Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Yesu Tenaa Ase Ampa?

Yesu Tenaa Ase Ampa?

NÁ YESU nyɛ ɔdefo anaa obi a odi nnipa so tumi. Wansi n’ankasa fie. Nanso ne nkyerɛkyerɛ asesa nnipa ɔpepem pii abrabɔ. Yemmisa sɛ, Yesu Kristo tenaa ase ampa? Dɛn na abenfo a wɔtenaa ase tete ne nnɛ nyinaa ka?

  • Michael Grant a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo na ɔsan nim tete amammerɛ kaa sɛ: “Sɛnea yegye nsɛm a nhoma ahorow ka fa nnipa binom a wɔtenaa ase tete ho tom no, saa ara na ɛsɛ sɛ yegye nsɛm a Apam Foforo no nso ka fa Yesu ho no tom. Yɛrentumi nka sɛ nea nhoma ahorow ka fa nnipa binom ho no yɛ nokware nanso nea Bible ka fa Yesu ho no deɛ, ɛnyɛ nokware.”

  • Rudolf Bultmann a ɔyɛ Apam Foforo ho ɔbenfo no kaa sɛ: “Ntease biara nnim sɛ obi begye kyim sɛ Yesu antena ase. Obiara a n’adwenem da hɔ nim sɛ Kristosom fii ase wɔ tete Palestina, na Yesu na na ɔda ano.”

  • Will Durant yɛ abakɔsɛm kyerɛwfo, nhoma kyerɛwfo, ne nyansapɛfo. Ɔkaa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ nnipa mpapahwekwaa kakraa bi na wɔbɔɔ wɔn tirim kaa onipa bi a ɔwɔ tumi na odi mũ, ɔbɔ bra pa, na odwen adesamma baakoyɛ ho ho asɛm a, ɛnde na ɛyɛ anwonwade kɛse sen nea wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa no mu nyinaa.”

  • Albert Einstein yɛ Yudani nyansahufo a wɔwoo no Germany. Ɔkaa sɛ: “Meyɛ Yudani, nanso m’ani gye Nasareni no ho paa.” Bere a wobisaa no sɛ obu Yesu sɛ obi a ɔtenaa ase ampa no, obuae sɛ: “Ɛyɛ nokware turodoo. Obiara ntumi nnye ho kyim! Obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ sɛ ɔkenkan Nsɛmpa no a, onhu sɛnea na Yesu te. Asɛmfua biara ma wuhu ne nipaban pefee. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ anansesɛm mu nipa bi.”

    “Obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ sɛ ɔkenkan Nsɛmpa no a, onhu sɛnea na Yesu te.”—Albert Einstein

DƐN NA ABAKƆSƐM MA YEHU?

Yesu asetena ne ne som adwuma ho nsɛm nyinaa wɔ Bible nhoma a wɔfrɛ no Nsɛmpa no mu. Wɔde wɔn a wɔkyerɛw Nsɛmpa no din na ɛtotoo so; Mateo, Marko, Luka ne Yohane. Weinom nyinaa da nkyɛn a, nhoma afoforo nso wɔ hɔ a ɛnyɛ Kristofo nhoma, na ɛno nso bɔ Yesu din.

  • TACITUS

    (Bɛyɛ afe 56-120 Y.B., anaa Yɛn Bere mu) Tete Roma abakɔsɛm akyerɛwfo a wobu wɔn paa no, Tacitus ka ho. Ɔkyerɛw nsɛm a esisii Roma Ahemman no mu fi afe 14 Y.B. kosi afe 68 Y.B. (Yesu wui afe 33 Y.B.) Tacitus kyerɛwee sɛ, bere a ogya kɛse bi sɛee nneɛma wɔ Roma wɔ afe 64 Y.B. no, nkurɔfo de hyɛɛ Ɔhempɔn Nero. Nanso Tacitus kyerɛwee sɛ, “nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo agyae saa asɛm no ka no,” Nero de ogya a ɛtɔɔ Roma no ho asodi too Kristofo so. Afei Tacitus kaa sɛ: “Tibero bere so na amrado Pontio Pilato kum Kristo, nea ɛnam no so ma wonyaa edin Kristofo no.Annals, XV, 44.

  • SUETONIUS

    (Bɛyɛ afe 69–122 Y.B. akyi) Ɔno nso yɛ Roma abakɔsɛm kyerɛwfo. Ɔkyerɛwee nsɛm a esisii wɔ Roma ahempɔn 11 a wodi kan no bere so wɔ ne nhoma bi mu. (Lives of the Caesars) Ɔfã a ɛfa Claudius ho no fa akasakasa a esii wɔ Yudafo a na wɔwɔ Roma no mu ho. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛfa onii ko a Yesu yɛ ho. (Asomafo Nnwuma 18:2) Suetonius kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ na Yudafo no taa gye Kristo ho akyinnye ma ɛde basabasayɛ ba nti, [Claudius] pam wɔn fii Roma.” (The Deified Claudius, XXV, 4) Ɛwom sɛ Suetonius dii mfomso bɔɔ Yesu sobo sɛ ɔno nti na na asomdwoe nni ɔman no mu deɛ, nanso ogye toom sɛ Yesu tenaa ase.

  • PLINY KUMAA

    (Bɛyɛ afe 61-113 Y.B.) Ɔyɛ Roma nhoma kyerɛwfo ne aban mu panyin a na ɔhwɛ Bitinia (nnɛyi Turkey) so. Ɔkyerɛw krataa kɔmaa Roma Amrado Trajan de kyerɛɛ no ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔde Kristofo a wɔwɔ saa mantam no mu no fa so. Pliny kaa sɛ, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ Kristofo no ma wɔapo Kristosom. Wɔn a wɔantie no no, okum wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Mekankye kyerɛɛ anyame no, na wɔn a wɔkankye dii m’akyi na wɔhyew aduhuam guu nsã maa wo honi, na akyiri yi wɔdomee Kristo no, mema wɔfaa wɔn ho dii, mankum wɔn.’Pliny—Letters, Book X, XCVI.

  • FLAVIUS JOSEPHUS

    (Bɛyɛ afe 37-100 Y.B.) Ɔyɛ Yudafo sɔfo ne abakɔsɛm kyerɛwfo. Ɔkaa sɛ, na Anas yɛ Yudafo sɔfo panyin, na sɛ ɛba amanyɔsɛm mu a, na n’ano du guam paa. “Ɔno na ɔmaa Sanhedrin atemmufo [Yudafo asɛnnibea kɛse] hyiae ma wɔde ɔbarima bi a wɔfrɛ no James begyinaa wɔn anim. Ná saa James yi nua ne Yesu, nea wɔfrɛ no Kristo no.”Jewish Antiquities, XX, 200.

  • TALMUD

    Wei yɛ Yudafo asɔfo nsɛm bi a wɔkyerɛw no Yesu wui akyi bɛyɛ afe 200 kosi afe 500 hɔ baabi, na ɛka sɛ Yesu atamfo mpo gye toom sɛ ɔtenaa ase. Asɛm bi a ɛwom ka sɛ: “Twam afahyɛ no mu no, wɔsɛnee Yesu, Nasareni no,” na asɛm yi yɛ nokware. (Babylonian Talmud, Sanhedrin 43a, Munich Codex; hwɛ Yohane 19:14-16.) Baako nso ka sɛ: “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛwo ɔbabarima a ogu ne ho anim ase wɔ baguam te sɛ Nasareni no”—abodin a na wɔtaa de frɛ Yesu.Babylonian Talmud, Berakoth 17b, footnote, Munich Codex; hwɛ Luka 18:37.

ADANSE A BIBLE DE MA

Nsɛmpa no ma yehu Yesu asetena ne ne som adwuma ho nsɛm nyinaa. Ɛnyɛ ɛno nko, ɛsan bobɔ nnipa ne nkurow bi din, na ɛka mmere pɔtee nso ho asɛm—nneɛma a ɛma abakɔsɛm bi di mũ. Ɛho nhwɛso wɔ Luka 3:1, 2. Asɛm a ɛwɔ hɔ no ma yehu bere pɔtee a ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane Suboni hyɛɛ ne dwumadi ase. Wɔka sɛ, na obedi kan aba ansa Yesu aba.

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.”2 Timoteo 3:16

Luka kyerɛwee sɛ: “Tiberio Kaesare ahenni afe a ɛto so dunum mu, bere a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado, na Herode di Galilea mantam so na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti amantam so, na Lisania di Abilene mantam so, wɔ asɔfo mpanyin Anas ne Kaiafa nna no mu no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn wɔ sare so.” Edin ahorow a Luka bobɔɔ no pɛpɛɛpɛ yi ma yehu sɛ ‘Onyankopɔn asɛm baa Yohane nkyɛn’ wɔ afe 29 Y.B.

Abakɔsɛm akyerɛwfo nim nnipa atitiriw nson a Luka bobɔɔ wɔn din no yiye paa. Ɛno mpo no, bere bi a atwam no, na nnipa bi gye kyim ka sɛ Pontio Pilato ne Lisania nyɛ nkurɔfo a wɔtenaa ase ankasa. Nanso ankyɛ koraa na wɔn ani wui. Wohuu tete ɔbo bi a wɔakyerɛw saa nnipa atitiriw mmienu yi din wɔ so, na ɛno foaa Luka kyerɛwtohɔ no so pɛpɛɛpɛ. *

WEI NYINAA SO MFASO NE SƐN?

Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛyɛ aban a ebedi wiase nyinaa so

Tena a Yesu tenaa ase no yɛ asɛnhia efisɛ ne nkyerɛkyerɛ so wɔ mfaso paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛnea wɔbɛbɔ wɔn bra ma wɔn ho atɔ wɔn na wɔn ani agye. * Afei ɔhyɛɛ bɔ nso sɛ bere bi bɛba a aban baako pɛ a wɔfrɛ no “Onyankopɔn Ahenni” bedi nnipa nyinaa so. Saa bere no, adesamma nyinaa benya asomdwoe a biribiara renhunahuna wɔn.Luka 4:43.

Aban a Onyankopɔn ahyehyɛ no, wɔfrɛ no “Onyankopɔn Ahenni.” Wohwɛ edin a wɔde ato so no a, ɛfata paa efisɛ ɛbɛma nnipa nyinaa ahu Onyankopɔn tumidi wɔ asase so baabiara. (Adiyisɛm 11:15) Yesu sii saa nokwasɛm no so dua bere a ɔrekyerɛ n’akyidifo mpaebɔ no. Ɔkaa sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, . . . W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so.” (Mateo 6:9,10) Mfaso bɛn na Ahenni no bɛma adesamma anya? Ebi na edidi so yi:

  • Ɔko ne basabasayɛ to betwa.Dwom 46:8-11.

  • Atirimɔdensɛm, pɛsɛmenkominya ne nyansakorɔn befi hɔ koraa, na yɛrenhu nnipa abɔnefo bio.Dwom 37:10, 11.

  • Nnipa a Ahenni no bedi wɔn so no ani begye wɔn adwuma ho efisɛ ɛbɛma wɔn koma atɔ wɔn yam.Yesaia 65:21, 22.

  • Asase no bɛsan asi ne dedaw mu, na ɛso nnɔbae bɛdɔɔso.Dwom 72:16; Yesaia 11:9.

Sɛ ebinom hwɛ saa bɔhyɛ ahorow yi a, ebia nea wɔbɛka ara ne sɛ ɛyɛ bɔsrɛmka bi kɛkɛ. Nanso wunhu sɛ nea nnipa ka sɛ wɔbɛyɛ mmom na ɛyɛ bɔsrɛmka? Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Ɛnnɛ nnipa anya nkɔanim paa wɔ adesua, nyansahu, ne abɛɛfo mfiri mu, nanso nnipa mpempem pii da so ara te nka sɛ wonni ahobammɔ na wonnim nea ebesi ɔkyena mpo. Ade rekye na ade resa nyinaa, yehu sɛ asetena mu ayɛ den, na amanyɔsɛm ne nyamesom nso mmaa nnipa ho ntɔɔ wɔn. Saa ara nso na pɛsɛmenkominya ne nyansakorɔn abu so. Anokwa, nnipa amammu adi yɛn huammɔ paa!Ɔsɛnkafo 8:9.

Enti ɛho hia paa sɛ yehu sɛ Yesu tenaa ase ampa. * Efisɛ 2 Korintofo 1:19, 20 ka sɛ: “Onyankopɔn bɔhyɛ dodow nyinaa nam no [Kristo] so ayɛ Yiw.”

^ nky. 23 Wɔahu tete ɔbo bi a wɔakyerɛw ɔmantam sodifo, Lisania din wɔ so. (Luka 3:1) Ná odi Abilene mantam no so wɔ bere pɔtee a Luka kaa ho asɛm no mu.

^ nky. 25 Wubetumi ahu Yesu nkyerɛkyerɛ yi bi wɔ Mateo 5 kosi 7. Wɔtaa frɛ saa nsɛm yi Bepɔw so Asɛnka.

^ nky. 32 Sɛ wopɛ Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ ho nsɛm pii a, kɔ www.pr418.com/tw na hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE.