Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Ma Wo Ba Nhu Ɔbarima ne Ɔbaa Nna Ho Nsɛm

Ma Wo Ba Nhu Ɔbarima ne Ɔbaa Nna Ho Nsɛm

ƆHAW NO

Mfe kakra a atwam ni, awofo paa na na wotumi nya kwan ka ɔbarima ne ɔbaa nna ho asɛm kyerɛ wɔn mma ansa na onipa foforo biara akyerɛ mmofra no. Bere a mmofra no renyin no, awofo no nya kwan kyerɛkyerɛ nneɛma mu kyerɛ wɔn nkakrankakra.

Ɛnnɛ, biribiara asesa. Nhoma bi ka sɛ: “Mmofra nnyin koraa na wɔde ɔbarima ne ɔbaa nna ho nsɛm repuapua wɔn. Ɔbarima ne ɔbaa nna ho nsɛm redɔɔso wɔ video ne nhoma a mmofra kenkan mu.” (The Lolita Effect) Nea ɛrekɔ so yi reboa mmofra anaa ɛrepira wɔn?

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Nna ho asɛm abu so wɔ baabiara. Deborah Roffman kaa wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Sɛ wutie nneɛma ho dawurubɔ, wohwɛ sini, wokenkan nhoma, wutie dwom mu nsɛm, wohwɛ TV, wobɔ video game, anaa wohwɛ kɔmputa so a, wuhu sɛ ɔbarima ne ɔbaa nna ho mfonini, nguamansɛm ne ahuhusɛm agye ne nyinaa afa. Saa ara nso na nkɔmmɔ a nkurɔfo bɔ wɔ telefon so ne text message a wɔde mena afoforo no nso mu pii nye koraa. Ama mmofra pii susuw sɛ gyama ɔbarima ne ɔbaa nna ho hia sen biribi foforo biara wɔ asetena mu.”Talk to Me First.

Aguadifo nso ka ho bi. Wɔn a wɔbɔ nneɛma ho dawuru ne adetɔnfo taa tɔn mmofra ntade a ɛtwetwe adwene kɔ ɔbarima ne ɔbaa nna so na wɔkamfo kyerɛ. Ne saa nti, bere a mmofra nnya nyinii koraa no, na wɔama wɔahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ntade a wɔbɛhyɛ ho hia wɔn paa. Nhoma bi ka sɛ, “Adetɔnfo ahu sɛ mmofra pɛ sɛ wɔn mfɛfo gye wɔn tom na wotumi ne wɔn bɔ yiye enti wɔnam nyansa kwan so didi wɔn ho. Adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ wobenya wɔn ma wɔatɔ nneɛma a aba so foforo no.”So Sexy So Soon.

Nka ho asɛm kɛkɛ. Sɛ obi sua sɛnea kar yɛ adwuma ho ade a, ɛno nkyerɛ sɛ onim kar ka. Saa ara nso na sɛ obi nim ɔbarima ne ɔbaa nna ho nsɛm a, ɛno nkyerɛ sɛ obetumi agyina saa nimdeɛ no so asisi gyinae pa.

Nea yɛreka nyinaa ne sɛ: Ɛnnɛ sɛnea wiase ayɛ no, ɛsɛ sɛ woboa wo mma ma wotumi tete “wɔn adwene” na ama wɔatumi ahu “papa ne bɔne mu nsonsonoe.”Hebrifo 5:14.

NEA WUBETUMI AYƐ

Mprɛ nto obi so. Ɛmfa ho sɛnea mo hɔ amammerɛ te no, wo na ɛyɛ w’asɛde sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ɔbarima ne ɔbaa nna ho nsɛm. Enti gye tom.Bible mu asɛm: Mmebusɛm 22:6.

Ka ho asɛm nkakrankakra. Ɔbarima ne ɔbaa nna ho nsɛm nyɛ ade a wubetumi de da koro pɛ aka. Enti bere biara a hokwan no bɛba no, wo ne wo ba no mmɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ wo ne wo ba no nkutoo te kar mu anaa moabom reyɛ fie adwuma bi a, mubetumi abɔ nna ho nkɔmmɔ. Nea ɛbɛyɛ na wo ba no aka ne komam asɛm akyerɛ wo no, ɛyɛ a bisa no nsɛm na watumi akyerɛ n’adwene. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ́ anka wubebisa wo ba no sɛ, “Enti w’ani gye mfonini a ɛte saa ho?” no, wubetumi abisa no sɛ, “Wohwɛ a, adɛn nti na aguadifo taa de mfonini a ɛte saa bɔ wɔn nneɛma ho dawuru?” Sɛ obua a, wubetumi abisa no sɛ, “W’adwene yɛ wo sɛn wɔ ho?”Bible mu asɛm: Deuteronomium 6:6, 7.

Hwɛ mfe a abofra no adi so ne no nkasa. Wubetumi abobɔ ɔbarima ne ɔbaa awode din akyerɛ mmofra nketewa paa. Kyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi mmonaatofo ho. Afei sɛ wonyin kakra a, wubetumi akyerɛ wɔn abawo ho ade kakra. Wodu wɔn mmabunbere so a, wɔbɛte ɔbarima ne ɔbaa nna ho nsɛm ase yiye. Ɛbɛma wɔanya ho adwempa na woahu bere a ɛbɛfata sɛ wɔde wɔn ho hyem.

Fa suban pa dua wɔn mu. Bere a wo ba nnyinii koraa no, fi ase kyerɛkyerɛ no suban pa te sɛ nokwaredi, ahosodi ne obu. Enti sɛ moreka nna ho asɛm a, wubenya biribi pa agyina so akyerɛkyerɛ wo nsɛm mu. Afei nso, ma onhu adwene a wowɔ wɔ ɔbarima ne ɔbaa nna ho pefee. Sɛ w’ani nnye obi a ɔnwaree a ɔne obi foforo bɛda ho a, ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wo ba no, na kyerɛ no nea enti a ɛyɛ bɔne na ebetumi apira no. Nhoma bi ka sɛ, “Mmabun a wonim sɛ wɔn awofo ani nnye obi a ɔnwaree a ɔne obi foforo bɛda ho no, ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛte saa.”—Beyond the Big Talk.

Fa wo suban di wɔn adanse. Fa nea worekyerɛkyerɛ wo ba no bɔ wo bra. W’ani gye ahuhusɛm ho? W’ahosiesie te sɛn? Ɛtwetwe nkurɔfo adwene kɔ ɔbarima ne ɔbaa nna so? Wode wo ho hyehyɛ mmaa anaa mmarima? Sɛ woyɛ saa nneɛma yi nyinaa bi a, ɛnde na suban pa a wopɛ sɛ wo mma nya no, w’ankasa wunnye ntom.Bible mu asɛm: Romafo 2:21.

Ma wo ba nya nna ho adwempa. Nna yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama awarefo, na sɛ obi twɛn ware ansa na woanya mu kyɛfa a, n’ani begye paa. (Mmebusɛm 5:18,19) Sɛ́ anka wo ba ne obi a ɔnwaree bɛda ma agya no tipae ne adwennwen no, ma onhu sɛ bere pa mu no, ɔno nso betumi anya saa akyɛde yi so mfaso ma n’ani agye.1 Timoteo 1:18, 19.