Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO

Sikasɛm Ho Dadwene

Sikasɛm Ho Dadwene

Paul yɛ okunu ne agya a ɔwɔ mma mmienu, na asɛm a ɔkae ne sɛ: “Bere a nneɛma boɔ huri kɔɔ soro wɔ yɛn man mu no, aduane boɔ yɛɛ den na na wonnya bi mpo ntɔ. Sɛ yɛrekɔtɔ aduane a, na yɛtumi de nnɔnhwerew pii di santen mu, nanso mpɛn pii no, ansa na ɛbɛdu yɛn nso no na aduane no asa. Ɔkɔm no maa nnipa dodow no ara fomfɔnee yie, na ebinom mpo twa hwee mmɔnten so. Nneɛma nketenkete boɔ kɔɔ soro paa ma enti na sika mpempem pii mpo ntumi ntɔ hwee. Awiei koraa no, ɔman no sika bɛyɛɛ sɛ nwura bi. Me sika a ɛwɔ sikakorabea, me nsiakyibaa, ne me pɛnhyen sika nyinaa hyewee.”

Paul

Ná Paul nim sɛ, sɛ n’abusua bɛtumi atena ase a, na ɛsɛ sɛ ɔde “nyansa” yɛ n’ade. (Mmebusɛm 3:21) Ɔkaa sɛ: “Ná meyɛ anyinam ahoɔden ho adwuma, nanso adwuma biara me nsa bɛsɔ mu no na meyɛ, ɛmfa ho sɛ akatua no sua no. Ebinom de nnuane anaa nneɛma foforo na na etua me ka. Sɛ wɔde samina nnan tua me ka a, mefa mmienu na matɔn mmienu. Nkakrankakra menyaa nkokɔ mma 40. Bere a wɔnyinii no, metɔn wɔn de tɔɔ nkokɔ mma 300. Akyiri yi mede nkokɔ 50 kɔgyee aburo mmɔtɔ mmienu. Metumi de saa aburo no hwɛɛ m’abusua ne mmusua foforo bere tenteenten.”

Ná Paul nim nso sɛ ade a nyansa wom a ɛsɛ sɛ obi yɛ ne sɛ ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so. Sɛ yɛdi Onyankopɔn ahyɛde so a, ɔboa yɛn. Ɛdefa asetenam nneɛma a yɛhia ho no, Yesu kaa sɛ: “Monnnwennwene nnha mo ho ɛfiri sɛ . . . mo Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi.”—Luka 12:29-31.

Awerɛhosɛm ne sɛ, Satan, Onyankopɔn tamfo kɛse no, adaadaa wiase mu nnipa pii ma wɔde wɔn adwene nyinaa asi honam fam nneɛma so. Ebinom haw wɔn ho dodo wɔ nneɛma a wɔhia ne nea wɔsusu sɛ wɔbɛhia ho, na wɔyɛ nea wɔbɛtumi biara sɛ wɔn nsa bɛka nneɛma a wɔnhia ankasa mpo. Ebinom soa ɛka pii gu wɔn ho so, na sɛ ɛkɔ wɔn ani a, wɔhu sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware: “Deɛ ɔgye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma deɛ ɔbɔ no bosea no.”—Mmebusɛm 22:7.

Afoforo nso sisi gyinae a ɛnyɛ koraa. Paul kaa sɛ: “Nnipa a yɛne wɔn te mpɔtam gyaa wɔn mmusua ne wɔn nnamfonom hɔ kɔhwehwɛɛ ‘asetena pa’ wɔ obi man so. Ebinom kɔe a na wɔnni tumi krataa, enti wɔannya adwuma anyɛ. Mpɛn pii no, na wɔde wɔn ho sie polisifo, na mpo wɔda abɔnten. Saa nkurɔfo no amfa wɔn ho anto Onyankopɔn so. Nanso na menim sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn, enti me ne m’abusua sii yɛn bo sɛ yɛbɛgyina sikasɛm mu ɔhaw no ano.”

YƐTIEE YESU AFOTU

Paul toaa so sɛ: “Yesu kaa sɛ: ‘Monnnwennwene ɔkyena ho, na ɔkyena no ara bɛnya ne dadwene. Da biara mu bɔne no ara dɔɔso ma da no.’ Enti daa mpae a na mebɔ ne sɛ, Onyankopɔn ‘mma yɛn nnɛ aduane’ na ɔkɔm anku yɛn. Na sɛnea Yesu kae no, Onyankopɔn tiee yɛn mpaebɔ. Ɛnyɛ nea yɛpɛ nyinaa na na yɛn nsa ka. Bere bi, mekɔtoo santen sɛ merekɔtɔ aduane a na mennim aduane kõ. Ɛreyɛ adu me so no, mehuu sɛ ɛyɛ yogɔt. Yogɔt yɛ aduane a mempɛ, nanso mefaa no saa ara. Saa anwummere no ɛno na yɛdi dae. Meda Onyankopɔn ase sɛ saa mmere bɔne no mu no, me ne m’abusua anna kɔm da.” *

Onyankopɔn aka sɛ: “Merennya wo na merempa wo nso da.”—Hebrifoɔ 13:5

“Seesei yɛn sikasɛm mu yɛ kakra. Nanso nea yɛfaa mu no ama yɛahu sɛ sɛ dadwene hyɛ obi so a, ano aduro paa ne sɛ ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so. Sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa * apɛde na yɛyɛ a, ɔno nso bɛboa yɛn bere nyinaa. Yɛabɛhu sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 34:8 no yɛ nokware. Ɛka sɛ: ‘Monka nhwɛ na monhunu sɛ Yehowa yɛ; anigyeɛ ne ɔbarima a ɔdwane toa no.’ Ne saa nti sɛ sikasɛm mu ahokyere a ɛte saa ba bio mpo a, yɛnsuro.

Onyankopɔn boa n’asomfo anokwafo ma wɔnya “aduane wɔ da yi mu”

“Seesei yɛabɛhu paa sɛ ɛnyɛ adwuma anaa sika na onipa hia na ama watena ase, na mmom aduane. Yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn bɔhyɛ yi mmamu: ‘Asase no so nnɔbaeɛ bɛdɔɔso.’ Enti ɛnkɔsi saa bere no, ‘sɛ yɛwɔ yɛn ano aduane ne deɛ yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.’ Bible mu asɛm yi ma yɛnya awerɛkyekye, ɛka sɛ: ‘Mommma sikanibereɛ mmma mo asetena mu, na momma deɛ mowɔ no ara nnɔɔso mma mo. Na waka sɛ: “Merennya wo na merempa wo nso da.” Ɛma yɛnya akokoɔduro ka sɛ: “Yehowa ne me boafoɔ; merensuro.”’” *

Ɛgye gyidi ankasa na obi atumi ne ‘Onyankopɔn anante’ sɛnea Paul ne n’abusua reyɛ no. (Genesis 6:9) Sɛ yɛrehyia sikasɛm mu ahokyere seesei oo anaa daakye na yɛbɛhyia bi oo, yɛbɛtumi asua biribi paa afi gyidi a Paul daa no adi ne nyansa a ɔde yɛɛ adwuma no mu.

Nanso sɛ abusua mu haw ahorow na ama dadwene ahyɛ yɛn so nso ɛ?

^ nky. 10 Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.