Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae?—Awurade Mpaebɔ No Ara Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Anaa?

Sɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae?—Awurade Mpaebɔ No Ara Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Anaa?

Nea Bible ka

 Awurade Mpaebɔ no boa yɛn ma yehu ɔkwan a yebetumi afa so abɔ mpae ne nneɛma a yebetumi abɔ ho mpae. Bere a Yesu asuafo no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn sɛnea wɔbɔ mpae” no, ɛno na ɛmaa ɔkyerɛɛ wɔn saa mpae no. (Luka 11:1) Nanso Awurade Mpaebɔ, anaa Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro mpaebɔ no, ɛnyɛ ɛno nko ara ne mpae a Onyankopɔn tie. a Saa mpae no de, Yesu de yɛɛ nhwɛso de kyerɛɛ sɛnea obi betumi abɔ mpae ama Onyankopɔn atie.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Nsɛm bɛn na ɛwɔ Awurade Mpaebɔ no mu?

 Awurade Mpaebɔ a ɛwɔ Mateo 6:9-13 no, ɛsono sɛnea Bible nkyerɛase bebree kaa no. Ɛho nhwɛso mmienu ni.

 Wiase Foforo Nkyerɛase: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro. Ma yɛn aduan a yehia no nnɛ da yi; na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.”

 Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro. Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ, na fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. b

 Awurade Mpaebɔ no kyerɛ sɛn?

 Nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe no, ɛne Bible no fã a aka no hyia, enti yebetumi agye adi sɛ nsɛm foforo wɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛate Awurade Mpaebɔ no ase yiye.

“Yɛn Agya a wowɔ soro”

 Ɛfata paa sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn “yɛn Agya,” efisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na ɔno ara nso na ɔmaa yɛn nkwa.—Yesaia 64:8.

“Wo din ho ntew”

 Onyankopɔn din Yehowa no, ɛsɛ sɛ wodi no ni na wɔtew ho, anaa wɔyɛ no kronkron. Sɛ yɛka Onyankopɔn su ahorow ne nea wabɔ ne tirim sɛ daakye ɔbɛyɛ no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛreboa ama wɔatew Onyankopɔn din no ho.—Dwom 83:18; Yesaia 6:3.

“W’Ahenni mmra”

 Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ soro a Yesu na ɔyɛ so Hene. Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmra mmedi asaase nyinaa so.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 11:15.

“W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro”

 Sɛnea bɔne anaa owu nni soro no, saa ara na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tena asaase so wɔ asomdwoe mu na wɔn ho dwo wɔn afebɔɔ.—Dwom 37:11, 29.

“Ma yɛn aduan a yehia no nnɛ da yi”

 Bere a Yesu wɔ asaase so no, na paanoo yɛ aduan a nnipa bebree di. Ade baako a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ, nneɛma a yehia na ama yɛatumi atena nkwa mu no, Ɔbɔadeɛ no na ɔde ma yɛn.—Asomafo Nnwuma 17:24, 25.

“Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no”

 Asɛmfua “aka” a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛkyerɛ bɔne. (Luka 11:4) Nnipa nyinaa yɛ abɔnefo, enti yehia bɔnefakyɛ. Nanso sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn a, gye sɛ yeyi yɛn yam de bɔne a nkurɔfo ayɛ yɛn kyɛ wɔn.—Mateo 6:14, 15.

“Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.”

 Yehowa Nyankopɔn mfa bɔne nsɔ yɛn nhwɛ. (Yakobo 1:13) Mmom “ɔbɔnefo no,” Satan Ɔbonsam na ɔsɔ yɛn hwɛ. Ɔno na wɔsan frɛ no “Ɔsɔhwɛfo no.” (1 Yohane 5:19; Mateo 4:1-4) Yɛbɔ Yehowa mpae sɛ, sɛ biribi a ɛbɛma yɛayɛ bɔne atia no sɔ yɛn hwɛ a, ɔmmoa yɛn na yɛntwe yɛn ho mfi ho.

 Nsɛm a ɛwɔ Awurade Mpaebɔ no mu no, ɛno nko ara na ɛsɛ sɛ obi kye gu ne tirim ka bere a ɔrebɔ mpae anaa?

 Yesu de Awurade Mpaebɔ no yɛɛ nhwɛso maa asuafo no, na aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛbɔ mpae. Ɛno nti sɛ obi rebɔ mpae a, enhia sɛ ɔka nsɛm a ɛwɔ Awurade Mpaebɔ no mu pɛpɛɛpɛ. Ansa na Yesu rebɛkyerɛ n’asuafo no Awurade Mpaebɔ no, otuu wɔn fo sɛ: “Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii.” (Mateo 6:7) Bere foforo a ɔrekyerɛ asuafo no sɛnea wɔbɛbɔ mpae no, ɔsesaa ne nsɛm mu.—Luka 11:2-4.

 Ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae ne sɛ yɛbɛka nea ɛwɔ yɛn komam akyerɛ Yehowa.—Dwom 62:8.

 Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae?

 Awurade Mpaebɔ no boa yɛn ma yehu ɔkwampa a yebetumi afa so abɔ mpae ama Onyankopɔn atie. Awurade Mpaebɔ no, ɛne mpae ahorow a ɛwɔ Bible mu no hyia paa. Yɛnhwɛ bi.

  •   Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae

     Kyerɛwsɛm: “Ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim.”—Filipifo 4:6.

     Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na ɛnyɛ Yesu, Maria, anaa ahotefo. Awurade Mpaebɔ no de asɛm a ɛne “Yɛn Agya,” na efii ase, na wei kyerɛ yɛn sɛ Yehowa Nyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae.

  •   Nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae

     Kyerɛwsɛm: “Biribiara a yebebisa a ɛne n’apɛde hyia no, obetie yɛn.”—1 Yohane 5:14.

     Nea ɛkyerɛ: Biribiara a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia no, yebetumi abɔ ho mpae. “W’apɛde nyɛ hɔ” a Yesu de yɛɛ adwuma wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no, ɔde kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn apɛde ho hia paa. Sɛ yesua Bible no a, ɛbɛma yɛahu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asaase ne nnipa.

  •   Yebetumi abɔ nneɛma a ehia yɛn ho mpae

     Kyerɛwsɛm: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na ɔbɛboa wo.”—Dwom 55:22.

     Nea ɛkyerɛ: Yɛn asɛm yɛ Onyankopɔn asɛm, enti sɛnea Awurade Mpaebɔ no mu no, Yesu kaa yɛn ahiade ahorow ho asɛm wom no, yɛn nso sɛ yɛrebɔ mpae a, yebetumi abisa nneɛma a yehia wɔ asetena mu da biara no. Afei sɛ yɛrepɛ akwankyerɛ de asisi gyinae a ɛho hia, yɛrehyia ɔhaw ahorow, anaa yehia bɔnefakyɛ a, yebetumi abɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn. c

a Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu ne n’asuafo no bɔɔ mpae bebree a emu nsɛm no nni Awurade Mpaebɔ no mu.—Luka 23:34; Filipifo 1:9.

b Nsɛm yi na Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe no de wiee Awurade Mpaebɔ no. Ɛka sɛ: “Na wo na ahenni ne ahoɔden ne anuonyam yɛ wo dea daa, Amen.” Saa mpaebɔ a wɔde yi Onyankopɔn ayɛ no, ɛwɔ Bible ahorow mu, na wɔfrɛ no ayeyisɛm. Nanso, nhoma bi ka sɛ: “Onyankopɔn ayeyisɛm no nni nsaano nkyerɛwee a wobu no sɛ ɛyɛ nokware sen biara no mu.”—The Jerome Biblical Commentary.

c Wɔn a wɔte nka sɛ wohia Onyankopɔn bɔnefakyɛ no, wɔn ahonim tumi bu wɔn fɔ ara ma enti wontumi mmɔ mpae. Yehowa to nsa frɛ wɔn a wɔte saa no sɛ: “Momma yɛntoto nneɛma yiye.” (Yesaia 1:18) Sɛ obi yɛ bɔne na ɔsakra srɛ bɔnefakyɛ a, Onyankopɔn de bɛkyɛ no.