Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nokwaredi Ketewaa Bi So Mfaso”

“Nokwaredi Ketewaa Bi So Mfaso”

 Danielle yɛ Yehowa Danseni bi a ɔte South Africa. Da koro bi, ohuu sɛ obi agyaw ne bag wɔ baabi a wɔtɔn kɔfe. Ɔhwɛɛ bag no mu no, na onii no sika ne ne credit kaad wom. Danielle yɛe sɛ, sɛnea ɛte biara ɔbɛhwehwɛ bag no wura, na ɔde n’ade ama no. Enti ɔhwɛɛ bag no mu hwɛe sɛ obenya onii no address anaa ne tɛlɛfon nɔma na wafrɛ no. Nanso ɔbarima bi din pɛ na ohuu wom. Enti ɔde credit kaad no kɔɔ ɔbarima no bank kɔhwɛɛ sɛ obenya n’address anaa ne nɔma na wafrɛ no, nanso ankosi aga. Danielle ampa abaw, ɔsan hwɛɛ bag no mu, na ohuu dɔkota bi nɔma wɔ krataa bi a ɛwɔ bag no mu so. Bere a ɔfrɛɛ nɔma no, ekosii ɔbaa bi so. Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ɔde ne nɔma bɛma ɔbarima a ne bag ayera no na wafrɛ no.

 Bere a dɔkota no frɛɛ ɔbarima no a n’ade ayera no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Abaayewa bi de Danielle, na ose wahu wo bag a ayera no, enti ɔrehwehwɛ wo de ama wo.” Papa no tee saa no, ɛyɛɛ no nwonwa paa. Enti ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ, obehyia Danielle na wagye ne bag. Okoduu baabi a wɔyɛe sɛ wobehyia no, ohuu Danielle ne ne papa. Danielle ne ne papa maa ɔbarima no huu nea enti a wɔayɛ biara sɛ wɔbɛhwehwɛ no de ne bag ama no no. Wɔka kyerɛɛ papa no sɛ, wɔyɛ Yehowa Adansefo, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu nsɛm bɛbɔ wɔn bra. Ɛno nti, bere nyinaa wɔyere wɔn ho sɛ wobedi nokware.—Hebrifo 13:18

 Akyiri yi, ɔbarima no kyerɛw text message de kɔdaa Danielle ne ne papa ase sɛ wɔde ne bag no brɛɛ no. Ɔkaa sɛ: “Meda mo ase paa sɛ moyɛɛ nea mubetumi biara sɛ mobɛhwehwɛ me de me bag abrɛ me. Mihyiaa mo no, sɛnea mo ne me kasae no maa m’ani gyei paa. Na mo anim yɛ serewserew. Ɛma mihu sɛ mopɛ nnipa. Nea moayɛ ama me yi, me werɛ remfi da. Ɛno nti, mepɛ sɛ mede sika yi ma mo de da mo ase. Minim sɛ mode nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi asom Onyankopɔn yiye. Nokware a Danielle adi no ma mihu sɛ moyɛ nnipa pa. Meda mo ase paa. Onyankopɔn nhyira adwuma a moreyɛ no so.”

 Abosome kakra akyi no, Danielle papa hyiaa ɔbarima a wɔde ne bag maa no no. Ɔka kyerɛɛ Danielle papa sɛ, wɔde ne bag no maa no akyi no, ankyɛ biara na ɔno nso huu obi de a ayera. Nea ɛbae ne sɛ, na ɔredi gua wɔ baabi, na ohui sɛ obi bag a ne sika hyem da fam. Ɔno nso hwehwɛɛ bag no wura de maa no. Ɔde maa ne wura no, ɔmaa ohuu nea enti a ɔde bag no abrɛ no. Ɔka kyerɛɛ maame no sɛ, ɛnkyɛe biara na obi nso de ne bag a ayera brɛɛ no. Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ obi hu obi ade a ayera, ɛnna ɔrehwehwɛ no de ama no a, anka wiase bɛyɛ kama paa.”