Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Nhomanimfo Gye Di sɛ Yesu Yɛ Onipa Paa a Ɔtenaa Ase?

So Nhomanimfo Gye Di sɛ Yesu Yɛ Onipa Paa a Ɔtenaa Ase?

 Nnyinaso pa bi wɔ hɔ a enti nhomanimfo gye di sɛ Yesu yɛ onipa paa a ɔtenaa ase. Abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so ne wɔn a wɔtenaa ase wɔ asomafo no akyi bɛyɛ mfe ɔha no, wɔkaa Yesu ne tete Kristofo ho asɛm. Nsɛm a wɔn mu biara kae no, nhoma bi kyerɛ a, “Ɛma ɛda adi pefee sɛ tete no, wɔn a na wɔnnye Kristosom ntom no mpo gye dii sɛ Yesu yɛ onipa paa a ɔtenaa ase.” Nhoma no toa so sɛ: “Asomafo no akyi bɛboro mfe 1,700 na nkurɔfo hyɛɛ ase gyee akyinnye sɛ Yesu nyɛ onipa paa a ɔtenaa ase; ɛno mpo, na wɔnni ho adanse papa biara.”​—Encyclopædia Britannica, afe 2002 de.

 Nhoma a wɔato din Jesus and Archaeology (Yesu ne Tete Nneɛma a Wɔatutu Fam Akɔhu) kaa wɔ afe 2006 mu sɛ: “Nhomanimfo papa biara nni hɔ a ɔbɛgye akyinnye sɛ ɛnyɛ nokware sɛ Yudani bi tenaa ase a wɔfrɛ no Yesu, na ne papa din de Yosef; wɔn mu dodow no ara gye tom sɛ seesei de yɛnim nea [Yesu] yɛe na ɔkyerɛkyerɛe ho nsɛm pii.”

 Bible ka Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ obi a ɔtenaa ase ankasa. Ɛbobɔ n’abusuafo ne ne nananom din kyerɛ yɛn. (Mateo 1:1; 13:55) Atumfoɔ a na wɔdi hene wɔ Yesu bere so nso, Bible bobɔ wɔn din. (Luka 3:1, 2) Saa nsɛm yi nyinaa boa ma nkurɔfo tumi hwehwɛ mu hwɛ sɛ nsɛm a Bible ka no yɛ nokware anaa.