Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Biribi a Ɛboaa Ayaresabea Adwumayɛfo a Wɔreteetee

Biribi a Ɛboaa Ayaresabea Adwumayɛfo a Wɔreteetee

 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Bryn te North Carolina, U.S.A., na ɔka Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw a ɛwɔ hɔ no ho. Saa Boayikuw no ne ayaresabea ahorow di nsawɔso paa sɛnea ɛbɛyɛ a ayarefo a wɔyɛ Yehowa Adansefo no benya ayarehwɛ a edi mu.

 Ɛnam korona nsanyare no nti, na ayaresabea pii mma ahɔho kwan mma wɔmma hɔ. Ná Bryn pɛ sɛ ohu ɔkwan a ɔbɛfa so aboa Adansefo a wɔda ayaresabea bi a ɛwɔ ne mpɔtam, enti ɔfrɛɛ hɔ sɛ ɔpɛ sɛ ɔne ɔpanyin a ɔhwɛ ma ayarefo nya awerɛkyekyesɛm fi nyamesomfo hɔ no kasa.

 Wɔmaa Bryn ne ɔpanyin no abadiakyiri kasae. Esiane sɛ wɔmma kwan mma ahɔho mma hɔ nti, Bryn kaa sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka wɔmfa ne nɔma mma Adansefo a wɔda hɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ne wɔn akasa, na ɔpenee so maa no.

 Afei Bryn de n’adwene kɔɔ adwumayɛfo a wɔwɔ ayaresabea hɔ no so. Ɔka kyerɛɛ ɔpanyin no abadiakyiri no sɛ n’ani asɔ adwuma a wɔreyɛ no, na ogye di sɛ wɔn ho ye. Ɔka kaa ho sɛ, wakenkan nsɛm bi ahu sɛnea korona yare no ama nnipa reteetee wɔ wiase baabiara, ɛnkanka ayaresabea adwumayɛfo.

 Abadiakyiri no ka sii so sɛ, ampa, korona yare no ama wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea hɔ no rehaahae.

 Ɛnna Bryn kaa sɛ: “Sɛ wokɔ yɛn wɛbsaet hɔ a, wubenya nsɛm a ebetumi aboa nkurɔfo a wɔreteetee. Sɛ wokɔ jw.org na wobɔ ‘adwinnwen’ hyɛ adaka a yɛde hwehwɛ ade no mu a, wubenya nsɛm bi a ɛhyɛ nkuran ama w’adwumayɛfo no.”

 Bere a wogu so rekasa no, abadiakyiri no kɔɔ wɛbsaet hɔ na ɔbɔɔ asɛmfua “adwinnwen” hyɛɛ adaka a yɛde hwehwɛ ade no mu, na eyii nsɛm a wɔakyerɛw afa ho no maa no. Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ, “Sɛɛ ɛnyɛ agorɔ! Mɛka ho asɛm akyerɛ me panyin no. Nsɛm a ɛwɔ hɔ no bɛboa ayaresabea ha adwumayɛfo ne afoforo nso. Mɛprinte bi akyekyɛ ama wɔn.”

 Nnawɔtwe kakra akyi no, Bryn nyaa ɔpanyin no ne no kasae, na ɔpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ, sɛnea abadiakyiri no kae no, wɔkɔɔ jw.org wɛbsaet no so kɔhwehwɛɛ nsɛm a ɛfa adwinnwen ne ateetee ho. Nea wonyae no nso, wɔprinte maa anɛɛsefo ne ayaresabea hɔ adwumayɛfo.

 Bryn kaa sɛ: “Ɔpanyin no daa me ase wɔ adwuma a yɛyɛ no ho, na ɔkaa sɛ, nsɛm a ɛwɔ wɛbsaet no so no yɛ kama. Ɔkaa sɛ, ɛboaa wɔn paa.”