Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu ne Obi a Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpaeɛ Anaa?

Yesu ne Obi a Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpaeɛ Anaa?

NHWEHWƐMUFOƆ bi bisabisaa mmabunu bɛyɛ 800 a wɔfiri ɔsom ahodoɔ bɛboro 12 mu nsɛm. Ɔbisaa wɔn sɛ Yesu tie mpaebɔ anaa? Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ wɔgye di paa sɛ Yesu tie mpaebɔ. Nanso wɔn mu baako deɛ, ɔtwaa edin Yesu no mu, na ɔtwerɛɛ “Onyankopɔn” hyɛɛ hɔ.

Wo nso, w’adwene yɛ wo sɛn? Yesu ne Onyankopɔn, wɔn mu hwan na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpaeɛ? * Sɛ yɛbɛnya asɛm yi ho mmuaeɛ a, gye sɛ yɛdi kan hwɛ mpaebɔ a Yesu kyerɛɛ n’asuafoɔ no.

HWAN NA YESU KAA SƐ YƐMMƆ NO MPAEƐ?

Yesu de ne nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛsoɔ kyerɛɛ onii a ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpaeɛ.

Yesu bɔɔ ne soro Agya no mpaeɛ. Ɛno yɛ nhwɛsoɔ a ɛsɛ sɛ yɛdi akyire

NE NKYERƐKYERƐ: Yesu asuafoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔbɔ mpaeɛ.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ biara a mobɛbɔ mpaeɛ no, monka sɛ, ‘Agya.’” (Luka 11:1, 2) Bio nso, wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no, ɔka kyerɛɛ n’atiefoɔ sɛ wɔmmɔ mpaeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Wɔmmɔ wɔn Agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ.’ Ɔsan maa wɔn awerɛhyem sɛ, “Mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ɛhia mo koraa ansa na moabisa no.” (Mateo 6:6, 8) Adeɛ rebɛkye ama Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ saa da no anadwo sɛ, “Biribiara a mobɛbisa Agya no ɔde bɛma mo me din mu.” (Yohane 16:23) Wei nyinaa ma yɛhu sɛ na Yesu pɛ sɛ yɛbɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Yesu ne yɛn nyinaa Agya no mpaeɛ.Yohane 20:17.

NE NHWƐSOƆ: Ná Yesu ankasa bɔ mpaeɛ te sɛ nea ɔkyerɛɛ n’asuafoɔ no ara pɛ. Ɔkaa wɔ ne mpaebɔ mu sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam.” (Luka 10:21) Berɛ foforɔ nso, “Yesu maa n’ani so kyerɛɛ soro kaa sɛ: ‘Agya, meda wo ase sɛ woatie me.’” (Yohane 11:41) Afei nso berɛ a Yesu rewu no, ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.” (Luka 23:46) Yesu bɔɔ ne soro Agya, “ɔsoro ne asase Wura” no mpaeɛ. Ɛno yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di akyire. (Mateo 11:25; 26:41, 42; 1 Yohane 2:6) Sɛ yɛhwɛ nea Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no wɔ mpaebɔ ho ne nhwɛsoɔ a ɔyɛeɛ no a, asuafoɔ no dii akyire anaa?

HWAN NA TETE KRISTOFOƆ NO BƆƆ NO MPAEƐ?

Berɛ a Yesu san kɔɔ soro no, ankyɛ koraa na atamfo tuu wɔn ani sii n’asuafoɔ no so. (Asomafoɔ Nnwuma 4:18) Enti asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ. Nanso, hwan na wɔbɔɔ no mpaeɛ? “Wɔde akoma korɔ maa wɔn nne so ka kyerɛɛ Onyankopɔn” wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔnkɔ so “mfa [n’akoa] kronkron Yesu din so” mmoa wɔn. (Asomafoɔ Nnwuma 4:24, 30) Yɛhu sɛ, sɛnea Yesu kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ wɔmmɔ mpaeɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛeɛ. Onyankopɔn na wɔbɔɔ no mpaeɛ, ɛnyɛ Yesu.

Mfie kakra akyi no, ɔsomafoɔ Paulo kaa sɛnea ɔne ne mfɛfoɔ bɔɔ mpaeɛ no ho asɛm. Berɛ a ɔretwerɛ ne mfɛfoɔ Kristofoɔ no, ɔkaa sɛ: “Berɛ biara a yɛbɛbɔ mpaeɛ ama mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase.” (Kolosefoɔ 1:3) Paulo san twerɛ kɔmaa ne mfɛfoɔ gyidifoɔ sɛ wɔnna yɛn ‘Nyankopɔn ne yɛn Agya ase daa wɔ biribiara mu, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.’ (Efesofoɔ 5:20) Nsɛm yi ma yɛhu sɛ Paulo hyɛɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔmmɔ ne ‘Nyankopɔn ne n’Agya mpaeɛ wɔ biribiara mu.’ Nanso, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ no wɔ Yesu din mu.Kolosefoɔ 3:17.

Tete Kristofoɔ no tiee mpaebɔ ho akwankyerɛ a Yesu de maa wɔn no. Yɛn nso, yɛbɛtumi ayɛ saa de akyerɛ sɛ yɛdɔ no. (Yohane 14:15) Sɛ yɛbɔ yɛn soro Agya no nko ara mpaeɛ a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ ɔtie yɛn mpaebɔ sɛnea Bible mu dwontofoɔ bi kaa wɔ Dwom 116:1, 2 sɛ: “Ɔdɔ ahyɛ me mã ɛfiri sɛ Yehowa tie me nne . . . mɛsu mafrɛ no me nkwa nna nyinaa.” *

^ nky. 3 Twerɛnsɛm no ma yɛhu sɛ Yesu ne Onyankopɔn nyɛ pɛ. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nwoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 4. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ.

^ nky. 11 Sɛ Onyankopɔn bɛtie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de n’asɛm bɔ yɛn bra. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nwoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 17. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ.