Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSƐM A WOBISABISA | FRÉDÉRIC DUMOULIN

Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Frédéric Dumoulin de bɛyɛ mfe du yɛɛ adwuma wɔ Ghent Suapɔn mu wɔ Belgium. Ná ɔhwehwɛ aduroyɛ mu. Kan no, na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso akyiri yi Frédéric begye dii sɛ Onyankopɔn na ɛbɔɔ nkwa. Seesei Frédéric yɛ Yehowa Danseni. Nyan! kyerɛwfo ne no twetwee nkɔmmɔ faa n’adwuma ne ne gyidi ho.

Woyɛ akwadaa no, na wunim nyamesom ho biribi?

Aane. Ná me maame yɛ Roma Katolekni. Nanso mekenkan hui sɛ wɔadi akõ pii nyamesom mu. Eyi nti mete edin nyamesom koraa a na me bo fono me; ná mempɛ sɛ me ne wɔn yɛ hwee. Misuaa ɔsom a wɔnyɛ Kristofo nso ho adeɛ, na mihui sɛ sɛɛ wɔn nyinaa yɛ abɛ-korɔ-nsa. Bere a midii mfe 14 no, mihui sɛ ɔporɔ a ahyeta nyamesom mu no kyerɛ sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Enti bere a misuaa wɔ sukuu sɛ nnipa fi mmoa mu no, migye toom sɛ nkwa ankasa na ɛbae.

Ɛyɛɛ dɛn na w’ani begyee nyansahu ho?

Midii mfe nson no, minyaa afidie bi a yɛde hwɛ nneɛma nketenkete, na na menkɔ nnya hɔ koraa. Ná mede hwɛ ntummoa a wɔn ho yɛ anika te sɛ afofantɔ.

Dɛn na ɛkaa wo maa wohwehwɛɛ nea ɛyɛe a nkwa bae?

Bere a midii mfe 22 no, mihyiaa Yehowa Danseni bi. Ná onim nyansahu paa. Ná ogye di sɛ Onyankopɔn na ɛbɔɔ nkwa. Anokwa, na asɛm no yɛ me nwonwa. Na m’adwene nyinaa ne sɛ metumi abɔ ne gyidi no agu. Nanso sɛnea oyii me nsɛmmisa ano no maa me ho dwirii me. Afei ɛmaa m’adwene baa nnipa a wɔgye Onyankopɔn di so.

Abosome bi akyi mihyiaa Yehowa Danseni foforo. Na waben aduroyɛ mu. Na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ me nea ogye di; mampopo me ti koraa efisɛ na mepɛ sɛ mihu nea enti a nkurɔfo gye Onyankopɔn di. Na misusuw sɛ wayera enti na mepɛ sɛ meboa no.

Wutumi ma ohui sɛ wayera?

Dabi, mantumi. Mifirii aseɛ kenkan nhoma ahorow hwehwɛɛ nea ɛyɛe a nkwa bae. Mihuu biribi ma ɛyɛɛ me nwonwa. Ɛne sɛ nyansahufo a wɔaben paa kyerɛ sɛ nkwaboaa ketekete paa mpo ho nneɛma yɛ prekesee araa ma wonnye nni sɛ efi asase so ha. Ebinom kyerɛ sɛ efi wim na ɛbae. Nnipa pii adwene nhyia wɔ nea ɛyɛe a nkwa bae ho.

Biribi wɔ hɔ a ɛmaa wugye dii sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

Anwonwasɛm ne sɛ nyansahufo pii gye tom sɛ ɛbɛyɛ sɛ nneɛma bi a nkwa nnim na ɛkekakeka boom araa ma nkwa bae. Enti mibisaa me ho sɛ, ‘Sɛ nyansahufo se ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ bi na ɛbɔɔ nkwa na sɛ wontumi nkyerɛ nea ɛyɛe a nkwa bae a, adɛn nti na wɔgye di sɛ biribi na ɛkeka boom ma nkwa bae.’ Enti afei medan kɔɔ Bible so kɔpɛɛ mmuae.

Enti wuhuu Bible no sɛn?

Meresua Bible nyinaa na merehu sɛ nea ɛka no yɛ nokware turodoo. Nhwɛso bi ni: Nnansa yi ara na nyansahufo renya adanse a ɛkyerɛ sɛ amansan yi wɔ mfiaseɛ. Nanso Bible mu asɛm a edi kan aka bɛyɛ mfe 3,500 ni sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” * Mahu sɛ biribiara a Bible ka fa nyansahu ho no yɛ nokware paa.

Mahu sɛ biribiara a Bible ka fa nyansahu ho no yɛ nokware paa

Nyansahu a wusuae nti, ɛyɛɛ den sɛ wubegye Onyankopɔn adi anaa?

Dabi. Merebegye Onyankopɔn adi no, na mede mfe mmiɛnsa asua nyansahu wɔ suapɔn mu dada. Besi nnɛ nyinaa, misua adebɔ ho biribi a, ɛma migye di paa sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.

Wubetumi ama yɛn ɛho nhwɛsoɔ?

Aane. Masua sɛnea nnuro ne yaremmoawa tumi pira nneɛma a nkwa wom. Ade a mahu a ɛyɛ me nwonwa paa ne sɛnea nnuro ne yaremmoawa ntumi nwura amemene no mu no. Ɛhyɛe da mogya ne nkwammoaa a ɛwɔ amemene mu no ntam.

Dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho?

Bɛyɛ mfe ɔha a atwam no, nyansahufo hui sɛ sɛ biribi kɔ yɛn mogya mu a, ɛfa yɛn nipadua mu nyinaa, gye yɛn akyi berɛmo ne amemene no nkutoo. Nea ɛyɛ me nwonwa wɔ asɛm yi ho ne sɛ mogya fa ntini nketenkete bi mu kɔ nkwaboaa biara a ɛwɔ amemene no mu. Mogya no ma nkwammoaa no aduan ne mframa pa (oxygen), na eyi emu fĩ biara. Ɛnneɛ ɛyɛ dɛn na mogya no ntumi nwura nkwammoaa a ɛwɔ amemene no mu? Eyi asuma nnipa mfe pii ni.

Ɛhyeɛ no yɛ adwuma sɛn?

Mogya ntini nketenkete no, ɛnte sɛ rɔba a nsuo nam mu a rɔba no nti nsuo no ntumi mma abɔnten no. Nkwammoaa bebree na ɛka bom yɛ mogya ntini no. Saa nkwammoaa yi ma kwan ma mmoawammoawa ne nneɛma foforo fa mu. Nanso nkwammoaa a ɛka bom yɛ amemene mogya ntini no nte saa; wɔbobɔ so papee. Wohwɛ sɛnea wɔtaataa so no a, ɛyɛ nwonwa paa. Ɛma nneɛma te sɛ mframa pa, mframa bɔne (carbon dioxide), ne mogya mu asikyire (glucose) fa mu. Ɛno mpo no, ɛsɔne so; ɛmfa mu fuu. Nanso nneɛma te sɛ proteins ne nkwammoaa foforo deɛ, ɛmma kwan mma ɛmfa mu koraa. Enti sɛnea ɛhyeɛ a ɛmma mogya nwura amemene no mu no yɛ adwuma nti, ɛnyɛ biribiara na etumi kɔ amemene no mu. Mehwɛ eyi nyinaa a, ɛma mihu paa sɛ ɛnyɛ nkwa ankasa na ɛbae.