Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛtete Mmabun ma Wɔabɛyɛ Mpanyimfo

Sɛnea Yɛbɛtete Mmabun ma Wɔabɛyɛ Mpanyimfo

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Sɛnea Yɛbɛtete Mmabun ma Wɔabɛyɛ Mpanyimfo

“Ná me ne me mma tumi bɔ nkɔmmɔ ma yɛn ani gye. Sɛ mekasa a na wɔyɛ aso tie me, na na wɔde nea meka biara yɛ adwuma ntɛm ara. Nanso seesei a wɔanyinyin no, yɛn adwene nhyia wɔ biribiara ho. Wɔkasa tia yɛn som ho nhyehyɛe mpo. Ɛyɛ a wobisa me sɛ: ‘So ɛho hia sɛ yesusuw Bible no ho?’ Bere a na me mmabarima no nnyinyinii no, manso dae da sɛ biribi a ɛte saa besi m’abusua mu—ɛwom sɛ na mihu sɛ ɛto afoforo.”—Reggie. *

SO WORETETE ɔbabun? Sɛ saa a, ɛnde na nneɛma a ɛyɛ anika a ɛkɔ so bere a wo ba no renyin no na wuhu no. Ebetumi nso ayɛ bere a wobɛteetee paa. So nea edidi so yi bi kɔ so wɔ w’abusua mu?

Bere a wo babarima no nnya nnyinii no, na ɔtetare wo ho bere nyinaa. Nanso seesei a wanyin no, ɔmpɛ sɛ ɔbɛn wo koraa.

Bere a wo babea no yɛ abofra no, na ɔka biribiara kyerɛ wo. Nanso seesei a wabɛyɛ ɔbabun no, ɔne ne nnamfonom ‘abɔ fekuw,’ na ɛma wote nka sɛ wonka wɔn ho.

Sɛ biribi a ɛte saa rekɔ so wɔ w’abusua mu a, mpere wo ho nka sɛ wo ba no regye nsam. Sɛ saa a, ɛnde na dɛn na ɛrekɔ so? Sɛ yebenya eyi ho mmuae a, ma yensusuw tebea titiriw a wo ba fa mu bere a wadu ne babunbere so no ho.

Babunbere—Ɛyɛ Bere Titiriw

Sɛ wonya wo abofra pɛ ara a, na bere a edi kan a ɔyɛ nneɛma bi wɔ n’asetena mu no afi ase—emu bi ne, bere a edi kan a ɔnantew, bere a edi kan a ɔkasa, ne bere a edi kan a ɔkɔ sukuu. Sɛ abofra no fi ase yɛ nneɛma atitiriw yi a, n’awofo ani gye paa. Nea abofra no tumi yɛ no ma wohu sɛ ɔrenyin.

Babunbere nso yɛ bere titiriw—ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama awofo binom sɛ wobegyina saa mmere no ano. Ntease wom sɛ tebea a ɛte saa no haw wɔn. Anyɛ yiye koraa no, ɔwofo biara ani nnye ho sɛ obehu sɛ ne ba a otie n’asɛm no benyin abɛyɛ obi a omunamuna. Ne nyinaa mu no, babunbere yɛ bere titiriw ma abofra biara. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?

Bible ka sɛ, edu bere bi a “ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ.” (Genesis 2:24) Asɛyɛde titiriw a ɛbata ho ne sɛ wobɛboa wo babarima anaa wo babea ma wafa tebea a ɛyɛ anigye nanso nsɛnnennen wom yi mu. Edu saa bere no a, ɛsɛ sɛ wo ba no tumi ka asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi bi: “Meyɛ akokoaa no, mekasae sɛ akokoaa, midwen sɛ akokoaa, misusuw nsɛm ho sɛ akokoaa; na afei a mayɛ ɔpanyin yi, mayi nkokoaa su no afi hɔ.”—1 Korintofo 13:11.

Sɛ yɛbɛka a, saa na wo babarima anaa wo babea no reyɛ wɔ ne babun bere mu—ɔreyi nkokoaa su no afi hɔ, na ɔresua sɛ ɔbɛyɛ ɔpanyin a otumi di ne ho so a wadu baabi a obetumi atew ne ho. Nokwarem no, nhoma bi ka babunbere ho asɛm ma ɛyɛ awerɛhow. Ɛka sɛ “ɛyɛ bere a mmabun siesie wɔn ho sɛ wɔne wɔn awofo bɛtetew mu.”

Nokwasɛm ne sɛ, seesei sɛ wudwen sɛ wo babarima anaa wo babea “ketewaa” no bɛtew ne ho afi wo ho a, ebetumi ama w’adwenem ayɛ wo nãã. Ebia wubebisa sɛ:

“Sɛ me babarima ntumi nsiesie n’ankasa dan mu a, ɔbɛyɛ dɛn asiesie ne fie daakye?”

“Sɛ me babea pue na sɛ ɔmma fie wɔ bere ano a, ɔbɛyɛ dɛn ahwɛ adwuma so yiye daakye?”

Sɛ biribi a ɛte saa haw wo a, kae asɛm yi: Ahofadi nte sɛ ɔpon a wobue ma wo ba fa mu kɛkɛ; ɛyɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ otwa, na ebegye mfe pii na watwa awie. Seesei de, wo suahu ama woahu sɛ “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.”—Mmebusɛm 22:15.

Nanso sɛ woma wo ba akwankyerɛ pa a, obetwa ne babunbere anyin abɛyɛ ɔpanyin pa a ‘wɔatete n’adwene tumi ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’—Hebrifo 5:14.

Nea Ɛbɛboa ma Asi Wɔn Yiye

Sɛ wobɛtete wo ba ama wadu mpanyin afe so a, ehia sɛ woboa no ma otumi de ‘n’adwene’ yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a n’ankasa betumi asisi gyinae pa. (Romafo 12:1, 2) Bible mu nnyinasosɛm a edidi so yi bɛboa wo ma woatumi ayɛ saa.

Filipifo 4:5: “Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.” Fa no sɛ wo ba aka akyerɛ wo sɛ ɔpɛ sɛ sɛ opue a, ɔkyɛ kakra. Ntɛm ara na wokae sɛ dabi. Wo ba no nwiinwii ka sɛ, “Woyɛ me sɛ abofra bi!” Sɛ́ anka wubebua sɛ, “Yiw, woyɛ w’ade te sɛ abofra” no, susuw asɛm yi ho hwɛ: Mmabun taa hwehwɛ ahofadi pii sen sɛnea wohia, nanso ebia awofo remma wɔn ahofadi a ɛsɛ. So ɛwom wom a, wubetumi ama no ahofadi kakra aka nea wode ama no no ho? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na wunsusuw nea wo ba no ka no ho?

SƆ EYI HWƐ: Kyerɛw nneɛma bi a wubetumi ama wo ba a wadu mpanyin afe so no anya ahofadi kakra wom no ho asɛm to hɔ. Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no sɛ wode hokwan yi rema no de asɔ no ahwɛ. Sɛ odi ho dwuma yiye a, bere bi akyi no wubetumi ama no bi aka ho. Sɛ wamfa anni dwuma yiye a, wubegye ahofadi kakra a wode ama no no afi ne nsam.—Mateo 25:21.

Kolosefo 3:21: “Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Sɛ moyɛ katee dodow a, wɔn abam bebu.”—International Children’s Bible. Awofo binom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn mma so. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ahu biribiara a wɔn mma no yɛ no, wɔka wɔn hyɛ fie. Wɔpaw wɔn nnamfo ma wɔn na wowiawia wɔn ho tie nkɔmmɔ a wɔbɔ wɔ telefon so. Nanso saa kwan a wɔfa so yi ntaa nyɛ adwuma. Sɛ woka abofra hyɛ a, ɛma ɔno nso pɛ kwan a ɔbɛfa so atetew ne ho; sɛ wotaa kasa tia ne nnamfonom a, ebetumi ama wabɛn wɔn kɛse; sɛ wuwia wo ho tie nkɔmmɔ a wɔbɔ wɔ telefon so a, ɛbɛma wahwehwɛ ɔkwan foforo a ɔne ne nnamfonom bɛbɔ nkɔmmɔ a wunhu akyi. Dodow a wobɔ mmɔden sɛ wobɛka no ahyɛ no, dodow no ara na obegye nsam. Nokwarem no, sɛ wo ba ansua sɛ n’ankasa besisi gyinae bere a ɔte wo nkyɛn no a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ ɔtew ne ho a, obetumi asisi gyinae?

SƆ EYI HWƐ: Bere foforo a wo ne wo ba besusuw asɛm bi ho no, boa no ma onsusuw sɛnea ne gyinaesi no benya ne so nkɛntɛnso no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ anka wobɛkasa atia ne nnamfo no, bisa no sɛ: “Sɛ [asiamasi] kobu mmara so na wɔkyere no a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛbɛka wo dɛn?” Boa wo ba no ma onhu sɛnea gyinae ahorow a obesisi no betumi ama n’anim aba nyam anaa agu n’anim ase.—Mmebusɛm 11:17, 22; 20:11.

Efesofo 6:4: “Monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” Ɛnyɛ nea asɛm “nyansakyerɛ” kyerɛ ara ne sɛ wobɛma abofra no anya nimdeɛ kɛkɛ, na mmom sɛ ɔbɛte nneɛma ase yiye na ɔde abɔ ne bra. Eyi ho hia, titiriw bere a wo ba no adu ne mpanyin afe so no. Agya bi a wɔfrɛ no Andre kae sɛ, “Mpɛn dodow a wo ba no nyin no, dodow no ara na ɛsɛ sɛ wosesa ɔkwan a wofa so ne no di nsɛm no mu na wo ne no susuw nsɛm ho.”—2 Timoteo 3:14.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ asɛm bi sɔre a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ wo ba no, na wo ba no nso ayɛ sɛ wo. Bisa no sɛ sɛ ne ba ne wo a, afotu bɛn na anka ɔde bɛma wo? Ma ɔnkɔyɛ nhwehwɛmu mfa mmɛkyerɛ nea enti a ɔbɛpene so anaa ɔrempene so no mu. Munsusuw asɛm no ho bio wɔ dapɛn mu.

Galatifo 6:7: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” Wubetumi atwe abofra aso de akyerɛkyerɛ no—ebia wobɛka no ahyɛ dan mu anaa wode biribi a n’ani gye ho bɛkame no. Nanso ɔbabun de, ɛbɛyɛ papa sɛ wo ne no susuw nsɛm ho, na woma ohu nea ebetumi afi ne nneyɛe mu aba.—Mmebusɛm 6:27.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ ɔkɔbɔ ka a, ntua mma no mfa ntwitwa nnye no, anaa sɛ wantwa ne sɔhwɛ a, nkɔka asɛm biara nkyerɛ ne kyerɛkyerɛfo mfa nnye ne ti. Ma ɔnsoa ne nneyɛe ho asodi, na obesua biribi afi mu.

Sɛ́ ɔwofo no, wo yam a anka wo ba no atwa ne babunbere no te sɛ nea ɔnam kwantempɔn a ɛso fa nnyɛ den so. Nanso, ɛnyɛ mmerɛw saa. Sɛ wo ba du ne babunbere so a, ɛma wunya hokwan soronko de “tete abofra [no] wɔ ɔkwan a ɛfata so.” (Mmebusɛm 22:6) Bible mu nnyinasosɛm yɛ fapem a ɛfata a wubetumi de asiesie w’abusua ma anigye atena mu.—w09 05/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Wɔasesa din no.

BISA WO HO SƐ . . .

Ebedu bere a me babarima anaa me babea no befi fie no, so obetumi ayɛ nea edidi so yi?

▪ de ne ho ahyɛ Onyankopɔn Som mu dwumadi ahorow mu bere nyinaa

▪ apaw nneɛma a ɛfata na wasisi gyinae pa

▪ ne afoforo adi nkitaho yiye

▪ ahwɛ n’akwahosan so yiye

▪ ahwɛ ne sikasɛm so yiye

▪ asiesie ne dan mu anaa ne fie ma ɛhɔ atew

▪ afi ne pɛ mu ayɛ nneɛma

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛ wo ba no de ahofadi a wode ama no no di dwuma yiye a, so wubetumi ama no ahofadi kakra aka ho?