Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amanehunu Begyae Nnansa Yi Ara!

Amanehunu Begyae Nnansa Yi Ara!

Wubenya sɛ wote wiase a amanehunu nnim mu—wiase a nsɛmmɔnedi, akokoakoko, ɔyare ne atoyerɛnkyɛm biara nnim! Woda sɔre anɔpa biara a, wunnwen sikasɛm ho, na ɛmma w’adwenem mpo sɛ obi bɛyɛ nyiyim atia wo anaa obi bɛhyɛ wo so. Eyi nyinaa yɛ anansesɛm bi kɛkɛ anaa? Ampa, onipa anaa onipa nhyehyɛe biara rentumi mma saa nneɛma yi mma da. Nanso Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi nneɛma a ɛde amanehunu ba nyinaa afi hɔ, na nneɛma a yɛadi kan aka ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no nyinaa nso befi hɔ. Kenkan Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu yi:

ABAN PAPA BƐBA

“Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”Daniel 2:44.

Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ soro. Yesu Kristo na wɔapaw no sɛ ɔnyɛ so Hene, na n’Ahenni no ne aban a nnipa ahyehyɛ rensen so; ɔbɛhwɛ ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ soro ne asase so nyinaa. (Mateo 6:9, 10) Sɛ Ahenni no nya ba a, aban biara rentumi nyi mfi hɔ, efisɛ ɛyɛ “Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni.” Asomdwoe remmɔ nnipa da.2 Petro 1:11.

ATORO SOM BEFI HƆ

“Satan mpo kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse biara. Nanso ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.”2 Korintofo 11:14, 15.

Wɔbɛma ada adi sɛ atoro som yɛ Ɔbonsam nnwuma no bi, na wobeyi afi wiase. Ɛno nti, ɔtan hunu ne mogyahwiegu a nyamesom de ba nyinaa befi hɔ. Eyi bɛma nnipa a wɔdɔ “Onyankopɔn teasefo ne ɔnokwafo no” de “gyidi biako” asom no, na wɔasom no “honhom ne nokware mu.” Asomdwoe ne biakoyɛ de, nnipa bɛfa no kwa!1 Tesalonikafo 1:9; Efesofo 4:5; Yohane 4:23.

BƆNE BEFI NNIPA HO

“Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”Adiyisɛm 21:3, 4.

Yesu na owu maa nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa, na Yehowa Nyankopɔn nam ne Ba no so na ɛbɛyɛ eyinom nyinaa. (Yohane 3:16) Yesu bedi anim ahwɛ ayi bɔne nyinaa afi nnipa ho.  Saa bere no, amanehunu nyinaa befi hɔ, efisɛ “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena,” na ɔbɛpopa wɔn “aniwam nusu nyinaa.” Ɛrenkyɛ, bɔne befi nnipa ho na amanehunu nso befi hɔ, efisɛ “treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”Dwom 37:29.

AHONHOMMƆNE BEFI HƆ

“[Yesu Kristo kyeree] ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dedaw a ɔne Ɔbonsam ne Satan no, na ɔkyekyeree no mfe apem. Na ɔtow no kyenee amoa no mu, na ɔtoo no mu sɔɔ ano na wantumi ankɔdaadaa amanaman no bio.”Adiyisɛm 20:2, 3.

Sɛ wɔkyekyere Satan ne n’adaemone no to wɔn gu “amoa no mu” a, wɔrentumi nyɛ hwee, kyerɛ sɛ, wɔn tumi nyinaa befi hɔ. Wɔrentumi nhyɛ nnipa mma wɔnyɛ bɔne bio. Enti wiase foforo no mu no, Satan ne adaemone no rennya nnipa so tumi bio. Ahotɔ bɛn ni!

“NNA A EDI AKYIRI” NO BƐBA AWIEI

“Nna a edi akyiri” no de yɛn bewura nea Yesu frɛɛ no “ahohiahia kɛse” no mu. Ɔkae sɛ: “Afei ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba.”Mateo 24:21.

Nea enti a saa ahohiahia no bɛyɛ kɛse ne sɛ nsɛm akɛseakɛse besisi. Nsɛm akɛseakɛse yi bɛkɔ akowie “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko,” anaasɛ “Harmagedon.”Adiyisɛm 16:14, 16.

Nnipa a wɔwɔ wiase baabiara a wɔdɔ trenee no rehwɛ kwan sɛ saa wiase nhyehyɛe bɔne yi befi hɔ. Wo de, ma yɛnhwɛ nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no bi.

ONYANKOPƆN BƐYƐ PII AKA HO!

Wobegye “nnipakuw kɛse bi” nkwa akɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu: Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “nnipakuw kɛse bi” a yennim wɔn dodow ‘befi ahohiahia kɛse no mu,’ na wobegye wɔn nkwa akɔ trenee wiase foforo mu. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14; 2 Petro 3:13) Nnipakuw kɛse no behu sɛ wɔn nkwagye fi Yesu Kristo, “Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no.”Yohane 1:29.

Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ yɛn ama yɛanya mfaso pii: Sɛ wiase foforo no ba a, “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã.” (Yesaia 11:9) Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛne nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu, na yɛahwɛ asase ne nneɛma a ɛwɔ so no yiye. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.”Yesaia 48:17.

Wobenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no afi adamoa mu: Bere a Yesu wɔ asase so no, onyanee n’adamfo Lasaro fii awufo mu. (Yohane 11:1, 5, 38-44) Enti nneɛma akɛse a Yesu bɛyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no, ɛho mpopoe na oyi kyerɛɛ yɛn.Yohane 5:28, 29.

Asomdwoe ne trenee bɛtena hɔ daa: Sɛ Kristo di nnipa so a, obiara bedi mmara so. Yɛyɛ dɛn hu saa? Yesu tumi hu nnipa komam, enti obetumi abu treneefo ne abɔnefo atɛn. Abɔnefo a wɔmpɛ sɛ wɔsesa no, ɔremma wɔn kwan mma wɔntena Onyankopɔn wiase foforo no mu.Dwom 37:9, 10; Yesaia 11:3, 4; 65:20; Mateo 9:4.

Daakye papa a ɛda yɛn anim a Bible ahyɛ ho nkɔm no, ɛho nsɛm kakraa bi na yɛaka yi. Sɛ Onyankopɔn Ahenni di asase so a, “asomdwoe bebree” bɛtena hɔ daa. (Dwom 37:11, 29) Nneɛma a ɛde yaw ne amanehunu ba nnipa so nyinaa befi hɔ. Onyankopɔn ankasa na ɔde n’ano aka sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo. . . . Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware.”Adiyisɛm 21:5.