Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Ɛbɛyɛ Dɛn na Asomdwoe Aba Nnipa Ntam?

Ɛbɛyɛ Dɛn na Asomdwoe Aba Nnipa Ntam?

Ná Frank ne Jerry te fɛfɛɛfɛ kɔsii sɛ Jerry too parti anadwo bi. * Ná dede no ano yɛ den, enti Frank kaa ho asɛm, ɛnna Jerry bo fuwii. Ɛde akasakasa baa wɔn ntam, enti ná obiara mpɛ ne yɔnko anim ahwɛ.

FRANK ne Jerry nyinaa anyɛ no yiye. Sɛ asɛm ba nnipa mmienu ntam a, nea ɛtaa ba ne sɛ, obiara bo fuw, na obiara prɛ asɛm no to ne yɔnko so. Sɛ asɛm no ka hɔ saa a, wɔn ntam bɛtumi asɛe.

Nea yɛreka yi, ebia ebi ato wo pɛn, na anyɛ wo dɛ! Nea ɛwom ne sɛ, yɛn mu dodow no ara pɛ sɛ yɛne nnipa nyinaa tena fɛfɛɛfɛ. Yɛyɛ nnipa yi deɛ, ɛyɛ dɛn ara a, asɛm bɛsi. Enti sɛ asɛm si yɛne obi ntam a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ne onipa no atena asomdwoe mu? Yɛbɛyɛ dɛn ayi ne ho asɛm afi yɛn mu na yɛagyae ama no aka? Yɛbɛtumi de abotare asiesie asɛm no anaa?

Yɛnhwɛ Frank ne Jerry asɛm no. Wohwɛ mu a, nneɛma bebree na ɛkeka boom maa wɔn ntam sɛee: (1) Jerry annwen Frank ho, (2) bere a Frank nso rekɔka ho asɛm no, wanto ne bo ase, enti ɛhaw Jerry, (3) wɔn mmienu nyinaa, obiara bo fuwii, (4) na obiara mpɛ sɛ ɔgyae asɛm no mu.

Nanso akyiri yi ntease yɛɛ adwuma. Wɔn mmienu nyinaa, obiara gyaee asɛm no mu maa asomdwoe bae. Ɛdɛn na ɛboaa wɔn? Afotusɛm bi wɔ hɔ a nnamfo pii de asiesie wɔn ntam ama wɔn adamfofa no mu ayɛ den akyɛn kan no. Saa asɛm no na Frank ne Jerry de yɛɛ adwuma.

Saa afotusɛm no, ɛwɔ nhoma bi mu; saa nhoma no, wobɛnya bi wɔ wiase baabiara. Nhoma no ne Bible. Etu yɛn fo sɛ yennya suban a ɛbɛma yɛayɛ asomdwoe nnipa na yɛn anom kasa ayɛ dɛ. Saa suban no bi ne nhumu, ntease, ayamye, ɔdɔ, ne abodwokyɛre.—Mmebusɛm 14:29; 1 Korintofo 13:4, 5.

Nnipa dodow a Bible atumi asesa wɔn no, emu mmienu pɛ na yɛaka yi—Frank ne  Jerry. Bebree wɔ hɔ; ebinom mpo deɛ, na subammɔne adidi wɔn mu, nanso Bible atumi atu ase. Yɛnhwɛ Robert; ɔte Australia. Ná ne koko haw no paa, nanso otumi gyaee. Nelson nso te Timor-Leste; ná ɔtan adidi ne mu yiye; ɔno nso tumi yii saa subammɔne no fii ne mu, na obi a na ɔne no te adowa nwoma so mpo, otumi faa no adamfo. Bible boaa Robert ne Nelson sɛn? Nyan! kyerɛwfo ne wɔn twetwee nkɔmmɔ.

NSƐM A WOBISABISA 1

ROBERT, ka wo ho asɛm kakra kyerɛ yɛn.

Efie a yɛtetee me mu no, ntɔkwaw nko ara. Ná me papa koko nyɛ koraa, na na ɔtaa hwe me. Ɛtɔ da a ɔhwe me ara ma mogya pram me anaa metɔ mum. Enti me nso minyinii no, na me koko nyɛ, na na mepɛ aturuturasɛm. Meyɛ abarimaa no, mikotwaa mfe mmienu wɔ nkwadaa-bɔne sukuu. Akyiri yi meboroo obi pirapiraa no na ɛde me kopuee afiase. Bere a yeyii me no, mekɔɔ Australia sɛ merekɔhyɛ abrabɔ ase.

Robert nyinii no na ne koko haw no, na ɔpɛ aturuturasɛm; ɔkɔdaa afiase mpo

Wokɔɔ hɔ no, ɛboaa wo ma wosesaa wo suban?

Ɛboae kakra, nanso Bible a Yehowa Adansefo ne me suaee na ɛboaa me paa. Nanso ɛwom ara na m’abufuw no aba; ɛba saa a, m’abam bu ma meyɛ basaa. Da koro, metenaa ase dwennwen Mmebusɛm 19:11 ho. Ɛka sɛ: “Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase, na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu bɔne so.” Ná mepɛ sɛ minya nhumu, enti mibisaa me ho sɛ dɛn na ɛma yɛn bo fuw, keka nsɛm, na yɛyɛ nneɛma bi? Enti nkakrankakra mebɛtee nkurɔfo ase, nyaa wɔn ho koma, na na ɛnyɛ den sɛ mede bɔne bɛkyɛ.

Deɛ woreka yi, wobɛtumi ama yɛn nhwɛso?

Mekae sɛ da bi meyɛɛ ade maa m’adamfo bi bo fuw me; manhyɛ da nanso ɔkaa m’anim wɔ nnipa mu. M’ani wui paa! Nanso mekaee Bible mu asɛm bi. Ɛka sɛ, “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.” Enti ɛhɔ ara na mepaa no kyɛw. (Romafo 12:17) M’adamfo no bo dwoe no, mekɔɔ ne nkyɛn. Mebɛn no no, mihui sɛ sɛɛ na nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ n’abusua mu. Yesiesiee yɛn ntam, na ɔkyɛɛ me koot fɛfɛɛfɛ bi. Bere a oguu m’anim ase nnipa mu no, sɛ me bo fuwii sɛ kan no a, minnim nea anka ebesi.

W’abusua mu nso ɛ, ɛyɛ dɛn na asomdwoe tena mo ntam?

Me ne me yere wɔ babarima a wadi mfe 20. Ɛtɔ da a akasakasa krakra ba yɛn ntam, sɛnea ɛkɔ so baabiara no. Nanso masua nneɛma pii wɔ Bible mu. Baako a menkɔ nnyaw koraa ne, “mepaakyɛw anaa manhyɛ da.” Mahu sɛ, sɛ akasakasa ba nnipa mmienu ntam na baako tumi pa kyɛw a, ɛma asɛm no twa.

 NSƐM A WOBISABISA 2

NELSON, w’anim tew paa na wopɛ nnipa. Nanso kan no, na ɔtan adidi wo mu. Anaa ɛnte saa?

Ɛte saa paa! Meyɛ aberante no, mekɔdɔm amanyɔkuw bi, na na yɛne aban no ani nhyia koraa. Afei nso mantam a mete mu no, na amanyɔkuw bi repɛ tumi wɔ hɔ; ná me ne wɔn mfa-ha-nsene-ha koraa. Ná mepɛ sɛ mihu ntɔkwaw ko paa, enti misuaa karate na sɛ obi gyigye me a, maboro no.

Nelson yɛ aberante no, ɔkɔdɔm amanyɔkuw bi; ná wɔne aban ani nhyia

Dɛn na epusuw wo ma wosesae?

Mifii ase suaa Bible de emu nkyerɛkyerɛ bɔɔ me bra. Nsɛm mmienu a ɛkaa me koma paa ni: Baako ka sɛ, “Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Nea ɛtɔ so mmienu ka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Yehowa Adansefo na ɛkyerɛkyerɛɛ me Bible no, mihui sɛ wɔdodɔ wɔn ho paa; wufi he o, wufi he o, wɔmfa ho. Ná mepɛ sɛ meyɛ sɛ wɔn. Mihu sɛ mitumi sesae efisɛ wɔn a kan na wɔnim me no, wɔhu me a na ɛyɛ wɔn nwonwa paa, na na wɔnsuro me bio.

W’abufuw no san baa bio?

Aane, nanso amma nnipa mu. Ɛtɔ da a na mintumi nhyɛ m’abufuw so wɔ fie. Enti mekae sɛ da koro mpo deɛ, me bo fuwii araa ma mebɔɔ me yere; minuu me ho paa. Me yere nso de kyɛɛ me, enti mewe hinam so sɛ meremma me bo mfuw saa bio.

Wose eduu baabi no na nkurɔfo nsuro wo. Dɛn na ɛkyerɛ saa?

Sɛnea maka dedaw no, na me ne amanyɔkuw bi ani nhyia koraa. Da bi me ne owura bi a odi amanyɔkuw no mu tintimman hyiae; yɛfrɛ no Augusto. Ahyɛase no, na ɔhwɛ me mmienu mmienu. Nanso metew m’anim kyeaa no fɛfɛɛfɛ, na meka kyerɛɛ no sɛ nea atwam no, yɛmma entwam. Meka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra fie. Ampa ara ɔbae, na ohui sɛ m’asesa koraa. Ne ho dwiriw, enti ɔno nso fii ase suaa Bible. Seesei a yɛrekasa yi, Augusto yɛ me yɔnko berɛbo san yɛ me nua Kristoni.

 “Mo ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”

Nneɛma a ɛda akasakasa ba nnipa ntam dɔɔso. Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛpɛ asomdwoe. Enti Bible tu yɛn fo sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.”—Romafo 12:18.

Nnipa a yɛaka wɔn ho asɛm no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible mu afotu boa nnipa paa. Bible mu afotu wɔ tumi, enti sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, subammɔne biara a “agye ntini” yɛn mu no, ɛbɛtumi ‘atutu agu.’ (2 Korintofo 10:4) Afotu a ɛwɔ Bible mu no, Mmebusɛm 3:17, 18 ka ho asɛm sɛ, “N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’atempɔn nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso mu, na wɔn a wokura mu den no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.”

Seesei Nelson ne Augusto yɛ nnamfo

Wopɛ sɛ asomdwoe tena wo ne nkurɔfo ntam na w’ani gye? Wopɛ nnamfo a sɛ akasakasa ba koraa a, ɛrensɛe mo ntam? Sɛ saa a, ɛnde tie nea Bible ka, na wo nsa rensi fam da.

^ nky. 3 Edin no bi asesa.