Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Ná M’abrabɔ Sɛe Ara na Ɛresɛe

Ná M’abrabɔ Sɛe Ara na Ɛresɛe
  • AFE A WƆWOO NO: 1952

  • ƆMAN A ƆFIRI MU: UNITED STATES

  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆWƆ KÕKÕ BƆNE

ME KAN ASETENA:

Wɔtetee me wɔ Los Angeles, California, U.S.A. Ná nsɛmmɔnedifo ne wɔn a wɔnom nnubɔne ahyɛ baabi a yɛte no mã. M’awofo woo nsia, na me na metɔ so mmienu.

Me maame tetee yɛn wɔ evangelical asɔre bi mu. Nanso, bere a menyinii kakra no, na mebu brabɔne sie. Na meka asɔre no nnwontofo kuo ho, enti sɛ ɛdu Kwasida a, na adagyew nnim koraa. Nanso nna a aka no deɛ, na ɛyɛ apontow, nnubɔnenom, ne ɔbrasɛe nko ara.

Ná mewɔ kõkõ bɔne, na na menko nni nkogu efisɛ biribiara a me nsa bɛsɔ mu no, na mede ko ntɔkwa. Nneɛma a mesuae wɔ asɔre no ammoa me koraa. Asɛm a na metaa ka ne sɛ, “Aweredi yɛ Awurade dea, na ɔnam me so na ɛbɛtɔ werɛ!” Afe 1965 kɔsi afe 1969 mu hɔ, bere a na mekɔ ntoaso sukuu no, m’ani bɛgyee amanyɔfo kuo bi a wɔfrɛ no Black Panthers ho. Ná kuo yi de anoɔden pere hwehwɛ ɔmanfo yiedie. Enti bere a na mewɔ sukuu no mede me ho kɔdɔm sukuufo kuo bi a ɛpere hwehwɛ asuafo no ahofadi. Atuateɛ deɛ, na yɛfa no kwa, enti sɛ yɛkeka yɛn ho a na wɔato sukuu no mu kakra.

Esiane sɛ na m’ani gye basabasayɛ ho nti, ɛduu baabi no na atuateɛ no nko ara nso me. Enti mede m’ani sii nsɛmmɔnedi so. Nhwɛso bi ni: Bere bi, me ne me nnamfonom kɔhwɛɛ sini. Ná sini no fa ayayade a wɔde yɛɛ nkoa a wɔde wɔn firi Afrika baa United States no ho. Aninyanne a wɔde yɛɛ wɔn no hyɛɛ yɛn abufuo, enti ɛhɔ ara na yɛto hyɛɛ aborɔfo nkwadaa a na yɛne wɔn rehwɛ sini no so. Yɛamma no anso hɔ ara; yɛkɔɔ baabi a aborɔfo te kɔhwehwɛɛ nkurɔfo hwee wɔn.

Aka kakra ma madi mfe aduonu no, na awudisɛm deɛ me ne me nuanom fa no kwa. Yɛn nsɛmmɔnedi nti, na polisifo taa kyere yɛn. Ná me nua kumaa baako ka nsɛmmɔnedifo kuo bi ho, na me nso mekɔkaa ho. Ná m’abrabɔ sɛe ara na ɛresɛe.

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Ná m’adamfo bi awofo yɛ Yehowa Adansefo. Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra wɔn asafo nhyiam, na mepenee so kɔeɛ. Ɛda a ɛdi kan a mekɔɔ hɔ no, mehuu sɛ Yehowa Adansefo yɛ soronko. Ná obiara kura ne Bible, na sɛ wɔbɔ kyerɛwsɛm bi a na wɔabue di akenkan no akyi. Mmofra mpo maa ɔkasa wɔ nhyiam no ase! Bere a mehui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa no, ɛkaa me koma paa, na mete sɛ wɔrebɔ a na m’ani agye. (Dwom 83:18) Ná asafo no mufo yɛ nnipa a wɔfiri aman ahorow so, nanso na wotumi hu sɛ nnipa mu nyiyim biara nni wɔn ntam.

Mfiase no, na mempɛ sɛ Adansefo no ne me bɛsua Bible, nanso na m’ani gye ho sɛ mɛkɔ wɔn nhyiam ahorow. Da koro anadwo bi, bere a na mewɔ Adansefo no nhyiam ase no, me nnamfonom kɔɔ kɔnsɛt. Wɔkɔe no, wɔde anoɔden pɛe sɛ wɔgye aberante bi atade nanso wamfa amma wɔn, enti wɔhwee no araa ma owui. Ade kyee no, wɔhoahoaa wɔn ho wɔ awudisɛm no ho. Na bere mpo a wɔredi wɔn asɛm wɔ asɛnnibea no, wɔanhu aniberesɛm a ɛwɔ nea wɔayɛ no mu. Wɔde wɔn mu pii kɔguu afiase wɔn nkwa nna nyinaa. Ne tiawa mu no, m’ani gyee yie sɛ saa anadwo no me ne wɔn ankɔ. Afei mesii gyinae sɛ mɛsesa m’abrabɔ, na mafiri aseɛ asua Bible.

Esiane sɛ nnipa mu nyiyim abu so nti, nea mehunuiɛ wɔ Adansefo no ho no yɛɛ me nwonwa. Nhwɛso bi ni: Bere a buroni bi a ɔyɛ Ɔdansefo retu kwan akɔ amannɔne no, ɔde ne mma kɔgyaa abusua bi a wɔyɛ abibifo. Afei nso bere a aberante bi a ɔyɛ bibini repɛ baabi atena no, abusua bi a wɔyɛ aborɔfo gyee no tenaa wɔn fie. Mebɛhuu paa sɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 13:35 no fa Yehowa Adansefo ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ ampa.” Mehuu sɛ manya me nuanom ankasa!

Nea mesua fii Bible mu no maa mebɛhuu sɛ ɛho hia sɛ mesesa m’adwene. Ná ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene na afei meyɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba, efisɛ ɛno na na ɛbɛma asi me yie. (Romafoɔ 12:2) Nkakrankakra menyaa nkɔso. Enti January 1974 mu no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

Ná ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene na afei meyɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba, efisɛ ɛno na na ɛbɛma asi me yie

M’asubɔ akyi mpo no, na ɛsɛ sɛ mehwɛ yie wɔ me kõkõ bɔne no ho. Sɛ nhwɛso no, bere bi a mereyɛ afie afie asɛnka adwuma no, ɔkorɔmfo bi bɛwiaa me kar mu radio. Ɔhuu me ara pɛ na ɔsɔɔ mmirika mu; me nso mede guu no so. Bere a ɔhuu sɛ mereyɛ abɛn no no, ogyaa mu too hɔ dwaneeɛ. Mekaa nea ɛyɛe a me nsa kaa radio no kyerɛɛ wɔn a wɔka me ho no. Afei wɔn mu baako a ɔyɛ asafo mu panin bisaa me sɛ, “Stephen, sɛ wokyeree ɔkorɔmfo no a, anka dɛn na wobɛyɛ no?” Saa asɛmmisa no maa medwenee nneɛma ho, na ɛma mehuu sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ so yɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba.

October afe 1974 mu no, mefirii aseɛ de bere pii kaa asɛmpa no. Bosome biara, na mede nnɔnhwere 100 kyerɛkyerɛ afoforo Bible no. Akyiri yi, menyaa hokwan kɔyɛɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea no ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Yareɛ bɔɔ me maame, enti wɔ afe 1978 mu no, mesan kɔɔ Los Angeles kɔhwɛɛ no. Mfe mmienu akyi no, mewaree me yere Aarhonda. Ɔboaa me paa ma yɛhwɛɛ me maame kɔsii sɛ Maame wui. Bere bi akyi no, me ne me yere Aarhonda kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu. Yɛwiee sukuu no, wɔde yɛn kɔɔ Panama, na ɛhɔ na yɛda so ara wɔ reyɛ asɛmpatrɛw adwuma no.

Ɛfiri bere a mebɔɔ asu no, mahyia tebea ahorow a ɛhyɛ abufuo paa. Nanso mehu sɛ obi rehyɛ me abufuo a, ntɛm ara na matwe me ho anaa mefa ɔkwan foforo so di ho dwuma. Me yere ne nnipa pii akamfo me wɔ ɔkwan a mefa so di nsɛm a ɛte saa ho dwuma no ho. M’ankasa mpo me ho tumi yɛ me nwonwa! Merentumi nnye nsakrae a mayɛ no ho anuonyam mfa. Mmom no, megye di sɛ, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no tumi sesa nnipa.—Hebrifoɔ 4: 12.

SƐNEA ABOA ME:

Bible no aboa me ma manya mfaso wɔ asetenam, na akyerɛkyerɛ me ma mayɛ obi a ɔpɛ asomdwoe ankasa. Seesei menhwe nkurɔfo bio; mmom no, meboa wɔn ma wɔnya honhom fam ayaresa. Me ne obi a na ɔyɛ me tamfo wɔ ntoaso sukuu mu mpo suaa Bible! Ɔbɔɔ asu no, me ne no tenaa dan baako mu kakra. Ɛnnɛ yi nyinaa, yɛyɛ nnamfo a yɛbɔ kosua tafere. Seesei a merekasa yi, me ne me yere aboa nnipa bɛboro 80 ma wɔasua Bible abɛyɛ Yehowa Adansefo.

Meda Yehowa ase paa sɛ wama m’asetena ayɛ nea mfaso wɔ so, na afei manya anigye wɔ me nuanom Kristofo mu.