Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yare Kodiawuo Bere Yi Mu Mpo, Wɔkɔɔ So Ara Kaa Asɛmpa No

Yare Kodiawuo Bere Yi Mu Mpo, Wɔkɔɔ So Ara Kaa Asɛmpa No

 Efi bere a COVID-19 yare kodiawuo yi yii ne ti no, akwan a yɛn nuanom fa so ka Bible mu awerɛkyekyesɛm kyerɛ nkurɔfo no, wɔasesa mu. Kan no, na yɛhyehyɛ yɛn nhoma no wɔ trɔk so si abɔnten anaa yɛkɔ nkurɔfo fie kɔka asɛm no kyerɛ wɔn. Nanso seesei yɛfrɛ nkurɔfo wɔ tɛlefon so di wɔn adanse anaa yɛkyerɛw wɔn krataa. a Adwumaden a yɛreyɛ yi, nnipa bebree akyerɛ ho anisɔ, na Yehowa nso rehyira so. (Mmebusɛm 16:3, 4) Wo de, hwɛ suahu ahorow bi a yɛn nuanom a wɔte supɔw bi so anya.

 Ansa na yare kodiawuo no reyi ne ti no, na yɛn nuabea bi a yɛfrɛ no Helen taa kɔsra ɔbea bi ne no bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Bere biara a ɔbɛka sɛ ɔpɛ sɛ ɔne ɔbea no sua Bible no, na ɔbea no mfa ne ti nnye. Nanso ade rebɛkye ama COVID-19 yare no nti aban no aka obiara ahyɛ fie no, ɔbea no gyee Bible ne nhoma a yɛato din, Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? a Helen de maa no no. Bere a obiara hyɛ fie no, Helen san de too n’anim sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no sua Bible. Ɔmaa ɔbea no huu sɛ wobetumi ayɛ adesua no wɔ tɛlefon so. Saa bere yi de, ɔbea no penee so. Adesua no yɛɛ no dɛ ara maa ɔka kyerɛɛ Helen sɛ wonsua ade da biara. Afei Kristofo nhyiam a na yɛyɛ no nyinaa, na otie no wɔ tɛlefon so. Ɛno da nkyɛn a, ofii ase de nea ɔresua fi Bible mu no bɔɔ ne bra, na ɔne nkurɔfo kyɛɛ nea ɔresua no nso.

 Yehowa Adansefo asafo baako mu nso, wɔde sii wɔn ani so sɛ, apolisifo a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no, wɔbɛkyerɛw wɔn nkrataa de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ adwuma pa a wɔreyɛ no. Apolisifo no nsa kaa nkrataa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa. Wɔn mu baako ka kyerɛɛ asafo mu panyin bi a yɛfrɛ no Jefferson sɛ, “Ná mekaa sɛ Yehowa Adansefo de, mompɛ yɛn asɛm.” Jefferson maa no huu sɛ ɛnte saa koraa. Nkrataa a Adansefo no kyerɛw kɔmaa apolisifo no, na emu nsɛm yɛ dɛ, na wɔn ani gyee ho paa. Enti polis station no kwan ano no, wɔde nkrataa no bobɔɔ hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo rewura mu a wobehu. Polisini baako kaa sɛ, “Nkrataa wei bɛma nkurɔfo anya yɛn ho adwempa na wɔabu yɛn.”

 Edna ne Ednalyn yɛ akwampaefo. b Baabi a wɔte no, na wonni Intanɛt, enti na wontumi nhwɛ asafo nhyiam no bi. Wei nti wɔfrɛɛ maame bi a ɔte bɛn wɔn bisaa no sɛ, anyɛ biara wobetumi de ne Intanɛt no ayɛ adesua, na ɛyɛ a wɔatua no ka. Maame no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wobetumi de ayɛ, enhia sɛ wotua ho ka. Edna ne Ednalyn too nsa frɛɛ maame no sɛ ommetie adesua no bi, na ɔbae. Yɛrekasa yi, maame no ne ne ba ne ne nananom mmienu ne Adansefo no resua Bible no, na wɔtaa kɔ Kristofo nhyiam.

 Adansefo bi yɛe sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn adwumamfo ne nkurɔfo a wɔte wɔn mpɔtam ama wɔabetie ɔkasa bi a wɔbɛma no videoconference so. Ná Ɔdansefo bea bi yɛ adwuma wɔ ayaresabea bi a ɛwɔ mpɔtam hɔ. Ne din de Ellaine. Ná ɔfɛre sɛ ɔbɛto nsa afrɛ n’adwumamfo ama wɔabetie ɔkasa no bi. Ná ɛyɛ no sɛ dɔktafo no bi nni Adansefo ho adwempa. Nanso ne nyinaa akyi omiaa n’ani kyerɛw message dɛdɛɛdɛ bi wɔ ne fon so de menaa dɔktafo no de too nsa frɛɛ wɔn. Awarefo bi a wɔyɛ dɔktafo de, Ellaine anto nsa afrɛ wɔn. Nanso odwen asɛm no ho bio bɔɔ ho mpae, na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn. Bere a wɔn nsa kaa message no, ɔbea no nso kyerɛw bebisaa no sɛ: “Adɛn, wopɛ sɛ meba mo asɔre no bi anaa?” Ellaine maa no hui sɛ obiara tumi ba Yehowa Adansefo nhyiam no bi. Ade kyee no, Ellaine nkɔhwɛ a awarefo no na aba adesua yi bi yi; wɔbaa ntɛm nso. Ɛyɛɛ no nwonwa paa. Ellaine kaa sɛ: “Aka kakra ama yɛapɔn adesua no, mihui ara ne sɛ manya message. Nea ɔkae ne sɛ: ‘Ɛnnɛ ne da a edi kan a maba Yehowa Adansefo nhyiam. Ɛyɛ kama paa, m’ani agye sɛ! Medaase sɛ wofrɛɛ me ma mebaa bi.’”

Ellaine

 Dɔktafo 20 na Ellaine too nsa frɛɛ wɔn, na wɔn mu 16 na ɛbae. Wei maa n’ani gyei ma ɔkaa ɔsomafo Paul asɛm no bi. Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ me dɛ paa sɛ minyaa ‘akokoduru’ kaa ‘Onyankopɔn asɛmpa’ no kyerɛɛ m’adwumamfo.”—1 Tesalonikafo 2:2.

 Ɛwom, yare kodiawuo yi ama nneɛma mu ayɛ den ama obiara. Nanso yɛn nuanom a wɔwɔ supɔw yi so ne wiase baabiara no anigye nsɛee. Wɔde ahokeka reyɛ nea wobetumi biara aka awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Bible mu no akyerɛ nkurɔfo na wɔaboa wɔn.—Asomafo Nnwuma 20:35.

a Yehowa Adansefo reyɛ asɛnka adwuma no a, wɔhwɛ sɛ mmara a ɛfa nhyehyɛe a wɔde bɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban no, wobedi so.

b Akwampaefo yɛ Yehowa Adansefo a wɔde nnɔnhwerew pii ka asɛmpa no.