Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmea Ahobammɔ—Nea Bible Ka Fa Ho

Mmea Ahobammɔ—Nea Bible Ka Fa Ho

 Wiase nyinaa, mmea ne mmaayewa ɔpepem pii na nkurɔfo yɛ wɔn basabasa. Woyɛ ɔbea a, wo nso obi de bi ayɛ wo anaa? Kenkan asɛm yi na wubehu nea enti a w’ahobammɔ ho hia Onyankopɔn, na wobɛsan ahu nea ɔbɛyɛ ama nneɛma bɔne a nkurɔfo de yɛ mmea no agyae.

 Madhu a fi India. N’anom asɛm ni: “Misua no, na me nuabarima bo me, na na odidi me atɛm da biara da. Mewaree nso, m’asebea toaa ateetee no so. Ɔne m’asebarima yɛɛ me sɛ akoa. Ɛno nti ɛtɔ da a na ɛyɛ me sɛ minkum me ho.”

 Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no agye atom sɛ, “Awurukasɛm a wɔyɛ tia mmea abu so wɔ wiase baabiara.” Ahyehyɛde no de kaa ho sɛ, sɛ wɔyi mmea mmiɛnsa biara a, emu baako de, nkurɔfo boro wɔn anaa wɔto wɔn mmonnaa.

 Nea yɛreka yi sɛ woyɛ ɔbea na sɛ ebi to wo a, baabi a wobɛkɔ biara, wo yam bɛhyehye wo sɛ anhwɛ a obi bedidi wo atɛm, obi bɛboro wo, anaa obi bɛto wo mmonnaa. Esiane sɛ nkurɔfo yɛ mmea basabasa na wɔteetee wɔn nti, ebia wobɛte nka sɛ nnipa dodow no ara wɔ adwene sɛ ‘Mmea so nni mfaso.’ Na Onyankopɔn nso ɛ, wohwɛ a mmea so wɔ mfaso ma no?

Bible ma yehu sɛ mmea ahobammɔ ho hia Onyankopɔn paa

Sɛn na Onyankopɔn hu mmea?

 Kyerɛwsɛm: “Ɔbarima ne ɔbea na [Onyankopɔn bɔɔ] wɔn.”—Genesis 1:27.

 Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn bɔɔ mmarima ne mmea. Mmarima ne mmea nyinaa, ohu wɔn sɛ wɔfata obu. Afei nso ɔhwɛ kwan sɛ ɔbarima biara ‘bɛdɔ ne yere sɛ ne ho,’ na ɛnyɛ sɛ ɔbɛhyɛ ne yere so, akeka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ no, anaa ɔbɛyɛ no basabasa. (Efesofo 5:33; Kolosefo 3:19) Biribiara kyerɛ sɛ, mmea ahobammɔ ho hia Onyankopɔn paa.

 Maria fi Argentina. N’anom asɛm ni: “Misua no, m’abusuafo bi too me mmonnaa. Bere a midii mfe 17 no, m’adwumawura hunahunaa me sɛ, sɛ me ne no anna a obeyi me adi. Minyinii yi, me kunu, m’awofo, ne me mpɔtamfo mmu me ketekete sei. Nanso nkakrankakra mibesuaa Ɔbɔadeɛ Yehowa b ho ade. Ɔno de obu mmea. Wei ma minyaa awerɛhyem sɛ, ɔdɔ me, na mesom bo wɔ n’ani so.”

Dɛn na ɛbɛboa wo ama woagyina wo nan so?

 Kyerɛwsɛm: “Adamfo bi de, ɔntwe ne ho da, ɔkyɛn onua mpo.”—Mmebusɛm 18:24.

 Nea ɛkyerɛ: Obi a ɔyɛ adamfo pa no, ɔbɛboa wo. Sɛ wohwɛ na sɛ ɛbɛboa wo a, ka sɛnea wote nka no ho asɛm kyerɛ obi a wowɔ ne mu ahotoso.

 Elif fi Türkiye. N’anom asɛm ni: Obi too me mmonnaa. Edii mfe 20, na memmɔɔ so nkyerɛɛ obiara. Ɛno nti, na adwinnwen ahyɛ me so, na mabotow, na na m’ani nnye. Nanso, bere a mimiaa m’ani kaa nea merefa mu no kyerɛɛ obi a wayi ne yam sɛ obetie m’asɛm no, me ho tɔɔ me paa.”

 Kyerɛwsɛm: “Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:7.

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ wobɔ mpae a, Onyankopɔn tie paa. (Dwom 55:22; 65:2) Esiane sɛ odwen wo ho nti, obetumi aboa wo ama woahu sɛnea wosom bo fa.

 Ana fi Belize. Asɛm a ɔkae ni: “Bere a misuaa Yehowa ho ade no, koma mu yaw a na meredi no, efii ase gyaee nkakrankakra. Seesei, mitumi bɔ mpae ka m’asɛm kyerɛ Onyankopɔn. Ɔte sɛ m’adamfo, na ɔte nea merefa mu no ase.”

Mmea a nkurɔfo yɛ wɔn basabasa no, Onyankopɔn bɛma agyae anaa?

 Kyerɛwsɛm: “Yehowa . . . [bedi] agyanka ne ɔwerɛhoni asɛm ama wɔn, na onipa dasani anhunahuna wɔn bio.”—Dwom 10:​17, 18.

 Nea ɛkyerɛ: Ɛnkyɛ koraa, Onyankopɔn bɛma asisisɛm nyinaa aba awiei; atirimɔdensɛm ne awurukasɛm a nkurɔfo de di mmea nyinaa, ɛto betwa.

 Roberta fi Mexico. Ɔno nso nea ɔkae ni: “Bere a mibehuu sɛ ɛnkyɛ koraa, Yehowa bɛma awurukasɛm a nkurɔfo de di mmea ne mmaayewa agyae no, ɛmaa me koma tɔɔ me yam. Ama manya asomdwoe.”

 Sɛnea Bible no ma yenya anidaso, nea enti a yebetumi agye bɔhyɛ ahorow a ɛwom no adi, ne sɛnea Yehowa Adansefo de Bible no boa afoforo nnɛ no, sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa ho a, ɛnde ma obi ne wo mmesua Bible a worentua hwee.

 Wopɛ nea wubetumi aprinte a, twe bi wɔ ha.

a Wɔasesa din ahorow no.

b Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?