Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔkɔkaa Asɛm No Kyerɛɛ Wɔn a Wɔtete Maroni Asubɔnten No Ho No

Wɔkɔkaa Asɛm No Kyerɛɛ Wɔn a Wɔtete Maroni Asubɔnten No Ho No

 Wokɔ Amazon kwaebirentuw a ɛwɔ South Amerika no mu a, wubehu nkurɔfo a ɛka kasa horow, ne nkurɔfo a wofi mmusuakuw ahorow mu ne aman horow so wɔ hɔ. Ɛhɔ asetena no nte sɛ kurow kɛse mu a nkurɔfo rebu fa so na ɛhɔ yɛ dede no. Enti July 2017 no, Yehowa Adansefo 13 bi kaa wɔn ho boom sii mu sɛ wɔrekɔ Maroni Asubɔnten no atifi fam, ne nsuwansuwa a efi apuei fam wɔ French Guiana bɛbɔ asubɔnten no mu no ho. Adɛn nti na wɔkɔɔ hɔ? Wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔka Bible mu asɛm a ɛma anidaso no akyerɛ nkurɔfo a wɔtete asubɔnten no ho no.

Akwantu No Ho Ahoboa

 Wotu kwan no a, na wobedi nnafua 12. Enti aka bosome ama wɔahyɛ akwantu no ase no, wɔn a na wɔbɛkɔ bi no nyinaa hyiaam yɛɛ akwantu no ho ntotoe. Winsley kaa sɛ: “Yɛhwɛɛ ɛhɔ abakɔsɛm ne sɛnea ɛhɔ te. Afei nso, yɛhwɛɛ ahoboa a ehia sɛ yɛyɛ ansa na yɛatu kwan no.” Obiara faa ahamankaa anaa mpa bi a yɛde sɛn hɔ da mu, ne ntontom dan de guu ade mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsu renka. Ná wɔbɛfa wimhyɛn mprenu, na wɔde nnɔnhwerew bebree nso atena subonto mu ansa na wɔakodu baabi a wɔrekɔ no.

Claude ne Lisette

 Wɔn a woyii wɔn sɛ wɔnkɔ bi no, sɛn na na wɔte nka? Claude ne Lisette deɛ, wohuruw sɔe. Nso wɔn mmienu nyinaa, na obiara adi bɛyɛ mfe 65. Claude kaa sɛ: “M’ani gyei paa, nanso na misuro kakra, efisɛ na mate sɛ asubɔnten no bu fa so dodo.” Lisette nso, na ɔwɔ nea ɛhaw no. Ɔkaa sɛ: “Amerindianfo kasa a na mintumi nka no na na meredwen ho.”

 Ná Mickaël nso rekɔ bi. Ɔno nso, na kasa no ho asɛm haw no. Nea ɔkae ne sɛ: “Ná yennim Wayanafo no ho nsɛm pii. Enti yɛkɔɔ Intanɛt so kosuaa wɔn kasa no kakra a yebetumi de akyia.”

 Shirley ne ne kunu Johann nso kɔɔ bi. Wɔkyerɛw kasa ahorow ahorow a wɔn a wɔtete asubɔnten no ho ka no. Shirley kaa sɛ: “Yɛkɔɔ jw.org kɔtwee video a ɛwowɔ saa kasa no dodow no ara mu. Afei nso, yɛpɛɛ nhoma bi a yɛde sua Wayana kasa.”

Wokoduu Amerindian Man Mu

 Benada, July 4, ɛnna kuw a ɛrekɔka asɛmpa no faa wimhyɛn fii Saint-Laurent du Maroni kɔɔ French Guiana kurow ketewa bi a ɛwɔ akyirikyiri a wɔfrɛ no Maripasoula.

 Afei, kuw no tenatenaa subonto bi a wɔfrɛ no pirogue mu, na wɔkɔɔ Maroni atifi fam nsuwansuwa ho nkuraa no ase. Wɔde nnannan kaa asɛmpa no bi kyerɛɛ nnipa a ɛtete hɔ no. Roland nso kɔɔ bi. Ɔkaa sɛ: “Yehuu sɛ Amerindianfo no ani gye Bible mu asɛm ho paa. Wobisaa nsɛm bebree, na na ebi pɛ sɛ yɛne wɔn sua Bible.”

 Johann ne Shirley hyiaa awarefo bi a wonnyinii pii wɔ akuraa bi ase. Ná wɔn busuani bi kum ne ho nkyɛe. Johann kaa sɛ: “Yeyii video a yɛato din A Native American Finds His Creator kyerɛɛ wɔn.” Saa video no wɔ JW Broadcasting. Ɔtoaa asɛm no so sɛ, “Video no kaa awarefo no koma paa. Wɔde wɔn e-mail address maa yɛn, efisɛ na wɔpɛ sɛ wɔne yɛn di nkitaho.”

 Baabi a Yehowa Adansefo no kɔe nyinaa, baabi a na ɛwɔ akyiri paa ne Antécume Pata. Woduu hɔ no, na wɔabrɛ. Enti ɔhene a ɔwɔ akuraa no ase no maa wɔn baabi wɔ hɔ maa wɔde wɔn ahamankaa no sensɛnee. Afei nso, woguaree asubɔnten no mu sɛnea kuromafo no yɛ no.

 Bere a wofii akuraa no ase no, wɔtoaa to kɔɔ akuraa bi a yɛfrɛ no Twenké ase. Woduu hɔ no, na kurom hɔfo resu wɔn ho nipa bi a wawu. Éric yɛ wɔn a wɔyɛɛ akwantu no ho ntotoe no baako. Ɔkaa sɛ: “‘Kuro Wura’ anaa ɔhene a ɔwɔ hɔ no maa yɛn kwan sɛ yebetumi akɔ akuraa no ase baabiara akɔkyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. Yɛkenkan nsɛm bi fii Wayana Bible mu kyerɛɛ ɔhene no ne n’abusuafo, na wɔn ani gyee ho paa. Afei nso, owusɔre a Bible ahyɛ ho bɔ no, yeyii ho video kyerɛɛ wɔn.”

Wɔkɔɔ Grand-Santi Ne Apatou

 Ɛno akyi no, wɔtenaa wimhyɛn mu fii Maripasoula de wɔn ani kyerɛɛ asubɔnten no anaafo kɔɔ kurow ketewa bi mu; wɔfrɛ hɔ Grand-Santi. Benada ne Wukuda no, wɔkaa Bible mu asɛm kyerɛɛ kurom hɔfo no. Eduu Yawda no, Yehowa Adansefo no faa Maroni Asubɔnten no so de nnɔnhwerew nnum ne fã twaa kwan kɔɔ akuraa bi a yɛfrɛ no Apatou ase.

Maroni Asubɔnten no ne Amazon kwaebirentuw; ɛda Maripasoula ne Grand-Santi ntam

 Ade rebɛkye ama wɔde wɔn akwantu no aba awiei no, wɔkɔɔ Maroonfo nkuraase a ɛwowɔ kwae no mu no. Maroonfo no yɛ nkoa a wofi Afrika asefo, Afrika nkoa a wɔtɔɔ wɔn de wɔn baa South Amerika bere a na Suriname man a ɛbɛn hɔ no nnyaa faahodi no. Yehowa Adansefo no bɔɔ apata kɛse bi wɔ akuraa hɔ de yɛɛ nhyiam, na wɔtoo nsa frɛɛ kurom hɔfo nyinaa sɛ wommetie bi. Claude kaa sɛ: “Nnipa bebree baa bi, na yɛn ani gyei paa. Nso, anɔpa no ara na yɛtoo nsa frɛɛ wɔn!” Karsten maa baguam kasa wɔ Aukan kasa mu. Na ɔkasa no asɛmti ne: “Asetena Yɛ Ɔbrɛgu Anaa Anidaso Wɔ Hɔ?” Wei ne bere a edi kan a na Karsten akɔ saa akwantu no bi. Nnipa 91 na ebetiee kasa no bi. Wofifi nkuraa nkuraa no ase na ɛbae.

“Yenya Kwan a, Yɛbɛsan Akɔ Bio!”

 Afei deɛ, wɔn a wotuu kwan kɔkaa asɛmpa no san baa Saint-Laurent du Maroni. Sɛnea ɛhɔfo tiee asɛm no, gyee nhoma, na wɔhwɛɛ video pii a Yehowa Adansefo ayɛ no, ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.

 Lisette kaa sɛ: “Ɔkwan a mekɔe no, sɛnea ama m’ani agye no, minhu nea menka mpo.” Cindy nso ne no yɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ mensan nkɔ bio a, anka mede mmirika na ɛbɛkɔ. Sɛ wonkɔɔ bi a, worenhu ne dɛ!”

 Wɔn a wɔkɔe no ani gyei paa, enti ebinom pɛ sɛ wɔsan kɔ bio. Mickael kaa sɛ: “Yenya kwan a, yɛbɛsan akɔ bio!” Winsley atu akɔtena Saint-Laurent du Maroni. Claude ne Lisette nyinaa, obiara adi bɛyɛ mfe 65. Wɔn nso ayɛ wɔn adwene sɛ wobetu akɔtena Apatou.