Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔmaa Me Nkraman No Bisket

Wɔmaa Me Nkraman No Bisket

NICK a ɔte Oregon, U.S.A. no kyerɛwee sɛ: “Afe 2014 ahyɛase no, mede me nkraman mmienu bi puei sɛ yɛrekokyinkyin kakra wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Daa wubehu na Adansefo no ahyehyɛ nhoma wɔ trɔk a wɔde yɛ baguam adansedi so de akogyina baabi a nnipa taa fa wɔ mpɔtam hɔ. Ná wosiesie wɔn ho kama, na na wɔserew fɛfɛɛfɛ kyerɛ obiara a ɔretwam.

“Ɛnyɛ nnipa nko ara na na Adansefo no tew wɔn anim ma wɔn. Me nkraman no mpo, na wɔpɛ wɔn asɛm. Da koro bi, Elaine a na ogyina trɔk no ho no maa me nkraman mmienu no bisket. Ɛno akyi no, bere biara a yebedu Adansefo no nkyɛn wɔ trɔk no ho no, na nkraman no retwe me afa hɔ akɔhwɛ sɛ wɔbɛsan anya bisket awe anaa.

“Daa sɛ yedu hɔ a, na nkraman no nya wɔn bisket we, na na me nso me ne Adansefo no bɔ nkɔmmɔ tiawa. Wei kɔɔ so abosome kakra. Nanso na mempɛ sɛ me ne Adansefo no bɛbɔ nkɔmmɔ akɔ akyiri. Ná madi boro mfe 70, na na mintumi nhu nea Adansefo no gye di. Ná nsɔrensɔre pii adi me huammɔ, enti na mayɛ m’adwene sɛ me ara mesua Bible no.

“Saa bere no, na mihu Adansefo afoforo nso sɛ wogyina trɔk no bi ho wɔ mmeae afoforo wɔ kurow no mu. Ná wɔn nso anim tew paa. Bere biara, sɛ mibisa wɔn asɛm a, na wɔde Bible no na eyi me ano. Wei nti, nkakrankakra mibenyaa wɔn mu ahotoso.

“Da koro bi, Elaine bisaa me sɛ, ‘Wunim sɛ Onyankopɔn bɔɔ mmoa maa yɛn?’ Miyii no ano sɛ, ‘Yiw, minim paa!’ Afei, Elaine kenkan Yesaia 11:6-9 kyerɛɛ me. Asɛm yi pem me paa, enti meyɛɛ m’adwene sɛ mesua Bible no, nanso na mempɛ sɛ migye wɔn nhoma no.

“Efi saa bere no rekɔ no, me ne Elaine ne ne kunu Brent bɔɔ nkɔmmɔ ntiantiaa, nanso misuaa biribi fii mu paa. Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkenkan Mateo nkosi Asomafo Nnwuma, na ɛbɛboa me ma mahu nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ Kristoni amapa. Enti, meyɛɛ saa. Ankyɛ na mepenee so sɛ me ne Brent ne Elaine besua Bible no. Nea mereka yi sii afe 2016 mfinimfini mu hɔ.

“Nnawɔtwe biara na mehwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ me Bible adesua no, na makɔ adesua wɔ Ahenni Asa so. Ɛyɛɛ me dɛ paa sɛ na meresua nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa. Afe baako ne kakra akyi no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Ɔdansefo. Seesei, madi mfe 79, na minim sɛ ɔkwan pa no ara na menam so no. Yehowa ahyira me sɛ ɔde me abɛka n’asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho.”