Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔma Nkurɔfo Hu Nokware No

Yehowa Adansefo ka nokwasɛm a ɛwɔ Bible no mu kyerɛ nnipa pii. Kenkan osuahu ahorow a wɔanya no bi ho asɛm.

Biribi a Ɛboaa Ayaresabea Adwumayɛfo a Wɔreteetee

Bere a korona yare no tuu atese no, ɔkwan bɛn so na anɛɛsefo ne adwumayɛfo a ɛwɔ ayaresabea bi nyaa biribi a ɛhyɛɛ wɔn nkuran?

Yare Kodiawuo Bere Yi Mu Mpo, Wɔkɔɔ So Ara Kaa Asɛmpa No

Yare kodiawuo no nti, akwan a Yehowa Adansefo fa so ka Bible mu awerɛkyekyesɛm kyerɛ nkurɔfo no asesa kakra. Nanso wɔda so ara de anigye ne ahokeka reyɛ saa adwuma no.

Nsuyiri a Ɛde Asɛmpa Bae

Nsu kɛse bi tɔe, na ɛmaa nnipa a wɔwɔ Nicaragua nkuraase nyaa mmoa fii baabi a wɔn ani nna.

Onifuraeni Bi Nyaa Ne Mpaebɔ Ho Mmuae

Mingjie bɔɔ mpae sɛ ɔpɛ sɛ ohu nokware Kristofo. Dɛn na ohui a ɛma ɔtee nka sɛ wanya ne mpaebɔ no ho mmuae?

Bible Adesua Baako Sow Aba Pii

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Guatemala tumi kaa nokwasɛm kyerɛɛ wɔn a wɔka Kekchi kasa no mu pii.

Ɔsɔfo Bi Nyaa Ne Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bere a ɔsɔfo bi ne ne yere hweree wɔn ba no, wosui paa. Nanso ankyɛ na wonyaa nsɛmmisa a ɛkyere wɔn adwene a ɛfa owu ho no ho mmuae a ɛtɔ asom.

Ná Wɔn Adwene Yɛ Wɔn Sɛ Ɔno Ne Ɔsɔfo No

Yehowa Danseni bi nyaa hokwan dii adanse wɔ Chile. Ɔma wohuu sɛ, na Onyankopɔn mpɛ sɛ nnipa bewu.

Wɔkɔkaa Asɛm No Kyerɛɛ Wɔn a Wɔtete Maroni Asubɔnten No Ho No

Yehowa Adansefo 13 a wɔrekɔka Bible mu asɛm a ɛma anidaso akyerɛ nnipa a ɛwɔ Amazon kwaebirentuw mu wɔ South Amerika. Baabi a wɔwɔ no atew ne ho.

Joseph Ne Polisifo Bi Kɔɔ Asɛnka

Sɛn na polisifo a wɔwɔ supɔw bi so boaa Yehowa Adansefo ma wɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no?

Wogyina Boaa Papa Bi

Ɛmfa ho sɛ na sukyerɛmma retɔ, na awɔw wom no, adɛn nti mmerante nnum bi sii wɔn bo sɛ wɔbɛboa papa bi?

“Nokwaredi Ketewaa Bi So Mfaso”

Yehowa Danseni bi a ɔwɔ South Africa hui sɛ bag bi a sika wom da baabi a wɔtɔn kɔfe. Hwɛ nea ɛma ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛhwehwɛ bag no wura na ɔde n’ade ama no no.

“Meyɛ Nea Metumi”

Ɛwom Irma adi mfe 90, nanso nkrataa a egyina Bible mu nsɛm so a ɔkyerɛw kɔma nkurɔfo no aka wɔn mu pii koma.

Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn

Hwɛ sɛnea Bible aboa abusua bi ama wɔn anigye, na wɔn aware asɔ

“Ɛyɛ Ɔkwan Foforo Koraa!”

Akyerɛkyerɛfo, afotufo ne nnipa pii ani agye video a ɛwɔ jw.org wɛbsaet no ho.

Papayɛ Baako a Kristoni Bi Yɛe

Ɛyɛɛ dɛn na papayɛ baako boaa obi a na n’ani nnye nokware som ho maa n’ani begyee nokware a ɛwɔ Bible mu ho?

Mpa Abaw!

Sɛ wo ne obi resua ade na ogyae a, mpa abaw; daakye obetumi abegye nokware no. Hwɛ sɛnea saafo no bi begyee nokware no ne nea enti a wɔyɛɛ saa.

Hulda Duu Ne Botae Ho

Ɔkwan bɛn so na Hulda tumi nyaa tablɛt a ɛbɛboa no wɔ asɛnka mu ne Kristofo nhyiam ase?

Nhyehyɛe Pa Sow Aba Pa

Abeawa bi a wadi mfe 10 too nsa frɛɛ ne sukuuni biara a ɔka Mapudungun kasa kɔɔ adeyɛ titiriw bi ase. Kenkan nea ɛma otumi yɛ saa.

Ɛyɛ a Wode W’adwene Si Nea W’ani Hu Nko Ara So?

Yehowa Danseni bi tɔɔ ne bo ase ne adedamfikyiri bi a ne ho nyɛ akɔnnɔ ketekete sei mpo kasae. Ekowiee sɛn?