Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Nnipa Bɛtetew Asase Apansam no Anaa?

Nnipa Bɛtetew Asase Apansam no Anaa?

“Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.”—ƆHENE SOLOMON A ƆTENAA ASE TETE. *

Tete Bible kyerɛwfo yi ani so no, sɛ wode nnipa nkwa nna toto sɛnea asase akyɛ no ho a, yɛn nkwa nna nnu baabiara. Mfe mpempem pii ni, awo ntoatoaso akɔ aba, nanso asase te nea ɛte, na abɔde a nkwa wom atena so abɛsi nnɛ.

Ɛfi wiase ko a ɛto so mmienu akyi reba no, nsakrae pii na aba. Bɛyɛ mfe 70 ni, nnipa anya nkɔanim wɔ nneɛma pii mu. Ebi ne mfiri a wɔde tu kwan te sɛ wimhyɛn, kar, ne nea ɛkeka ho. Akwan a wɔfa so di nkitaho ne abɛɛfo mfiridwuma ho nimdeɛ nso, nnipa anya nkɔanim wom kɛse. Ɛnnɛ, nnipa pii te yiye koraa sen sɛnea na wɔhwɛ kwan mpo. Bere koro no ara mu nso, nnipa dodow a wɔwɔ asase so abu abɔ ho mprɛnsa.

Nanso nkɔanim a nnipa anya yi nyinaa, ɛde asɛm nam. Nneɛma a nnipa yɛ no, ɛresɛe asase no ara ama ebinom kyerɛ sɛ anhwɛ a ɛbɛdu bere bi no, abɔde biara rentumi ntena so bio. Abɔde mu nyansahufo mpo ka sɛ, ɛnnɛ paa na nnipa nneyɛe resɛe asase kɛse.

Bible ka too hɔ sɛ, bere bi bɛba a nnipa ‘bɛsɛe asase.’ (Adiyisɛm 11:18) Nnipa binom ntumi nhu sɛ saa bere no ni anaa. Ɛnde ɛhe na asase bɛsɛe akɔdu? Ɛbɛgye nsam koraa anaa? Nnipa bɛma asase no atetew apansam a wɔyɛ no hwee a ɛnyɛ yiye?

 ƐBƐGYE NSAM ANAA?

Sɛe a asase yi resɛe no, ɛbɛdu bere bi no na agye nsam anaa? Nyansahufo binom te nka sɛ baabi a asase no asɛe akɔdu no, ɛyɛ den sɛ wɔbɛhu. Ɛno nti, wɔsuro sɛ anhwɛ a ɛbɛdu baabi no, wim nsakrae a yɛnhwɛ kwan bɛtumi de atoyerɛnkyɛm aba.

Sɛ wokɔ asase no fã bi a, nsukyenee nko ara na ɛwɔ hɔ. Sɛnea wim reyɛ hyew no, ebinom gye di sɛ, ɛkɔ so saa ara a, ɛbɛdu baabi no, saa nsukyenee no nyinaa bɛnan. Nea ɛte ne sɛ, nsukyenee no kata po so. Nsukyenee no yɛ fitaa, enti ɛtumi owia paa. Nanso ɛpo nsu a ɛwɔ ase no de, esiane sɛ ani yɛ tumm nti, owia bɔ a ɔhyew gyina mu kyɛ, na ɛma nsukyenee a ɛkata so no nan ntɛmntɛm. Sɛ tebea no ansesa a, nsukyenee no bɛnan ara ama ɛpo ayiri, na ɛno bɛtumi akɔfa atoyerɛnkyɛm abrɛ nnipa ɔpepem pii.

SƐE ARA NA ASASE RESƐE

Nnipa abɔ mmɔden de nneɛma pii agugu akwan mu sɛnea ɛbɛma asase a ɛresɛe no agyae. Ɔkwan a wɔabɔ ho dawuru akyɛ paa mu baako ne sɛ wɔbɛhyɛ nnipa nkuran ma wɔde abɔde mu nneɛma adi dwuma nyansam. Akɔsi sɛn?

Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn tebea akɔyɛ sɛ obi a ɔde ka na ɔntumi ntua. Nanso sika a ɔhia nti, ɔnnyae bosea bɔ. Ɛno nti, daa na ɛka no reyɛ kɛse. Nnipa nso, asase so nneɛma bi wɔ hɔ a yɛhia na yɛatumi atena nkwa mu. Ebi ne nsu, nnua ne nea ɛkeka ho. Nanso seesei, sɛnea nnipa de saa nneɛma no di dwuma ntɛmntɛm nti, nea ɛbɛhyɛ anan no nnu nea yɛhia. Dɛn na yɛbɛtumi ayɛ wɔ tebea no ho? Obi a ɔwɔ abɔde ho nimdeɛ kaa no pen sɛ: “Nea ɛwom ara ne sɛ, ɛba asase no so hwɛ a, yɛnhu yɛn ho ano.” Nea ɛrekɔ so ne Bible mu asɛm yi hyia sɛ: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”Yeremia 10:23.

Nanso anigyesɛm ne sɛ, Bible aka sɛ Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn renhwɛ mma asase so nneɛma nsa koraa. Dwom 115:16 ka sɛ: “Asase de, [Onyankopɔn de] ama nnipa mma.” Enti yɛn asase yi yɛ “akyɛde pa” a efi yɛn soro Agya hɔ. (Yakobo 1:17) Wohwɛ a, Onyankopɔn bɛkyɛ yɛn biribi a ɛrenkyɛ ɛbɛsɛe? Dabida! Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn asase yi a, ɛma yɛhu sɛ ɔrenyɛ saa.

 NEA ƆBƆADEƐ NO ABƆ NE TIRIM SƐ ƆBƐYƐ

Genesis nhoma a ɛwɔ Bible mu no ma yɛhu sɛnea Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase nwenee asase. Bible ka sɛ mfiase no, na “asase no wɔ hɔ kwa a hwee nni so, na na esum kata . . . ani.” Nanso ɛsan ka sɛ, saa bere no, na “nsu” wɔ asase so. Nsu nso, yɛnim sɛ ɛhia ma nkwa. (Genesis 1:2) Afei Onyankopɔn kaa sɛ: “Hann mmra.” (Genesis 1:3) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na owia hann duu asase so nea ɛdi kan koraa. Bible toa so sɛ asase kesee ne ɛpo bae. (Genesis 1:9, 10) Afei ‘sare fifii asase so, na afifide a ɛsow aba ne nnua a ɛsow aba’ nso bae. (Genesis 1:12) Nneɛma a ɛma nkwa tena asase so te sɛ ɔkwan a afifide fa so yɛ aduan no, afei de, na asase anya ne nyinaa. Dɛn nti na Onyankopɔn yɛɛ eyinom nyinaa?

Odiyifo Yesaia a ɔtenaa ase tete no kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Nea . . . ɔnwenee asase na ɔyɛe de tim hɔ, nea wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so no.” (Yesaia 45:18) Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ nnipa ntena so daa.

Nanso nea ɛhaw adwene ne sɛ, akyɛde fɛfɛ a Onyankopɔn de ama yɛn yi, nnipa nhu so hwɛ. Ɛno nsesaa nea enti ɔbɔɔ asase no. Ɔbarima bi a ɔtenaa ase tete mmere mu kae sɛ: “Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro, na ɔnyɛ ɔdesani na wanu ne ho. Waka biribi a ɔrenyɛ anaa?” (Numeri 23:19) Nea ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn renhwɛ mma asase no nsɛe. Ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛsɛe wɔn a “wɔresɛe asase no.”Adiyisɛm 11:18.

YƐN FIE ARA NE HA

Yesu Kristo kaa wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mateo 5:5) Asɛnka no ara mu no, Yesu kyerɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye asase asi yiye. Enti ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no, ɔkwan biara so, Onyankopɔn Ahenni bɛma aba mu.Mateo 6:10.

Nsakrae kɛse a Ahenni no de bɛba no, Onyankopɔn kaa ho asɛm sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:5) Saa asɛm yi kyerɛ  sɛ Onyankopɔn bɛbɔ asase foforo asi nea ɛwɔ hɔ yi ananmu anaa? Dabi. Enhia sɛ ɔbɛyɛ saa efisɛ asase no de, ɛho nni asɛm. Mmom, “wɔn a wɔresɛe asase no,” kyerɛ sɛ, nnipa nniso a ɛwɔ hɔ nnɛ no, wɔn na Onyankopɔn bɛsɛe wɔn. Afei, “ɔsoro foforo ne asase foforo” bɛba abɛsi nnipa nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ no ananmu. Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, ɔsoro aban a ɛne Onyankopɔn Ahenni no bɛdi nnipa pa so wɔ asase so.Adiyisɛm 21:1.

Afei, asase so nneɛma a nnipa ama ɛreyɛ asa no, Onyankopɔn bɛsan ama asi ne dedaw mu sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛtumi akɔ so atena asase so. Yɛbɛka a, yɛn tebea a na ɛte sɛ obi a ɔde ka na ontumi ntua no bɛsesa. Ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn atua yɛn aka no nyinaa ama yɛn. Honhom kronkron maa odwontofo no kyerɛw nea Onyankopɔn bɛyɛ no ho asɛm sɛ: “Woadan w’ani abɛhwɛ asase, na woama no nnepa bebree; woma ɛdɔre pii.” Wim tebea renyɛ basabasa bio, na Onyankopɔn bɛhyira asase no. Enti asase bɛdan paradise ama aduan pii aba.Dwom 65:9-13.

Ná ɔbarima bi a wɔfrɛ no Pyarelal yɛ ɔkyerɛwfo ma kan Indiafo nyamesom kannifo Mohandas Gandhi. Ɔkyerɛ a, bere bi Gandhi kaa sɛ: “Nneɛma a nnipa hia nyinaa, wɔbɛnya no asase so, nanso nea anibere nti nnipa pere de, wɔrennya.” Nea akɔfa asase haw aba nyinaa ne nnipa suban. Enti Onyankopɔn Ahenni no bɛhwɛ ama nnipa suban asesa. Odiyifo Yesaia ka too hɔ sɛ, sɛ Ahenni no ba a, “wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio,” kyerɛ sɛ, obiara renyɛ ne yɔnko bɔne na obiara rensɛe asase bio. (Yesaia 11:9) Yɛreka yi, ɛnnɛ mpo, nnipa ɔpepem pii a wɔfi mmaa nyinaa resua Onyankopɔn mmara a ɛdi mu no ho ade. Wɔretete wɔn ama wɔadɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko, na wɔahu sɛnea wɔbɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Afei nso, wɔrekyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ asase so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no so yiye, ne sɛnea wɔde saa nneɛma no bɛdi dwuma yiye. Bio nso, wɔrekyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛbɔ wɔn bra ama ɛne Ɔbɔadeɛ atirimpɔw ma nnipa ne asase no ahyia. Yɛbɛtwa no tiawa a, wɔresiesie wɔn ama asase so paradise asetena.Ɔsɛnkafo 12:13; Mateo 22:37-39; Kolosefo 3:15.

Onyankopɔn renyɛ nhwɛhaa mma asase fɛfɛ yi nsɛe kwa

Adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Genesis no wie sɛ: “Onyankopɔn huu biribiara a wayɛ, na na eye paa.” (Genesis 1:31) Enti Onyankopɔn renyɛ nhwɛhaa mma asase fɛfɛ yi nsɛe kwa. Daakye, Yehowa Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ a ɔdɔ yɛn no bɛsiesie asase no. Ɛno ma yɛn akomatɔyam. Wahyɛ bɔ sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dwom 37:29) Ɛno nti, ɛmmra sɛ wo nso, wobɛka “treneefo” no ho, na asase ayɛ wo fie afebɔɔ.

^ nky. 3 Ɛfi Ɔsɛnkafo 1:4. Bible mu na ɛwɔ.