Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Sɛnea Wobɛdi Ankonamyɛ So

Sɛnea Wobɛdi Ankonamyɛ So

ƆHAW NO

“Me nnamfo yɛ mmienu, nanso sɛ wɔreyɛ biribi a wɔmfrɛ me. Nea mɛte ara ne sɛ wɔakɔgye wɔn ani. Da bi, mefrɛɛ wɔn mu baako wɔ ne fie, nanso obi na ɔfaa fon no. Afei metee sɛ ɔbaako no nso wɔ hɔ na wɔn mmienu rebɔ nkɔmmɔ serew. Enti m’aso kɛkɛ na mede tee nea ɛkɔɔ so, na ɛno koraa na ɛhyee me!”—Maria. *

Ɛyɛ wo sɛ wo nnamfo ayi wo baako ahyɛ wo nsa ma woayɛ ankonam? Sɛ saa a, ɛnneɛ Bible afotu bɛtumi aboa wo. Nanso wo deɛ, ma yɛnsusu ankonamyɛ ho kakra.

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Obiara tumi yɛ ankonam. Nnipa a wɔagye din mpo tumi yɛ ankonam. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ nnamfo dodow a wowɔ ne asɛm no, na mmom nnipa ko a wofa wɔn nnamfo no na ɛhia. Obi wɔ hɔ a wagye din, na daa nnipa atwa ne ho ahyia, nanso wobɛhwɛ na ɔnni adamfo papa baako mpo wɔ wɔn mu. Ɛba saa ɔtumi yɛ ankonam.

Ankonamyɛ bɛtumi adi wo awu. Nwomanimfo yɛɛ nhwehwɛmu ahorow 148, na nea ɛbɛdaa adi ne sɛ ankonamyɛ bɛtumi atwa obi nkwa so. Wɔhuu nso sɛ, sɛ obi yɛ ankonam a, ɛte sɛ obi a “daa ɔnom sigaret mfuamfua 15,” na ɛyɛ hu sen “obi a wayɛ kɛse aboro so.”

Ankonamyɛ bɛtumi ama woasi gyinae bɔne. Ɛbɛtumi ama woafa obiara kɛkɛ adamfo. Aberante bi a ɔde Alan kaa sɛ: “Ɛtɔ da a, na wohia obi wɔ wo nkyɛn, efisɛ wote nka sɛ woayɛ ankonam. Anhwɛ a, wobɛka mpo sɛ, adamfo bɔne yɛ sen ankonamyɛ. Adwene a ɛte saa bɛtumi de ɔhaw aba.”

Intanɛt ne kɔmputa nyɛ ankonamyɛ ano aduro. Ababaa bi a ɔde Natalie kaa sɛ, “Mɛtumi de text message ne e-mail akɔma nnipa 100 da biara, nanso na meda so ara yɛ ankonam.” Aberante bi a wɔfrɛ no Tyler nso kaa asɛm a ɛte saa ara. Ɔse “text message te sɛ biribi a yɛde pa yɛn anom. Nanso sɛ wo ne obi bɔ nkɔmmɔ anim ne anim a, ɛte nea woadi aduane ankasa. Ampa, ɛtɔ da a wohia biribi de apa w’anom, nanso wontumi mfa ɛno nsesa aduane.”

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Nya adwempa. Fa no sɛ wo nnamfo kɔɔ baabi kɔgyee wɔn ani, nanso wɔamfrɛ wo. Akyiri yi wokɔhuu ɛho foto wɔ Intanɛt so. Wobɛtumi ayɛ nneɛma mmienu. Wopɛ a wobɛtumi anya adwene sɛ wɔhyɛɛ da paa na wɔamfrɛ wo, anaa wobɛtumi ahwɛ no kwan foforo so. Wo deɛ hwɛ, wonim nea enti a ɛbaa saa? Sɛ wonnim a, adɛn nti na woanya wɔn ho adwemmɔne? Ebia biribi na ɛsii nti na wɔamfrɛ wo, enti ɛbɛyɛ papa mmom sɛ wonya wɔn ho adwempa. Mpɛn pii no, w’adwene na ɛka kyerɛ wo sɛ woyɛ ankonam.—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 15:15.

Nhããhãã w’ani. Sɛ woyɛ ankonam a ebia wobɛnya adwene sɛ, ‘Amanfoɔ nkɔɔ baabiara mfrɛɛ me da,’ anaa ebia wobɛka sɛ, ‘Obiara mpɛ m’asɛm.’ Sɛ wohããhãã w’ani ka saa a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa. Ɛba saa a worenka wo ho nkɔ nnipa ho, na daa na woayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɛno nso bɛma woasusu sɛ woyɛ ankonam na obiara ayi wo baako ahyɛ wo nsa.—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 18:1.

Mfa w’atipɛnfo nkutoo nnamfo. Bible ka sɛ bere a Dawid faa Yonatan adamfo no na ɔyɛ aberantewa; na Yonatan sen no mfe 30. Na ɛnyɛ Dawid tipɛn ne Yonatan, nanso na mframa mfa wɔn ntam. (1 Samuel 18:1) Wo nso wobɛtumi anya adamfo a ɔte saa. Kiara yɛ ababaa a wadi mfe 21. Ɔka sɛ: “Mabɛhu sɛ, sɛ mefa mmaa mpanyimfo adamfo a ɛboa me paa. Me nnamfonom bi anyin sen me bam, na wɔde wɔn nyansa ne wɔn nimdeɛ boa me.”—Bible mu asɛm: Hiob 12:12.

Ɛsɛ sɛ wonya bere ma wo ho. Ebinom wɔ hɔ a, wɔnyae a anka daa na nnipa gu wɔn ho; obi nni wɔn ho pɛ na wɔayɛ hahaaha. Nanso sɛ nnipa nni wo ho a ɛno nkyerɛ sɛ woyɛ ankonam. Yɛmfa Yesu nyɛ nhwɛso. Na ɔpɛ nnipa paa, nanso ɛtɔ da a na ɔpɛ sɛ ɔnya bere kakra ma ne ho. (Mateo 14:23; Marko 1:35) Wo nso wobɛtumi ayɛ saa ara. Sɛ nnipa nni wo ho a, nka sɛ woyɛ ankonam. Mmom fa saa bere no dwendwene nneɛma ho, na wobɛhu sɛ wɔwɔ nhyira pii. Woyɛ saa a, w’ani bɛgye na ɛrenyɛ den sɛ amanfoɔ bɛbɛn wo.—Mmebusɛm 13:20.

^ nky. 4 Wɔasesa din no bi.