Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onifuraeni Bi Nyaa Ne Mpaebɔ Ho Mmuae

Onifuraeni Bi Nyaa Ne Mpaebɔ Ho Mmuae

 Yanmei yɛ Ɔdansefo bi a ɔte Asia. Da koro bi, ɔboaa maame bi a n’ani afura a yɛfrɛ no Mingjie ma otwaa lɔre kwan mu. a Mingjie daa Yanmei ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn nhyira wo!” Ɛno akyi no, Yanmei ka kyerɛɛ Mingjie sɛ, sɛ ɔpɛ a ɔbɛba abɛsra no na ɔne no abɔ Bible mu nkɔmmɔ. Mingjie ka kyerɛɛ Yanmei sɛ, da biara ɔbɔ mpae sɛ, Onyankopɔn mmoa no na onhu asɔre a ɛyɛ papa. Adɛn nti na na ɔbɔ saa mpae no?

 Mingjie ka sɛ, afe 2008 mu no, n’adamfo bi ka kyerɛɛ no sɛ, asɔre bi wɔ hɔ a ɛboa nkurɔfo a wɔadi dɛm, enti ɔmmra ma wɔnkɔ bi. Bere a wɔpɔn asɔre no, Mingjie bisaa ɔsɔfo no nhoma ko a oyii ne nkyerɛkyerɛ no fii mu. Ɔka kyerɛɛ Mingjie sɛ, oyii ne nsɛm no fii Onyankopɔn Asɛm Bible no mu. Wei maa Mingjie ani gyee ho sɛ ɔbɛkan Bible. Enti okonyaa Chinese Bible bi a wɔakyekyɛm afã ahorow 32. Ɔde abosome nsia kenkan ne nyinaa. Bere a Mingjie gu so rekenkan no, obehui sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ a asɔre a ɔkɔ no kyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. Afei nso, obehui sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa.

 Akyiri yi, Mingjie behui sɛ asɔrefo no abrabɔ nye. Efisɛ ɔhwɛ nea ɔrekenkan wɔ Bible mu, na ɔde toto sɛnea asɔrefo no bɔ wɔn bra no ho a, na enhyia. Enti n’abam bui. Nea na wɔyɛ no bi ne sɛ, sɛ wɔrekyɛ aduan a, wɔde papa no ma wɔn a wɔn ani mfurae no, na wɔde ase no ama anifuraefo no. Mingjie behui sɛ wɔne anifuraefo no nni no yiye, enti ɛyɛɛ ne yaw paa. Ɔyɛe sɛ ɔbɛhwehwɛ asɔre foforo akɔ. Wei nti na Mingjie bɔɔ mpae sɛ, Onyankopɔn mmoa no na onhu asɔre a ɛyɛ papa no.

 Nea Yanmei yɛ de boaa Mingjie no kaa ne koma paa. Enti ɔpenee so sɛ, ɔne no mmesua Bible. Akyiri yi, ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam, na ɔnkɔɔ bi da. Mingjie ka sɛ: “Me werɛ remfi saa nhyiam no da. Sɛnea anuanom gyee me fɛw so no kaa me koma paa. Ɛwom m’ani afura, nanso ɔdɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ me no de, mihui. Ná nyiyim biara nni hɔ.”

 Mingjie kɔɔ so suaa ade, na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam a ɔntoto mu. Ade a na n’ani gye ho paa ne nnwom a wɔto wɔ asafo nhyiam ase no. Nanso na nnwom no bi nni braille mu, enti na ɛyɛ den sɛ obesua to. Wei nti, asafo no boaa ma ɔno ara yɛɛ nnwom nhoma no bi. Nnwom ahorow 151 a ɛwɔ yɛn nnwom nhoma no mu no, Mingjie de nnɔnhwerew 22 na ɛyɛɛ ne nyinaa! April afe 2018 mu no, Mingjie fii ase kɔɔ asɛnka. Bosome biara, otumi de nnɔnhwerew 30 na ɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo.

Sɛ wode nhoma bi mu nsɛm rekɔ braille mu, ɛnyɛ adwuma ketewa

 Bere a Mingjie yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛbɔ asu no, nsɛmmisa a ɛyɛ a yɛne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu susuw ho a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no mu no, Yanmei ka guu afiri so ma Mingjie bɔ tiei. July afe 2018 mu no, Mingjie bɔɔ asu. Mingjie ka sɛ: “Ɔdɔ a anuanom daa no adi wɔ nhyiam no ase no kaa me paa. Ɛma misui, mihuu sɛ asɔre papa paa no ni.” (Yohane 13:34, 35) Seesei Mingjie nso pɛ sɛ ɔda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo, enti ɔde ne bere pii ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo.

a Wɔasesa din ahorow no.