Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Papayɛ Baako a Kristoni Bi Yɛe

Papayɛ Baako a Kristoni Bi Yɛe

MFE 60 a atwam no, John papa bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ná ɔwɔ kurow ketewa bi mu wɔ Gujarat, India. Ná John nuanom mmarima ne mmea baanum ne wɔn maame nyinaa yɛ Roma Katolekfo mapa. Enti na wɔsɔre tia ɔsom a wɔn papa wom no.

Da bi, John papa somaa no sɛ ɔmfa nhoma kotoku (envelope) bi nkɔma onua bi a ɔne no wɔ asafo mu. Nanso saa anɔpa no, bere a John rebue dade ankora bi so no, etwaa no twa bɔne. Ne nyinaa akyi no, na John pɛ sɛ ɔyɛ nea ne papa aka no, enti ɔde ntamagow kyekyeree ne nsa a na ɛretu mogya no, na osiim de nhoma kotoku no kɔe.

John duu baabi a ɔde amenade no rekɔ no, onua no yere na ogyei; ná ɔno nso yɛ Yehowa Dansefo. Bere a ɔbea no regye no, ohui sɛ biribi atwa John nsa. Ɔkae sɛ John mma ɔnhwɛ mma no. Ɔbea no kɔfaa adaka a ne nnuru wom bae. Ɔde aduru popaa kuru no anim kyekyeree ne nsa no maa no. Afei, ɔyɛɛ tii hyehyeehyew maa John, na ɔtew n’anim ne John bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ.

Papa a onuawa no yɛɛ John nti, afei na adwene a John wɔ wɔ Adansefo ho no resesa. Enti obisaa ɔbea no nsɛm mmienu bi a Katolekfo ne Adansefo no adwene nhyia wɔ ho. Baako ne sɛ, enti Yesu, ɔno ara ne Onyankopɔn anaa? Ɛnna nea ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ Maria mpae anaa? Ná Ɔdansefo no asua John kurom kasa Gujarati, enti ɔde Bible maa no mmuae, na ɔde “Ahenni hõ Asɛmpa Yi” nhomawa nso maa no.

Akyiri yi, John kenkan nhomawa no, na ɛyɛɛ no sɛ afei na wahu nokware a ɛwɔ Bible mu. Ɔkɔɔ ne sɔfo hɔ kobisaa no nsɛm mmienu a obisaa onuawa no. Ankyɛ na ɔsɔfo no koko paee, na ɔtoo Bible bɔɔ John. Ɔteɛɛm sɛ: “Woadan Satan! Kyerɛ me baabi a Bible ka sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn. Kyerɛ me baabi a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsom Maria. Mise kyerɛ me!” Nea ɔsɔfo no yɛe no maa John ho dwiriw no paa. Enti John ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ, “Merentu me nan nsi Katolek asɔre mu bio.” Ampa, wansi hɔ bio nso!

John ne Adansefo no fii ase suaa ade, na ogyee nokware no; ɔsom Yehowa. Bere bi akyi no, John abusuafo binom baa asafo no mu. Ɛnnɛ, ade a etwaa John nsa nifa akyerɛkyerɛkwan bɛyɛ mfe 60 a atwam no, etwã no da so ara wɔ hɔ. Ɛda so ara kae no papa baako a Kristoni bi yɛ maa no no; ɛno na ɛtwee no baa nokware som mu.—2 Kor. 6:4, 6.