Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛba Abedi Asase So?

Bere Bɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛba Abedi Asase So?

Yesu akyidifo anokwafo no bi bisaa no sɛ ɔnkyerɛ wɔn bere a Onyankopɔn Ahenni no befi ase adi tumi. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛda pɔtee a Ahenni no befi ase adi tumi wɔ asase so de, wɔrentumi nhu. (Asomafo Nnwuma 1:6, 7) Nanso na Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ, nneɛma bi bɛbom asisi wɔ bere koro mu a ɛbɛma n’akyidifo ‘ahu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn,’ na aka kakra ama Ahenni no adi wiase so tumi.—Luka 21:31.

NNEƐMA BƐN NA YESU KAA SƐ EBESISI?

Yesu kaa sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni; na asasewosow akɛse bɛba, na ɔyaredɔm ne aduankɔm bɛba mmeaemmeae.” (Luka 21:10, 11) Sɛ yehu sɛ saa nneɛma yi nyinaa abom resisi a, ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ pefee sɛ “Onyankopɔn ahenni no abɛn.” Ɛnde yemmisa sɛ, saa nneɛma no abom asisi wɔ wiase baabiara anaa? Ma yɛnhwɛ adanse a edidi so yi.

1. AKODI

Afe 1914 no, ɔko kɛse bi sii wɔ wiase, na na ɛso bi mmae da! Abakɔsɛm akyerɛwfo taa ka sɛ, wiase sesae afe 1914. Nea enti a wɔka saa ne sɛ, saa afe no ne bere a edi kan a wiase aman pii ne wɔn ho wɔn ho koe. Akode a wɔde dii awu wɔ saa ɔko no mu no, na wɔmfaa bi nkunkum nnipa pii saa da. Akode no bi ne kar akɛse a asraafo de di ako, atopae a wɔtotow fi wimhyɛn mu, atuo a ɛtotow ntoatoaso, ne mframa bɔne a wopuw gu wim ma edi nkurɔfo awu. Bere a wiase ko a edi kan no baa awiei no, ankyɛ na wiase ko a ɛto so mmienu no sii. Saa ɔko no mu na wodii kan totow atɔm atopae. Efi afe 1914 reba no, akodi akɔ so wɔ mmeae pii, na wɔakunkum nnipa ɔpepem pii wɔ saa akodi no mu.

2. ASASEWOSOW

Nhoma a wɔato din Britannica Academic no ka sɛ, asasewosow a esisi afe biara no, emu bɛyɛ 100 de, wohwɛ sɛnea ano yɛ den fa no a, “ebetumi asɛe nneɛma paa.” Ɛno da nkyɛn a, asoɛe bi a wɔfrɛ no United States Geological Survey bɔ amanneɛ sɛ, ‘nhwehwɛmu a wɔayɛ fi afe 1900 mu hɔ reba no ama wɔahu sɛ, afe biara, asasewosow akɛse 16 na wɔhwɛ kwan sɛ ebesisi.’ Ɛwom, ebia ebinom bɛka sɛ, abɛɛfo mfiri a aba nnansa yi a ɛma yetumi hu asasewosow a esisi nti na ɛyɛ yɛn sɛ asasewosow adɔɔso no. Nanso nea ɛwom ara ne sɛ, sɛnea asasewosow akɛse a ɛresisi wɔ wiase baabiara no ama nkurɔfo rehu amane na ɛrekunkum nnipa pii no, ɛso bi mmae da.

3. ADUANKƆM

Nneɛma a ɛtaa kɔfa aduankɔm ba no bi ne akodi, nyansakorɔn, aman bi sikasɛm a egyigya, ne kuayɛ ho ntotoe a wɔnyɛ no yiye. Ɔpɛ, nsuyiri, ahum, ne nneɛma a ɛtete saa nso tumi kɔfa aduankɔm ba, efisɛ aman ahorow mfa nhyehyɛe pa biara ngu akwan mu a sɛ saa nneɛma yi sisi a ɛbɛma nkurɔfo akɔ so anya aduan adi. Boayikuw a Ɛhwɛ Aduan Ho Nsɛm So Wɔ Wiase no de asɛm bi a wɔato din, “Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Afe 2018 Mu” too gua. Wɔkaa wom sɛ: “Wohwɛ wiase nyinaa a, nnipa ɔpepem 821 na wodi kɔm, na wɔn mu ɔpepem 124 de, ɔkɔm rekum wɔn.” Afe biara, mmofra bɛyɛ ɔpepem 3.1 na aduan pa a wonnya nni nti wɔhwere wɔn nkwa. Afe 2011 no, mmofra a wowuwui wɔ wiase nyinaa no, wuyi ɔha biara a, emu bɛyɛ 45 de, aduan pa a na wonnya nni nti na wowuwui.”

4. NYAREWA NE NSANYARE

Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kaa wɔ wɔn nhoma bi mu sɛ: “Efi afe 2001 reba no, nsanyare ahorow a ɛhaw adwene atrɛw aka nnipa bebree. Nyarewa a yenim dedaw te sɛ atiridiinini (plague ne yellow fever) ne ayamtunini asan ayi wɔn ti. Nyarewa foforo nso aba. Ebi ne SARS, influensa a ɛtrɛw kɔ aman ahorow so, MERS, Ebola, ne Zika.” Nea abɛka ho nnansa yi ne COVID-19 nsanyare kodiawuo no. Ɛwom, nyansahufo ne dɔkotafo asua nyarewa ho ade akɔ akyiri paa, nanso wontumi nnyaa nyarewa nyinaa ano aduru.

5. WƆREKA ASƐMPA NO WƆ WIASE NYINAA

Yesu kaa sɛnkyerɛnne no fã foforo ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɔhaw bebrebe a ɛwɔ wiase nnɛ nyinaa akyi no, nnipa bɛboro ɔpepem nwɔtwe a wofi amanaman nyinaa mu reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ aman 240 so wɔ kasa bɛboro 1,000 mu. Ebi nsii saa da wɔ wiase.

DƐN NA SƐNKYERƐNNE NO MA YEHU?

Yɛhwɛ nneɛma a ɛka bom yɛ sɛnkyerɛnne a Yesu kaa ho asɛm no a, yehu sɛ ne nyinaa resisi wɔ yɛn bere yi so. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma a ɛresisi yi so? Efisɛ Yesu kaa sɛ: “Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.”—Luka 21:31.

Ɛrenkyɛ, Ahenni no bɛhwɛ ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so

Sɛ yɛhwɛ sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no, na yɛsan hwɛ mmere ho akontaabu bi a ɛwɔ Bible mu a, ɛboa ma yehu sɛ Onyankopɔn hyehyɛɛ n’Ahenni no wɔ soro afe 1914. a Saa afe no na Onyankopɔn de ne Ba Yesu Kristo sii ade so sɛ Ɔhene. (Dwom 2:2, 4, 6-9) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bedi asase yi so, ebeyi nnipa aban ahorow nyinaa afi hɔ, na ɛbɛma asase adan paradise ama nnipa atena so daa.

Asɛm a Yesu kaa wɔ mpae a ɔkyerɛɛ n’asuafo no mu no, ɛbɛbam nnansa yi ara. Ɛne sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ɛnde yemmisa sɛ, efi afe 1914 a Ahenni no fii ase dii tumi no, dɛn na ɛreyɛ? Na sɛ Ahenni no ba bedi asase so a, nneɛma bɛn na ɛbɛyɛ ama nnipa?

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu afe 1914 ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim a wɔato din Wubetumi Anya Anigye Daa! no. Wubehu nea yɛreka yi wɔ adesua 32.