Yohane Adiyisɛm 16:1-21

  • Onyankopɔn abufuw nkankyee ason (1-21)

    • Wohwie guu asaase so (2), ɛpo mu (3), nsubɔnten ne nsuti mu (4-7), owia so (8, 9), akekaboa no ahengua so (10, 11), Eufrate mu (12-16), mframa mu (17-21)

    • Onyankopɔn ko wɔ Armagedon (14, 16)

16  Na metee sɛ nne kɛse bi fi kronkronbea hɔ+ reka kyerɛ abɔfo baason no sɛ: “Monkɔ, na munkohwie nea ɛwɔ Onyankopɔn abufuw nkankyee ason no mu no ngu asaase so.”+  Ɛnna nea odi kan no kɔe, na okohwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu asaase so.+ Na akuru bɔne a ɛyɛ hu+ tutuu nnipa a wɔwɔ akekaboa no ahyɛnsode+ a wɔsom ne honi no.+  Nea ɔto so abien no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu ɛpo mu.+ Na ɛdan mogya,+ te sɛ onipa a wawu mogya, na abɔde* a ɛte ase biara wui, yiw, nneɛma a ɛwɔ po+ mu no.  Nea ɔto so abiɛsa no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu nsubɔnten ne nsuti mu.+ Na ne nyinaa dan mogya.+  Na metee sɛ nsu so bɔfo no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafo,+ woteɛ, esiane atɛn a woabu yi nti,+  efisɛ wohwiee akronkronfo ne adiyifo mogya gui,+ na woama wɔn mogya anom;+ nea ɛfata wɔn na wɔanya no.”+  Na metee sɛ afɔremuka no reka sɛ: “Yiw, Yehowa* Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo,+ w’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.”+  Nea ɔto so anan no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu owia so,+ na wɔmaa owia kwan sɛ ɛmfa ogya nhyehye nnipa.  Na ɔhyew a ano yɛ den no hyehyee nnipa, nanso Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi no, wɔkaa ne din ho abususɛm, na wɔansakra, na wɔanhyɛ no anuonyam. 10  Nea ɔto so anum no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu akekaboa no ahengua so. Na n’ahenni no yɛɛ sum,+ na ɛyaw a wɔrefa mu nti, wofii ase wee wɔn tɛkrɛma, 11  na wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm esiane ɛyaw a wɔrefa mu, ne wɔn akuru no nti, na wɔansakra amfi wɔn nnwuma ho. 12  Nea ɔto so asia no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu asubɔnten kɛse Eufrate+ mu, na emu nsu yowee,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie kwan ama ahemfo+ a wofi apuei* no. 13  Na mihui sɛ honhom mu nsɛm a ɛho ntew* abiɛsa a ɛte sɛ mpɔtorɔ fi ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no anom ne akekaboa no anom ne atoro diyifo no anom apue. 14  Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ nsɛm a efi ahonhommɔne hɔ a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asaase nyinaa so ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse+ no mu ko+ no. 15  “Hwɛ! mereba sɛ ɔkorɔmfo.+ Anigye ne nea ɔwɛn+ na ɔhwɛ ne ntaade so, na wannantew adagyaw mu amma nnipa anhu n’aniwu.”+ 16  Na wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.*+ 17  Nea ɔto so ason no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu mframa mu. Ɛnna nne kɛse bi fi kronkronbea hɔ,+ ahengua no so bae sɛ: “Asa!” 18  Na anyinam paapaee, na nne ne aprannaa bae, na asaasewosow kɛse bi a efi bere a nnipa baa asaase so ebi nsii saa da bae,+ asaasewosow kɛse a ano yɛ den paa. 19  Na kurow kɛse+ no mu paapaee abiɛsa, na amanaman no nkurow sɛee; na wɔkaee Babilon Kɛse+ no wɔ Onyankopɔn anim, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde kuruwa a Onyankopɔn abufuw ne n’abufuhyew nsã* wom+ no bɛma no. 20  Afei nso, supɔw biara guanee, na wɔanhu mmepɔw.+ 21  Ɛnna asukɔtweaa akɛse a emu biara mu duru bɛyɛ dwetikɛse baako* fi soro bɛhwehwee nnipa no so,+ na ɔhaw a asukɔtweaa+ no de bae nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ na ɔhaw no so papaapa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “akra.”
Anaa “owiapuei.”
Nt., “ahonhom fĩ.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Greek, Har Ma·ge·don′, efi Hebri asɛm bi a ɛkyerɛ “Megido Bepɔw” mu.
Anaa “bobesa.”
Ná Greek dwetikɛse baako mu duru yɛ kilo. 20.4. Hwɛ Nkh. B14.