Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Mebɔ Mpae a, Onyankopɔn Bɛboa Me?

Enti Mebɔ Mpae a, Onyankopɔn Bɛboa Me?

Nea Bible ka

 Aane, wɔn a wɔyi wɔn yam bisa nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia no, ɔboa wɔn. Sɛ wommɔɔ mpae da mpo a, nhwɛso bebree wɔ Bible mu a ɛbɛtumi aboa wo. Nea ebinom kae ne sɛ, ‘Onyankopɔn, boa me.’ Saa mpaebɔ no bɛtumi ahyɛ wo nkuran. Ebi na ɛdidi so yi:

  •   “O Yehowa, me Nyankopɔn, boa me; gye me sɛnea w’adɔe te.”​—Dwom 109:26.

  •   “Meyɛ mmɔborɔni ne ohiani: O Nyankopɔn, boa me.”​—Dwom 69:6, Douay Version.

 Ampa, onipa a ɔkyerɛw saa nsɛm no, na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi paa. Nanso Onyankopɔn tie wɔn a wɔde koma pa ba n’anim nyinaa. Ebi ne nnipa a wɔn “koma abubu” anaa “wɔn honhom abotow.”​—Dwom 34:18.

 Mɛnnya adwene sɛ Onyankopɔn ne wo ntam ware na ɔhaw a worehyia no nyɛ no asɛm. Bible ka sɛ: “Yehowa korɔn, nanso ohu ɔhobrɛasefo; ɔhantanni de, ohu no wɔ akyirikyiri.” (Dwom 138:6) Bere bi, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mo ti so nhwi koraa wakan.” (Mateo 10:30) Onyankopɔn nim wo sen wo ankasa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde adɛn nti na biribi hyɛ wo so na wobɔ mpae bisa ne hɔ mmoa a, ɔrentie. Ɔbɛtie wo dodo!​—1 Petro 5:7.