Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Yehowa Adansefo Gye Yesu Di?

Enti Yehowa Adansefo Gye Yesu Di?

 Aane, yegye Yesu di. Ɔno na ɔkae sɛ: “Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Yegye di sɛ Yesu fi soro baa asase so de ne nkwa a bɔne biara nni ho no bɔɔ afɔre de gyee yɛn. (Mateo 20:​28) Ne wu ne ne wusɔre abue kwan ma ɛno nti, nnipa a wogye no di betumi anya daa nkwa. (Yohane 3:​16) Yegye di nso sɛ, seesei Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ soro no, Yesu na ɔyɛ so hene, na ɛrenkyɛ Ahenni no de asomdwoe bɛba asase so baabiara. (Adiyisɛm 11:​15) Nanso Yesu kae sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me,” na yegye saa asɛm no di. (Yohane 14:​28) Ɛno nti yɛnsom Yesu, efisɛ yennye nni sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.