Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Onyankopɔn Ahenni No So Hene?

Hena Ne Onyankopɔn Ahenni No So Hene?

Onyankopɔn maa Bible akyerɛwfo pii kyerɛw nsɛm bi a ɛbɛma yɛahu Onii a ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene. Nea wɔkyerɛw faa ne ho no bi ni:

  • Onyankopɔn na ɔbɛpaw no. “Me na masi me hene . . . Mede amanaman bɛma wo sɛ w’agyapade; mede asase ano nyinaa bɛma wo ma woadi so.”—Dwom 2:6, 8.

  • Obedi Ɔhene Dawid ade. ‘Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabarima. N’ahenni mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei bɛba Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na n’ahenni betim.’—Yesaia 9:6, 7.

  • Wɔbɛwo no wɔ Betlehem. ‘Betlehem, wo mu na mɛma obi afi abɛyɛ sodifo. Ne kɛseyɛ bedu asase ano.’—Mika 5:2, 4.

  • Nnipa bɛpo no na wɔakum no. “Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee. . . . Yɛn mmarato nti na wopiraa no, na yɛn mfomso nti na wobubuu no.”—Yesaia 53:3, 5.

  • Wobenyan no afi awufo mu na wɔahyɛ no anuonyam. “Worennyaw me kra wɔ Adamoa mu. Woremma wo nokwafo nhu amoa. . . . Anigye wɔ wo nifa so daa.”—Dwom 16:10, 11.

Yesu Kristo​—Ɔno Na Ɔfata Paa

Nnipa a wɔatena asase yi so pɛn nyinaa, onipa baako pɛ na nea Bible akyerɛwfo no kyerɛwee nyinaa fa ne ho; ɔno paa na ɔfata sɛ odi yɛn so hene. Onii a yɛreka ne ho asɛm no ne Yesu Kristo. Nokwasɛm ne sɛ, na ɔbɔfo bi mpo aka Yesu ho asɛm akyerɛ Yesu maame Maria sɛ: “Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, . . . na n’ahenni remma awiei.”—Luka 1:31-33.

Yesu ammedi hene wɔ asase so. Mmom, ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene wɔ soro, na ɛhɔ na obefi adi asase so hene. Dɛn na ɛma Yesu fata paa sɛ odi hene? Yɛnhwɛ nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no.

  • Ná Yesu dwen nnipa ho. Mmarima oo, mmea oo, mmofra oo, mpanyin oo, Yesu boaa obiara ɛmfa ho baabi a ofi. Asikafo ne ahiafo nyinaa, ɔboaa wɔn. (Mateo 9:36; Marko 10:16) Bere bi, ɔkwatani bi srɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ nko ara a, wubetumi ama me ho afi.” Ɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ, na ɔsaa no yare.—Marko 1:40-42.

  • Yesu kyerɛɛ yɛn nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛasɔ Onyankopɔn ani. Ɔkaa sɛ: “Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” Ɔsan kaa sɛ, nea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no, yɛn nso yɛnyɛ wɔn saa ara. Afei nso ɔkyerɛe sɛ, ɛnyɛ nea yɛyɛ nko na ɛho hia Onyankopɔn, na mmom nea yedwen ho ne sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho nso ho hia no. Enti sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, nneɛma a yesusuw ho wɔ yɛn komam no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye. (Mateo 5:28; 6:24; 7:12) Yesu san sii so dua sɛ, sɛ yɛn ani begye paa a, nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ no, ɛsɛ sɛ yesua ho ade, na yɛde bɔ yɛn bra.—Luka 11:28.

  • Yesu kyerɛɛ nkurɔfo nea wɔyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ. Ɔkwan a Yesu faa so kasae ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade no kanyan nkurɔfo a wotiee no no, na ɛkaa wɔn koma. Bible ka sɛ: “Ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipakuw no ho dwiriw wɔn; efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi.” (Mateo 7:28, 29) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monnɔ mo atamfo.’ Nkurɔfo a wokum Yesu no, ɔbɔɔ mpae maa wɔn mu binom mpo. Ɔsrɛe sɛ: “Agya fa firi wɔn efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.”—Mateo 5:44; Luka 23:34.

Yesu fata paa sɛ odi wiase so. Sɛ ɔba bedi yɛn so a, ɔbɛda ayamye adi akyerɛ yɛn na wama obiara nsa aka nea ohia. Nanso bere bɛn na obefi ase adi hene?