dɔɔso dodo? Anaasɛ ɛnnɔɔso? Mmara no bi wɔ hɔ a ɛho nhia bio? So ɛsɛ sɛ mesakra mmara no mu esiane me ba no mmɔdenbɔ nti?’

Di w’asɛm so. Fa no sɛ nnawɔtwe a etwaam no, wo ba yɛɛ bɔne bi nanso woanka ho hwee. Sɛ ɔyɛ bɔne koro no ara nnawɔtwe yi na wotwe n’aso a, ebetumi ama n’adwene atu afra.—Bible nnyinasosɛm: Mateo 5:37.

Nyansahyɛ: Bɔ mmɔden sɛ wode “bɔne” a ɔbɛyɛ no ho asotwe a ɛfata bɛma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo babun anni bere a ɛsɛ sɛ ɔde ba fie no so, na wosan de bere a wode maa no kan no si hɔ bio de twe n’aso a, ne kwan so ara ne no.

Da ntease adi. Bere a wo babun redi mmara horow a wode ama no so no, kɔ so sesa nneɛma mu ma onhu sɛ w’asɛm nyɛ den.—Bible nnyinasosɛm: Filipifo 4:5.

Nyansahyɛ: Wo ne wo babun no ntena ase nsusuw mmara ahorow no ho. Wubetumi mpo ama wakyerɛ asotwe a ɛsɛ sɛ wode ma no bere a wabu mmara bi so no. Sɛ wo ne wo mma bom hyehyɛ mmara a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi so.

Ma onnya suban pa. Ɛnyɛ botae no ara ne sɛ wobɛboa wo ba no ma wadi w’ahyɛde so, na mmom sɛ obenya ahonim pa—nkate a ɛma obi hu papa ne bɔne. (Hwɛ adaka “Boa no Ma Onnya Suban Pa.”)—Bible nnyinasosɛm: 1 Petro 3:16.

Nyansahyɛ: Hwehwɛ mmoa fi Bible mu. Emu na wubetumi anya “nteɛso a ɛma nhumu,” na emu nyansa betumi ama ‘ogyimfo asua anitew, na aberante anaa ababaa anya nimdeɛ na wafa adwene.’—Mmebusɛm 1:1-4.