Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Bɔne a Edi Kan No?

Dɛn Ne Bɔne a Edi Kan No?

Nea Bible ka

 Adam ne Hawa ne nnipa a wodii kan yɛɛ bɔne. Bere a wɔantie Onyankopɔn ahyɛde na wodii “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no,” wɔyɛɛ nea nkurɔfo frɛ no bɔne a edi kan no. a (Genesis 2:16, 17; 3:6; Romafo 5:19) Ná Adam ne Hawa nni hokwan sɛ wɔkɔ saa dua no ho, efisɛ na egyina hɔ ma Onyankopɔn tumidi anaa hokwan a ɔwɔ sɛ ɔkyerɛ nnipa nea eye ne nea enye. Bere a Adam ne Hawa dii saa aduaba no, na ɛte sɛ nea wɔreka akyerɛ Onyankopɔn sɛ, wɔmpɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn nea eye ne nea enye, mmom wɔn ankasa bɛpaw nea wɔpɛ. Wei kyerɛ sɛ, bere a wodii aduaba no, wɔpoo Onyankopɔn tumidi.

 “Bɔne a edi kan” no kaa Adam ne Hawa sɛn?

 Bɔne a Adam ne Hawa yɛe nti, wɔsɛee wɔne Yehowa ntam, na hokwan a anka wobenya atena ase daa a yare nnim no bɔɔ wɔn. Awiei koraa no, wonyinyinii na wowuwui.—Genesis 3:19.

 Sɛn na “bɔne a edi kan” no aka yɛn?

 Bɔne a Adam ne Hawa yɛe no trɛw kaa wɔn asefo nyinaa. Ɛte sɛ awofo bi a wɔwɔ yare bi wɔ wɔn mogya mu. Sɛ wɔwo a, yare no bɛka wɔn mma no nyinaa. (Romafo 5:12) Ɛno nti wɔawo yɛn nyinaa “wɔ bɔne,” b mu; kyerɛ sɛ, sintɔ wɔ yɛn nyinaa ho, enti ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea eye.— Dwom 51:5; Efesofo 2:3.

 Esiane bɔne ne sintɔ a yenyaa fii Adam ne Hawa hɔ nti, yɛyare, yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa, na yewuwu. (Romafo 6:23) Ɛtɔ da a, bɔne a yɛyɛ ne bɔne a afoforo yɛ nso ma yehu amane.—Ɔsɛnkafo 8:9; Yakobo 3:2.

 Nea “bɔne a edi kan” no akɔfa aba no, wobetumi agye yɛn afi mu anaa?

 Yiw. Bible ka sɛ, Yesu wu de ‘pata maa yɛn bɔne.’ (1 Yohane 4:10) Yesu afɔrebɔ no betumi ama yɛade yɛn ho afi bɔne ne sintɔ a Adam ne Hawa de woo yɛn no mu. Ebetumi ama yɛn nsa aka nea wɔhweree bere a wɔyɛɛ bɔne no; yɛbɛtena ase daa a yɛnyare bio.—Yohane 3:16. c

 Adwene a ɛnteɛ bɛn na nkurɔfo ka fa “bɔne a edi kan” no ho

 Adwene a ɛnteɛ: Bɔne a edi kan no nti, nnipa rentumi ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ da.

 Nokwasɛm: Bɔne a Adam ne Hawa yɛe no, Onyankopɔn mfa ho asodi nto yɛn so. Onim sɛ yɛtɔ sin, enti ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ anaa biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so. (Dwom 103:14) Ɛwom, bɔne a ɛwɔ yɛn ho no tumi ma yehu amane, nanso yebetumi anya hokwan afa Onyankopɔn adamfo.—Mmebusɛm 3:32.

 Adwene a ɛnteɛ: Sɛ obi bɔ asu a, ɛhohoro bɔne a edi kan no fi ne ho, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmofra a wɔawo wɔn foforo asu.

 Nokwasɛm: Ɛwom, sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ asu, nanso sɛ wobetumi ahohoro obi bɔne afi ne ho a, gye sɛ onya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi. (1 Petro 3:21; 1 Yohane 1:7) Bible ma yehu sɛ, sɛ obi betumi anya gyidi a, gye sɛ ɔwɔ nimdeɛ. Yenim nso sɛ, mmofra a wɔawo wɔn foforo nni nimdeɛ biara a ɛbɛma wɔanya gyidi. Ɛno nti, mmofra a wɔawo wɔn foforo a wɔbɔ wɔn asu no, Bible mfoa so. Kristofo a wɔtenaa ase tete no nhwɛso no mpo kyerɛ saa. Wɔammɔ mmofra a wɔawo wɔn foforo asu, mmom “mmarima ne mmea” a wogyee Onyankopɔn Asɛm no dii na wɔbɔɔ wɔn asu.—Asomafo Nnwuma 2:41; 8:12.

 Adwene a ɛnteɛ: Onyankopɔn domee mmea, efisɛ Hawa na odii kan dii aduaba a na Onyankopɔn aka sɛ mma wonni no.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn annome mmaa, mmom ɔdomee “ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” a ɔdaadaa Hawa ma ɔyɛɛ bɔne no. (Adiyisɛm 12:9; Genesis 3:14) Afei nso, sɛ yɛreka a, Adam mmom na Onyankopɔn buu no sɛ wayɛ asoɔden, na ɛnyɛ ne yere no.—Romafo 5:12.

 Adɛn nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ obedi ne yere so? (Genesis 3:16) Saa asɛm a Onyankopɔn kae no nkyerɛ sɛ, na ɔpɛ sɛ Adam hyɛ ne yere so anaa odi n’ani. Nea na Onyankopɔn repɛ akyerɛ ne sɛ, bɔne a wɔyɛe no de ɔhaw bɛba. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima biara dɔ ne yere, odi no ni na onya obu a emu dɔ ma ɔbea biara.—Efesofo 5:25; 1 Petro 3:7.

 Adwene a ɛnteɛ: Bɔne a edi kan no yɛ ɔbarima ne ɔbea nna.

 Nokwasɛm: Ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna na ɛkɔfaa bɔne a edi kan no bae. Adɛn nti na yɛreka saa?

  •   Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ, ɛnsɛ sɛ odi papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no bi no, na ɔmmɔɔ Hawa.—Genesis 2:17, 18.

  •   Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ “monwo na monnɔɔso,” kyerɛ sɛ, wɔnwo mma. (Genesis 1:28) Sɛ Adam ne Hawa nya nna mu kyɛfa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛwo mma, na sɛ Onyankopɔn twe wɔn aso sɛ wɔyɛɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ne tirim yɛ den.

  •   Ɛsono bere a wɔn mu biara yɛɛ bɔne no; Hawa na odii kan yɛɛ bɔne, akyiri yi na Adam nso yɛɛ bɔne.—Genesis 3:6.

  •   Nna ho nkitahodi a ɛkɔ so wɔ okunu ne ɔyere ntam no, Bible pene so.—Mmebusɛm 5:18, 19; 1 Korintofo 7:3.

a Asɛm “bɔne a edi kan” no nni Bible mu. Sɛ yɛreka paa a, bɔne a edi kan a Bible ka ho asɛm ne atosɛm a Satan ka de daadaa Hawa no.—Genesis 3:4, 5; Yohane 8:44.

b Bible mu no, sɛ wɔde asɛmfua “bɔne” di dwuma a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi adi mfomso kɛkɛ, mmom etumi kyerɛ sintɔ anaa bɔne a yenyaa fii Adam ne Hawa hɔ no.

c Wopɛ sɛ wuhu pii fa Yesu afɔrebɔ no ne mfaso a ebetumi ama yɛanya ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne, “Yesu Yɛ Agyenkwa—Ɔkwan Bɛn So?